Nnwom 109
109
Atamfoɔ bɔne no nnue!
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.
1M’ayeyie Nyankopɔn, mmua w’ano.
2Na abɔnefoɔ ne nkontompofoɔ abue wɔn ano atia me,
wɔde tɛkyerɛma torofoɔ akeka me ho nsɛm,
3na wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia,
na wɔne me di ako kwa.
4Wɔtane me de hyɛ me dɔ ananmu,
na me deɛ, mpaeɛ ara na mebɔ.
5 #
Dwom 35.12
Na wɔde bɔne hyɛ me papa ananmu,
na wɔkyiri me de hyɛ me dɔ ananmu.
6Fa ɔbɔnefoɔ si ne so,
na ma Satan nnyina ne nifa.
7Wɔbu no atɛn a, ma no nni fɔ,
na ma ne mpaebɔ nnane no bɔne.
8 #
Aso 1.20
Ma ne nna nsua,
na ne hwɛ adwuma no, ma obi mfa,
9ne mma nyɛ nwisiaa,
na ne yere nnane okunafoɔ,
10na ne mma nkyinkyini nsrɛsrɛ adeɛ,
na wɔmfiri wɔn amamfo so nkɔhwehwɛ aduane.
11Ma ɔpempensifoɔ nsa nka deɛ ɔwɔ nyinaa,
na ananafoɔ mfom n’adwumadeɛ.
12Mma obiara adɔeɛ nnkyɛre mmma no,
na obiara nnnom ne nwisiaa.
13Ma wɔnhye n’ase,
ma wɔn din ngu awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ yi mu.
14 #
Eks 20.5
Wɔnkae n’agyanom amumuyɛ AWURADE anim,
na ne na bɔne nso, wɔmmpepa.
15 #
Mmb 10.7
Ɛntena AWURADE anim daa,
na ɔntwa wɔn ho nkaeɛ mfiri asase so.
16Ɛsiane sɛ wankae sɛ ɔbɛyɛ adɔeɛ,
na ɔtaa onipa mmɔborɔni ne ohiani
ne deɛ n’akoma abubuo, sɛ ɔbɛku wɔn.
17Ɛnam sɛ ɔdɔɔ nnuabɔ nti, aba ne so,
sɛ wampɛ nhyira nti, ɛne no ntam twe.
18 #
Num 5.22
Ɔhyɛɛ nnome sɛ n’atadeɛ,
na ɛkɔɔ ne yam sɛ nsuo,
ne ne nnompe mu sɛ ngo.
19Ma no nyɛ no sɛ ntoma a ɔfira
ne abɔsoɔ a ɔde kyekyere ne ho daa.
20Yei ne me ho asɛmpɛfoɔ akatua a ɛfiri AWURADE nsam,
ne wɔn a wɔka me kra ho asɛmmɔne no deɛ.
21Na wo, O Onyankopɔn ne m’AWURADE,
wo din nti di ma me,
na w’adɔeɛ no yɛ, yi me!
22Na meyɛ mmɔborɔni ne ohiani,
na m’akoma apira wɔ me mu.
23Mekɔ sɛ sunsum a ɛrekɔtɔ,
woawoso me atwene sɛ ntutummɛ.
24Abuada nti me nkotodwe popo,
na me honam afɔn, emu sradeɛ asa.
25 #
Dwom 22.7
Na me deɛ, madane ahohora mama wɔn,
wɔhwɛ me a, wɔwoso wɔn ti.
26Boa me, AWURADE, me Nyankopɔn,
gye me sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ,
27na wɔnhunu sɛ wo nsa ni,
sɛ wo, AWURADE, na woyɛeɛ.
28 #
Mat 5.11
Wɔn deɛ, wɔdome, na wo deɛ, wohyira.
Wɔsɔre, na wɔn ani wu, na w’akoa deɛ, n’ani gye.
29 #
Dwom 35.26
Me ho asɛmpɛfoɔ bɛhyɛ aniwuo,
na wɔafira wɔn ahohora sɛ ntoma.
30Mede m’ano bɛkamfo AWURADE pii,
mɛto ayeyie dwom mama no nnipa bebree mu,
31sɛ ɔgyina ohiani nifa,
na ɔregye no afiri wɔn a wɔbu ne kra atɛn nsam.
Currently Selected:
Nnwom 109: ASW
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012