YouVersion Logo
Search Icon

2 Timoteo NHYƐNMU

NHYƐNMU
Paulo krataa a ɛtɔ so mmienu a ɔde kɔmaa Timoteo no yɛ afotuo a ɔde maa n’abɔfra Timoteo a ɔsane yɛ ne boafoɔ no. Asɛm titire a ɛwɔ mu ne boasetɔ. Ɔtu Timoteo fo sane hyɛ no den sɛdeɛ ɔbɛkɔ so adi Yesu Kristo ho adanseɛ nokorɛ mu, na wakura nokorɛ nkyerɛkyerɛ a ɛfa Asɛmpa no ne Apam Dada no ho mu. Ɔse: Ɔnyɛ n’asɛdeɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛni ne ɔsɛmpakani wɔ ɔtaa ne amanehunu mu.
Ade titire a ɔbɔɔ Timoteo kɔkɔ wɔ ho ne “nkwasea akyinnyeɛ ne biribi a ɔnnim ho akyinnyeɛ” a ɛmfa biribi pa biara mma, na mmom ɛsɛe wɔn a wɔtie no no.
Ne nyinaa mu na ɔtwerɛfoɔ no kae Timoteo ɔno ara n’abrabɔ ne ne botaeɛ nhwɛsoɔ — ne gyidie, n’aboterɛ, ne dɔ, ne boasetɔ, n’amanehunu wɔ ɔtaa mu.
EMU NSƐM
Ahyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1-2
Ayeyie ne afotusɛm 1.3—2.13
Afotuo ne kɔkɔbɔ 2.14—4.5
Paulo tebea mu 4.6-18
Awieeɛ 4.19-22

Currently Selected:

2 Timoteo NHYƐNMU: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in