YouVersion Logo
Search Icon

Galatifoɔ 4

4
Yɛnam Kristo mu gyidie so yɛ Nyankopɔn mma
1Na mese: Ɔdedifoɔ no yɛ akɔkoaa yi, ɔyɛ nnoɔma nyinaa wura deɛ, nanso nsonsonoeɛ biara nna ɔne akoa ntam; 2na mmom ɔwɔ ahwɛfoɔ ne afiesohwɛfoɔ ase de kɔsi da a agya no ahyɛ asie. 3#Gal 3.23; 5.1; Kol 2.20 Sɛ yɛteɛ ara ne no. Yɛyɛ nkɔkoaa no, wɔde yɛn yɛɛ nkoa hyɛɛ wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ ase, 4#Efe 1.10 na ɛberɛ no wiee duro no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbaa woo no maa wɔwoo no mmara ase, 5#Gal 3.13; 3.26 sɛ ɔmmɛgye wɔn a wɔwɔ mmara ase no, na wɔafa yɛn ayɛ mma. 6#Rom 8.15 Na sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba honhom aba mo akoma mu a ɔteam sɛ: Abba, Agya! 7#Gal 3.29; Rom 8.16-17 Enti wonyɛ akoa bio, na mmom ɔba; na sɛ woyɛ ɔba a, wonam Nyankopɔn so yɛ ɔdedifoɔ nso bi.
Aniani som yɛ ɔkwa
8Nanso ɛberɛ a monnim Onyankopɔn no, mosom wɔn a wɔn su mu wɔnyɛ anyame no sɛ nkoa. 9Na afei a moahunu Onyankopɔn, anaasɛ Onyankopɔn mmom ahu mo yi, adɛn na moasane mo akyiri bio kɔ honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ mmerɛ, na ɛdi hia no ho, na mopɛ sɛ mofiri aseɛ foforɔ som bio? 10#Rom 14.5; Kol 2.16 Mobu nna ne abosome ne mmerɛ ne mfeɛ. 11#2 Yoh 8 Mesuro wɔ mo ho sɛ ebia maha me ho mama mo kwa.
Galatifoɔ da bi hɔ dɔ
12 # 2 Ko 2.5 Anuanom, mesrɛ mo, monyɛ sɛ me, ɛfiri sɛ me nso mayɛ sɛ mo. Moanyɛ me bɔne biara, 13#1 Ko 2.3; Aso 16.6 nso monim sɛ honam mmerɛyɛ so na mekaa asɛmpa no mekyerɛɛ mo kane no, 14na deɛ ɛyɛɛ sɔhwɛ maa mo me honam mu no, moannwoodwoo me, nso moankyiri me, na mmom mogyee me sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ, aane, sɛ Kristo Yesu no ara. 15Na afei mo ahosɛpɛ no wɔ he? Ɛfiri sɛ medi mo adanseɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, anka motutuu mo ani maa me. 16#Amos 5.10 Na sɛ meka nokorɛ mekyerɛ mo nti, madane mo tamfoɔ anaa?
Paulo hwehwɛ Galatifoɔ yiedie
17 # Gal 1.7 Ayɛ sɛ deɛ ebinom pɛ mo yiedie ara ma, nanso wɔpɛ sɛ wɔsi mo kwan, na moapere ahwehwɛ wɔn mmom. 18Nanso ɛyɛ sɛ anka wɔbɔ mo yiedie ho mmɔden daa na ɛnyɛ berɛ a me ne mo wɔ hɔ nko. 19#1 Ko 4.15 Ao, me mma nkumaa a mereko mo awoɔ bio kɔsi sɛ wɔbɛwie Kristo suyɛ wɔ mo mu, 20anka mepɛ sɛ mewɔ mo nkyɛn seesei, na mesakyera me nne, ɛfiri sɛ me tirim ntene me wɔ mo ho.
Akoa Ismael ne ɔdehyeɛ Isak
21 # Gal 4.9; 3.23 Mo a mopɛ sɛ mohyɛ mmara aseɛ, monka nkyerɛ me: Monte deɛ mmara no ka anaa? 22#Gye 16.15; 21.2 Na wɔatwerɛ sɛ na Abraham wɔ mmammarima baanu, ɔbaako yɛ afenaa ba, na ɔbaako yɛ ɔdehyeɛ ba. 23#Rom 9.7-9 Na deɛ ɔyɛ afenaa ba no, wɔwoo no honam kwan so, na ɔdehyeɛ ba no deɛ, wɔnam bɔhyɛ so na ɛwoo no. 24#Gal 5.1; Rom 8.15 Saa adeɛ yi yɛ mfatoho, ɛfiri sɛ wɔn baanu no yɛ apam mmienu; ɔbaako firi Sinai bepɔ so a ɔrewo gu nkoayɛ mu, ɔno ne Hagar. 25Na Hagar yɛ Sinai bepɔ a ɛwɔ Arabia; na ɛno ne nnɛ Yerusalem sɛso, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne mma wɔ nkoasom mu. 26#Heb 12.22 Na ɔsoro Yerusalem no deɛ, ɛde ne ho, ɛne yɛn na. 27#Yes 54.1 Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ:
Wo obonini a wonwoɔ, ma w’ani nnye;
Wo a wonko awoɔ, di ahurisie na team!
Ɛfiri sɛ deɛ ɔnni bie no mma dɔɔso
kyɛne deɛ ɔwɔ kunu no deɛ.
Monhwɛ mo adehyedie so yie
28 # Gal 4.23 Na yɛn deɛ, anuanom, sɛdeɛ Isak teɛ no, yɛyɛ bɔhyɛ mma. 29#Gye 21.9 Na sɛdeɛ saa berɛ no, deɛ wɔwoo no honam kwan soɔ no taa deɛ wɔwoo no honhom kwan soɔ no, saa ara na ɛteɛ nnɛ nso. 30#Gye 21.10; 21.12 Nanso atwerɛ no se deɛn? Pam afenaa no ne ne ba; ɛfiri sɛ afenaa ba no ne ɔdehyeɛ ba no renni adeɛ. 31#Gal 3.29 Enti, anuanom, yɛnyɛ afenaa mma na mmom yɛyɛ ɔdehyeɛ mma.

Currently Selected:

Galatifoɔ 4: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in