YouVersion Logo
Search Icon

2 Timoteo 1

1
Nkyea
1Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ, sɛdeɛ nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no teɛ no, 2de kɔma ne dɔba Timoteo: Adom, mmɔborɔhunu, asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu hɔ nka wo!
Aseda
3 # Aso 23.1; 24.16; Flp 3.5 Meda Onyankopɔn a mefiri ahonim pa mu mesom no sɛ m’agyanom no ase sɛ mekae mo daa wɔ me mpaebɔ mu awia ne anadwo, 4na mekae wo nisuo a, ɛma m’ani gyina sɛ mɛhu woɔ, na anigyeɛ ayɛ me ma, 5#Aso 16.1 na ɛma mekae wo gyidie a nkontompo nni mu a kane na ɛwɔ wo nana Lois ne wo na Eunike mu, na megye medi sɛ ɛwɔ wo nso wo mu no.
Afotuo ahodoɔ
6 # 1 Te 5.19; 1 Ti 4.14 Ɛno nti merekae wo sɛ: Nyane Nyankopɔn adom akyɛdeɛ a ɛnam me nsa a mede meguu wo soɔ no a ɛwɔ wo mu no so ka sɔ ano bio; 7#Rom 8.15 ɛfiri sɛ Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ahoɔden ne ɔdɔ ne adwenemuteɛ deɛ.
8 # Rom 1.16 Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade adansedie ne me a meyɛ ne deduani no ho, na mmom hunu asɛmpa no ho amane bi, sɛdeɛ Nyankopɔn ahoɔden teɛ no. 9#Tito 3.5 Ɔno na wagye yɛn, na ɔde ɔfrɛ kronkron afrɛ yɛn, ɛnyɛ yɛn nnwuma nti, na mmom ne tirim agyina ne adom a wɔde adom yɛn Kristo Yesu mu firi teteete 10#Rom 16.26; 1 Ko 15.54-55; 15.57; Heb 2.14 na afei wɔnam yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahoyie so ayi no adie no ho. Ɔno na wayi owuo hɔ, na ɔnam asɛmpa no so ayi nkwa ne adeɛ a ɛmporɔ adi fann. 11#1 Ti 2.7 Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafoɔ ne ɔsomafoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ. 12Ɛno ara nti na mehunu amaneɛ yi nso, nanso m’ani nwu ho; ɛfiri sɛ menim onii ko a magye no madie, na megye medi pa ara sɛ ɔbɛtumi ahwɛ deɛ wɔde ahyɛ me nsa no so asie da no.
13 # 1 Ti 6.3; Tito 2.1 Sɔ nsɛm pa a ɛyɛ a wotee no me nkyɛn no nhwɛsoɔ no mu yie, gyidie ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu. 14#1 Ti 6.20 Adepa a wɔde ahyɛ wo nsa no, fa Honhom Kronkron a ɔte yɛn mu no so hwɛ so.
Figelo, Hermogene, Onesiforo
15 # 2 Ti 4.16 Wonim yei, sɛ wɔn a wɔwɔ Asia nyinaa adane afiri me nkyɛn, wɔn mu bi ne Figelo, ne Hermogene. 16Awurade nhunu Onesiforo fie mmɔbɔ, ɛfiri sɛ ɔmaa me ho dwoo me, na n’ani anwu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ho. 17Na ɔbaa Roma no, ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me, na ɔhunuu me. 18Awurade mma no nnya Awurade hɔ mmɔborɔhunu ɛda no! Na som a ɔsomm wɔ Efeso no, wo ara wonim yie.

Currently Selected:

2 Timoteo 1: ASW

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in