YouVersion Logo
Search Icon

Galatifoɔ 5

5
Mmara si Kristo kwan
1 # Gal 4.5; 4.31; Aso 15.10 Adehyedie mu na Kristo ama yɛade yɛn ho. Enti monnyina pintinn, na mommma wɔmmfa akoayɛ kɔnnua ntoatoa mo bio. 2Hwɛ, me Paulo, mese mo sɛ wɔtwa mo twetia a, Kristo ho remma mfasoɔ biara mma mo. 3Na medi adanseɛ bio mekyerɛ onipa biara a wɔatwa no twetia sɛ, ɛtwa sɛ ɔdi mmara no nyinaa soɔ. 4Mo a mopɛ sɛ wɔbu mo bem mmara no mu no, wɔatete mo afiri Kristo ho, moafiri adom mu ahwe ase. 5Na yɛn deɛ, yɛnam honhom so, firi gyidie mu, twɛn tenenee anidasoɔ. 6#Gal 6.15; 1 Ko 7.19 Ɛfiri sɛ Kristo Yesu mu deɛ, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidie a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.
Kasa tiawa a ɛdi akyire
7Na moretu mmirika no yie; hwan na ɔsii mo kwan sɛ monntie nokorɛ no? 8#Gal 1.6 Saa adwensakyera yi mfiri deɛ ɔfrɛ mo no. 9#1 Ko 5.6 Mmɔreka ketewaa bi na ɛka mmɔre no nyinaa. 10#Gal 1.7; 1 Ko 11.15 Me deɛ, m’ani da mo so, wɔ Awurade mu sɛ, morennwene biribi foforɔ biara sɛ me deɛ no; na deɛ ɔhaa mo no, sɛ ɔte sɛn dɛn ara a, ɔbɛnya atemmuo. 11#1 Ko 1.23 Na me deɛ, anuanom, sɛ meda so meka twetiatwasɛm a, anka adɛn na wɔda so taa me? Ɛnneɛ na anka asɛnnua no suntidua no nni hɔ bio. 12#Dwom 12.3 Me nko a, anka wɔn a wɔma monya adwenem sakasaka no, wɔadi wɔn ho awu!
Ɔdɔ si ahofadie ho kwan
13 # 1 Pe 2.16 Anuanom, adehyedie mu na wɔafrɛ mo aba; nanso mommma adehyedie no nyɛ ɔkwan mma honam, na mmom momfa ɔdɔ so nsonsom mo ho. 14#Lew 19.18 Na mmara no nyinaa wie pɛyɛ asɛm baako mu, ɛne sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho! 15Na sɛ mokeka na momemene mo ho a, monhwɛ yie na moanni mo ho awu.
Honhom ne onipa su
16 # Gal 5.25 Na mese: Monnante honhom mu na monnni honam akɔnnɔ akyi. 17#Rom 7.15; 7.23 Na honam kɔn dɔ tia honhom, na honhom tia honam, na nnoɔma mmienu yi nhyia, na ɛsi mo deɛ mopɛ sɛ moyɛ ho kwan. 18Na sɛ honhom de mo nam a, na monni mmara ase.
Deɛ ɛfiri onipa su mu ba
19 # 1 Ko 6.9-10 Na honam nnwuma no da adi pefee, ɛne adwamammɔ, efi, ahohwie, 20abosonsom, adutoɔ, ɔtane, akayɛ, ahoɔyea, abufuo, aperepereɛ, kunsunkunsum, mpaepaemu, 21#Efe 5.5; Adi 22.15 nitan, nsaborɔ, agobɔne ne deɛ ɛtete saa; yeinom ho na merebɔ mo kɔkɔ, sɛdeɛ mebɔɔ mo kɔkɔ kane no, sɛ wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma yi rennya Nyankopɔn ahennie no.
Honhom aba
22 # Efe 5.9 Na honhom aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛre, ayamyɛ, papayɛ, gyidie, 23#1 Ti 1.9 ɔdwoɔ ne anidahɔ. Mmara biara nni hɔ a ɛtia yeinom. 24#Rom 6.6; Kol 3.5 Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu dea no abɔ honam ne ne nhyɛsodeɛ ne n’akɔnnɔ asɛnnua mu. 25#Gal 5.16; Rom 8.4 Sɛ yɛte ase honhom mu a, momma yɛnnante honhom mu nso. 26#Flp 2.3 Mommma yɛmpɛ animuonyam hunu nnyiyi yɛn ho abufuo, nntentane yɛn ho.

Currently Selected:

Galatifoɔ 5: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in