YouVersion Logo
Search Icon

Galatifoɔ 3

3
Galatifoɔ suahunu
1O, Galatifoɔ a moyɛ adwenharefoɔ! Hwan na wadaadaa mo saa, mo ampa ara wɔde Yesu Kristo a wɔabɔ no asɛnnua mu agyina mo anim akyerɛ pefee paa nie? 2Yei nko ara na mepɛ sɛ mete firi mo anomu: Monam mmara nnwuma so na monyaa Honhom no, anaasɛ ɛnam gyidie (asɛmpa) a moteeɛ no so? 3Saa na moyɛ adwenhare? Mode honhom afiti aseɛ, afei adɛn na morewie wɔ honam mu yi? 4Mohunuu saa amaneɛ bebree yi kwa; sɛ ɛyɛ ɔkwa dea a, 5ɛnneɛ na deɛ ɔde Honhom no ma mo na ɔyɛ mo mu tumideɛ no, na ɔnam mmara nnwuma so na ɔyɛ, anaasɛ ɔnam gyidie (asɛmpa) a moteeɛ no so? 6#Gye 15.6 Na sɛdeɛ Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ na wɔbuu no tenenee maa no no, 7saa ara nso na monhunu sɛ wɔn a wɔfiri gyidie mu no, wɔn ara ne Abraham mma. 8#Gye 12.3 Na atwerɛ no dii kan hunuu sɛ Onyankopɔn firi gyidie mu na ɔbɛbu amanaman bem nti, ɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo mu na wɔbɛhyira amanaman nyinaa. 9#Rom 4.16 Ɛnneɛ na wɔn a wɔfiri gyidie mu no, wɔhyira wɔn ne gyidini Abraham bɔ mu. 10#Deut 27.26 Na dodoɔ a wɔde wɔn ho to mmara nnwuma soɔ no hyɛ nnome ase; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔnkɔ so ara ntena deɛ wɔatwerɛ no mmara nwoma no mu nyinaa, na ɔnyɛ no. 11#Hab 2.4; Rom 1.17 Na ɛda adi pefee sɛ, mmara mu deɛ, obiara ntene Nyankopɔn anim, ɛfiri sɛ gyidie mu na ɔteneneeni bɛnya nkwa. 12#Lew 18.5 Ɛwom sɛ mmara mfiri gyidie mu deɛ, nanso deɛ ɔdi soɔ no bɛnya mu nkwa. 13#Rom 8.3; 2 Ko 5.21; Deut 21.23 Wɔde Kristo yɛɛ abusudeɛ maa yɛn, ama no atɔ yɛn afiri mmara nnome mu, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛne dua soɔ, 14na ama Abraham nhyira aba amanaman so wɔ Yesu Kristo mu, na yɛnam gyidie so anya Honhom bɔhyɛ no.
Mmara rentumi mma Nyankopɔn bɔhyɛ nyɛ ɔkwa
15Anuanom, mede deɛ yɛhu no daa no reyɛ mfatoho: Onipa samanseɛ a wɔde nsa ahyɛ aseɛ mpo, obiara ntumi nsesa no, na ɔmmfa bi nka ho. 16#Gye 22.18 Na Abraham ne n’aseni na wɔhyehyɛɛ wɔn bɔ. Ɔnka sɛ: Na w’asefoɔ, sɛdeɛ ɛyɛ nnipa bebree, na mmom ɔse ɔbaako: Na w’aseni, a ɔne Kristo. 17#Eks 12.40 Na yei na mereka: Apam a Onyankopɔn ahyɛ no den asie (Kristo mu) no, mmara a mfeɛ ahanan aduasa akyiri ɛbaeɛ no ntumi ntu ngu, na ɛmma bɔhyɛ no nyɛ ɔkwa. 18Na sɛ apɛgyadeɛ no firi mmara mu a, ɛnneɛ na ɛmfiri bɔhyɛ mu bio; na Abraham deɛ bɔhyɛ so na Onyankopɔn nam de kyɛɛ no.
Mmara ho mfasoɔ
19 # Rom 5.20; Aso 7.53 Na afei, mmara no ne deɛn? Mmara atotoatoto nti na wɔde kaa ho, kɔsi sɛ aseni a wɔhyɛɛ bɔ maa no no bɛba; na wɔnam abɔfoɔ so na ɛhyehyɛeɛ wɔ ntamgyinafoɔ bi nsa mu. 20Na ntamgyinafoɔ deɛ, ɔnyɛ ɔbaako dea; na Onyankopɔn deɛ, ɔyɛ ɔbaako. 21#Rom 8.2-4 Ɛnneɛ na mmara tia Nyankopɔn bɔhyɛ anaa? Dabi da. Sɛ wɔmaa mmara bi a ɛbɛtumi ama nkwa deɛ a, anka tenenee firi mmara mu ampa. 22#Rom 3.9-19; 11.32 Nanso atwerɛ no aka nnoɔma nyinaa ahyɛ bɔne ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔde bɔhyɛ no afiri Yesu Kristo ho gyidie mu ama wɔn a wɔgye die.
Mmara bɔ kwan ma Agyenkwa
23 # Gal 4.3 Na gyidie nnya mmaeɛ no, wɔde yɛn siee mmara ase wɛnn yɛn maa gyidie a wɔrebɛyi no adi akyerɛ no. 24Enti, na mmara no yɛ yɛn hwɛfoɔ a ɛkyerɛɛ yɛn Kristo nkyɛn kwan, na ama wɔafiri gyidie mu abu yɛn bem. 25#Rom 10.4 Afei gyidie aba yi, yɛnhyɛ ɔhwɛfoɔ no ase bio, 26#Yoh 1.12; Rom 8.17 na mmom, mo nyinaa nam gyidie so yɛ Nyankopɔn mma, Kristo Yesu mu. 27#Rom 6.3; 13.14 Ɛfiri sɛ, mo mu dodoɔ a wɔabɔ mo asu kɔ Kristo mu no, moahyɛ Kristo. 28#Rom 10.12; 1 Ko 12.13 Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbaa nni hɔ bio; ɛfiri sɛ mo nyinaa yɛ baako, Kristo Yesu mu. 29#Gal 3.7; Rom 9.7 Na sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnneɛ na moyɛ Abraham asefoɔ, na monam bɔhyɛ no so yɛ adedifoɔ.

Currently Selected:

Galatifoɔ 3: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in