1
Galatifoɔ 6:9
New Revised Asante Twi Bible
Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa aba a, yɛbɛtwa so aba ne berɛ mu.
Compare
Explore Galatifoɔ 6:9
2
Galatifoɔ 6:10
Enti yɛwɔ berɛ a ɛfata a, momma yɛnnyɛ nnipa nyinaa yie, ɛnkanka wɔn a wɔyɛ gyidie no fiefoɔ.
Explore Galatifoɔ 6:10
3
Galatifoɔ 6:2
Monsoa mo ho mo ho nnesoa abia, na saa na mode bɛhyɛ Kristo mmara no ma.
Explore Galatifoɔ 6:2
4
Galatifoɔ 6:7
Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wɔnsi no atwetweɛ; ɛfiri sɛ deɛ onipa guo no, ɛno ara na ɔbɛtwa.
Explore Galatifoɔ 6:7
5
Galatifoɔ 6:8
Deɛ ɔgu ma ne honam no, firi honam mu bɛtwa porɔeɛ, na deɛ ɔgu ma honhom no firi honhom mu bɛtwa daa nkwa.
Explore Galatifoɔ 6:8
6
Galatifoɔ 6:1
Anuanom, sɛ mfomsoɔ bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufoɔ no, montene deɛ ɔte saa no, honhom a ɛdwoɔ mu, monhwɛ mo ho so yie na wɔansɔ mo nso anhwɛ.
Explore Galatifoɔ 6:1
7
Galatifoɔ 6:3-5
Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi wɔ berɛ ko ɔnyɛ obiara, ɔdaadaa ne ho. Na ma obiara nsɔ ɔno ara n’adwuma nhwɛ, ɛno na ɔbɛnya ɔno ara ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho. Na obiara bɛsoa ɔno ara n’adesoa.
Explore Galatifoɔ 6:3-5
Home
Bible
Plans
Videos