Nnwom 111
111
Nyankopɔn nnepa ho ayeyie
1Monyi AWURADE ayɛ!
Mede m’akoma nyinaa bɛkamfo AWURADE,
ateneneefoɔ dwabɔ ne asafo mu.
2 #
Dwom 104.24
AWURADE nneyɛɛ yɛ akɛseɛ,
wɔn a ɛyɛ wɔn fɛ nyinaa hwehwɛ akyiri kwan.
3N’adwuma yɛ anidie ne animuonyam,
na ne tenenee gyina hɔ daa.
4Wama wɔakae n’anwanwadeɛ,
ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne AWURADE.
5 #
Dwom 145.15
Ɔma wɔn a wɔsuro no didi mee,
ɔkae n’apam daapem.
6Wayi ne nneyɛɛ tumi akyerɛ ne man
de amanaman agyapadeɛ ama wɔn.
7Ne nsa ano nneyɛɛ yɛ nokorɛ ne atemmuo,
n’ahyɛdeɛ nyinaa tim hɔ pintinn.
8Ɛtintim hɔ daa daa,
wɔayɛ no nokorɛ ne tee mu.
9Wasoma ɔgyeɛ abrɛ ne man,
wahyɛ n’apam de kɔsi daa,
ne din yɛ kronkron, na ɛho yɛ hu.
10 #
Mmb 1.7
Nyansa mfitiaseɛ ne AWURADE suro,
ɛyɛ nhunumu pa ma wɔn a wɔdi soɔ nyinaa,
n’ayeyie gyina hɔ daa.
Currently Selected:
Nnwom 111: ASW
Highlight
Share
Copy

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
The Bible Society of Ghana, 2012