YouVersion Logo
Search Icon

Galatifoɔ 6

6
Ɛsɛ sɛ wɔyi ayamhyehyeɛ adi kyerɛ wɔn a wɔahwe aseɛ
1 # Mat 18.15; Yak 5.19 Anuanom, sɛ mfomsoɔ bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufoɔ no, montene deɛ ɔte saa no, honhom a ɛdwoɔ mu, monhwɛ mo ho so yie na wɔansɔ mo nso anhwɛ. 2Monsoa mo ho mo ho nnesoa abia, na saa na mode bɛhyɛ Kristo mmara no ma. 3Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi wɔ berɛ ko ɔnyɛ obiara, ɔdaadaa ne ho. 4#2 Ko 13.5 Na ma obiara nsɔ ɔno ara n’adwuma nhwɛ, ɛno na ɔbɛnya ɔno ara ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho. 5#Rom 14.12 Na obiara bɛsoa ɔno ara n’adesoa. 6#1 Ko 9.14 Ma deɛ wɔkyerɛkyerɛ no asɛm no, ne deɛ ɔkyerɛkyerɛ no no mmɔ mu nkyɛ nnepa nyinaa.
Asetena mu aba
7Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wɔnsi no atwetweɛ; ɛfiri sɛ deɛ onipa guo no, ɛno ara na ɔbɛtwa. 8#Rom 8.13 Deɛ ɔgu ma ne honam no, firi honam mu bɛtwa porɔeɛ, na deɛ ɔgu ma honhom no firi honhom mu bɛtwa daa nkwa. 9#2 Te 3.13 Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa aba a, yɛbɛtwa so aba ne berɛ mu. 10#2 Pe 1.7 Enti yɛwɔ berɛ a ɛfata a, momma yɛnnyɛ nnipa nyinaa yie, ɛnkanka wɔn a wɔyɛ gyidie no fiefoɔ.
Awieeɛ
11Monhwɛ atwerɛ akɛseɛ a mede me ara me nsa matwerɛ merebrɛ mo yi. 12#Gal 5.11; Flp 3.18-19 Dodoɔ a wɔpɛ sɛ wɔn anim ba nyam honam mu no, wɔn na Kristo Yesu asɛnnua ho taa a wɔmpɛ sɛ wɔtaa wɔn nti, wɔhyɛ mo sɛ montwa twetia. 13Na wɔn a wɔatwa twetia no mpo nni mmara no so, na mmom wɔpɛ sɛ motwa twetia, na wɔahoahoa wɔn ho mo honam mu. 14#1 Ko 1.31; 2.2 Na me deɛ, ɛmpare me sɛ mɛhoahoa me ho, gye yɛn Awurade Yesu Kristo asɛnnua mu; ɛno so na wɔnam abɔ wiase asɛnnua mu ama me, na wɔabɔ me nso asɛnnua mu ama wiase. 15#Gal 5.6; 1 Ko 7.19 Na twetiatwa nyɛ hwee, na momonotoyɛ nso nyɛ hwee, na mmom abɔdeɛ foforɔ. 16#Dwom 125.5 Na dodoɔ a wɔnam saa kwan yi soɔ no, asomdwoeɛ ne mmɔborɔhunu mmra wɔn ne Israel a ɛyɛ Nyankopɔn dea no so. 17#2 Ko 4.10 Na ɛfiri nnɛ, mommma obiara nnha me; na meso Awurade Yesu akam wɔ me nipadua mu.
Nkradie
18Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo honhom, anuanom. Amen.

Currently Selected:

Galatifoɔ 6: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in