YouVersion Logo
Search Icon

Mateo 6

6
Nneyɛɛ mu ahokyerɛ
1 Monhwɛ yie na moanyɛ mo tenenee nnipa anim sɛ wɔbɛhu mo; anyɛ saa a, monni akatua wɔ mo Agya a ɔwɔ soro no nkyɛn. 2Enti woreyɛ adɔeɛ a, nhyɛn totorobɛnto nni w’anim, sɛdeɛ nyaatwomfoɔ no yɛ no hyia adan mu ne aborɔno soɔ, sɛdeɛ wɔbɛnya nnipa anim animuonyam. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada. 3#Mat 25.37-40; Rom 12.8 Na wo deɛ, woreyɛ adɔeɛ a, mma wo benkum nnhunu deɛ wo nifa reyɛ no; 4na w’adɔeɛ aka kokoam, na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.
Mpaebɔ mu ahokyerɛ
5 Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, monnyɛ sɛ nyaatwomfoɔ no; na wɔpɛ sɛ wɔgyina hyia adan mu, ne mmɔntene ntweaso bɔ mpaeɛ, na nnipa ahu wɔn. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada. 6#2 Ah 4.33 Na wo deɛ, worebɔ mpaeɛ a, hyɛne wo pia mu, na to wo pono mu na bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpaeɛ, na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.
Mpaebɔ mu kasa tentene
7 # Yes 1.15 Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, monnkasakasa pii kwa sɛ abosonsomfoɔ; na wɔsusu sɛ wɔn kasa tentene nti wɔbɛtie wɔn! 8#Mat 6.32 Enti monnyɛ sɛ wɔn; na mo Agya nim nnoɔma a ɛhia mo ansa na moabisa no.
Awurade mpaebɔ
9 # Luk 11.2-4 Enti mommɔ mpaeɛ sɛ:
Yɛn Agya a wowɔ soro,
Wo din ho nte,
10 # Mat 7.21; Luk 22.42 W’ahennie mmra,
Deɛ wopɛ nyɛ wɔ
Asase so, sɛdeɛ ɛyɛ wɔ ɔsoro.
11 Ma yɛn yɛn daa aduane nnɛ, # 6.11 … yɛn daa aduane Anaasɛ … yɛn ɔkyena aduane.
12 # Mat 6.14-15; 18.21-35 Na fa yɛn aka kyɛ yɛn,
sɛdeɛ yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.
13 Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu,
Na yi yɛn firi bɔne mu. #6.13 Na yi yɛn firi bɔne mu: Nkyerɛaseɛ pa ne: Na gye yɛn firi ɔbɔnefoɔ no nsam.
[Na wo na ahennie ne ahoɔden ne
animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.] #6.13 Tete atwerɛ a wɔgye tom afoforɔ binom mfa yei nka ho.
14 Na sɛ mode nnipa mfomsoɔ kyɛ wɔn a, mo soro Agya de mo deɛ bɛkyɛ mo nso. 15#Mar 11.25-26 Na sɛ moamfa nnipa mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, mo Agya no nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.
Mmuadadie mu ahokyerɛ
16 # Yes 58.3-7 Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ no, na wɔnyinyane wɔn anim sɛdeɛ nnipa bɛhunu sɛ wɔredi mmuada. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada. 17Na wo deɛ, woredi abuada a, sra wo tirim, na hohoro w’anim, 18na nnipa anhunu sɛ woredi abuada, na mmom w’agya a ɔwɔ kokoam no; na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.
Ɔsoro agyapadeɛ
19 Monnhyehyɛ agyapadeɛ asase so, faako a nweweboaa ne nnaakyen sɛe no, na awifoɔ bubu kɔwia. 20#Mat 19.21; Luk 12.33-34; Kol 3.1-2 Na mmom monhyehyɛ agyapadeɛ ɔsoro, faako a nweweboaa ne nnaakyen nsɛe no, na awifoɔ mmubu nkɔwia; 21na faako a w’agyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na w’akoma nso wɔ.
Akoma mu hann
22 # Luk 11.34-36 Nipadua kanea ne ani. Enti sɛ w’ani yɛ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann. 23Na sɛ w’ani nyɛ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, esum no mu bɛyɛ duru yie. 24#Luk 16.9; 16.13 Obiara ntumi nsom awuranom baanu. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtane baako na wadɔ baako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata baako no, na wabu baako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon.#6.24 MAMON: Anaasɛ: Ahonyadeɛ.
Akyinnyegyeɛ a ɛde ahoyera ba
(Luka 12.22-31)
25 # Flp 4.6; 1 Pe 5.7; 1 Ti 6.6; Heb 13.5 Yei nti mese mo sɛ: Monnnwennwene mo kra ho sɛ ɛdeɛn na mobɛdie, anaasɛ ɛdeɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ ɛdeɛn na mobɛfira. Ɔkra nsene aduane, na nipadua nsene ntoma anaa? 26#Mat 10.29-31 Monhwɛ wiem nnomaa sɛ wɔngu na wɔntwa na wɔmmoaboa ano ngu asan soɔ, nanso mo soro Agya yɛne wɔn; na monsom boɔ nsene wɔn anaa? 27Mo mu hwan na ɔdwennwene a, ɔbɛtumi de da koro ato ne nkwa nna soɔ? 28Na adɛn na modwendwene ntoma ho? Monhwɛ wiram sukooko, sɛdeɛ ɛnyini; ɛnyɛ adwuma, nso ɛnto asaawa, 29#1 Ah 10 nanso mese mo sɛ, Salomo animuonyam nyinaa mu no wanhyehyɛ ne ho sɛ yeinom mu baako. 30Na sɛ Onyankopɔn fira wiram ahahan a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu fononoo mu no ntoma saa a, ɔrenyɛ deɛ ɛkyɛne yei mma mo, mo a mo gyidie sua? 31Enti monnnwennwene sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛdie, anaasɛ ɛdeɛn na yɛbɛnom, anaasɛ ɛdeɛn na yɛbɛfira? 32Na yeinom nyinaa akyi na wiase amanaman no die. Na mo soro Agya nim sɛ yei nyinaa hia mo. 33#Rom 14.17; 1 Ah 3.13-14; Dwom 37.4; 37.25 Na monhwehwɛ Nyankopɔn ahennie ne ne tenenee kane; na wɔde yeinom nyinaa bɛka mo ho. 34#Mat 6.11; Eks 16.19 Enti monnnwennwene ɔkyena ho; na ɔkyena no ara bɛdwendwene ne ho. Da biara mu bɔne dɔɔso ma ɛda no.

Currently Selected:

Mateo 6: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in