YouVersion Logo
Search Icon

Mateo 5

5
Bepɔ so asɛnka — Nhyirasɛm
(Luka 6.20-49)
1Na ɔhunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, ɔkɔɔ bepɔ no so; na ɔtenaa aseɛ no, n’asuafoɔ baa ne nkyɛn. 2Na ɔbuee n’ano kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ:
3 # Yes 57.15 Nhyira ne honhom mu ahiafoɔ, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.
4 # Dwom 126.5; Yes 61.2; Adi 7.17 Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ, na wɔn na wɔbɛkyekyere wɔn werɛ.
5 # Dwom 126.5; Yes 61.2; Adi 7.17 Nhyira ne wɔn a wɔdwoɔ, na wɔn na wɔbɛnya asase no adi so.
6 Nhyira ne wɔn a tenenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔameeɛ.
7 # Yak 2.13 Nhyira ne mmɔborɔhunufoɔ, na wɔn na wɔbɛhu wɔn mmɔbɔ.
8 # Dwom 51.10; 1 Yoh 3.2-3 Nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ, na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn.
9 # Heb 12.14 Nhyira ne apatafoɔ, na wɔn na wɔbɛfrɛ wɔn Nyankopɔn mma.
10 # 1 Pe 3.14 Nhyira ne wɔn a tenenee nti wɔtaa wɔn, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.
11 # 1 Pe 4.14 Nhyira ne mo sɛ wɔya mo, na wɔtaa mo, na me din nti wɔdi atorɔ ka asɛmmɔne nyinaa bi to mo soɔ. 12#Yak 5.10; Heb 11.33-38 Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛ mo, na mo akatua so wɔ soro; na saa ara na wɔtaa adiyifoɔ a wɔdii kan no.
Nkyene ne hann
13 # Mar 9.50; Luk 14.34-35 Mone asase so nkyene. Na sɛ nkyene dɛ yera a, ɛdeɛn na wɔde bɛhyɛ no nkyene? Ɛnyɛ mma hwee bio, gye sɛ wɔhwie gu, na nnipa tiatia so. 14#Yoh 8.12 Mone wiase hann. Kuro a ɛda bepɔ soɔ ntumi nhunta. 15#Mar 4.21 Na wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ kodoɔ ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ɛdan no mu nyinaa. 16#Efe 5.8-9; 1 Pe 2.12 Ne saa nti, momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahunu mo nneyɛɛ pa, na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no animuonyam.
Wammɛsɛe mmara no
17 # Mat 3.15; Rom 3.31; 10.4 Monnsusu sɛ mebaa sɛ merebɛsɛe mmara anaa adiyifoɔ no; mamma ammɛsɛe, na mmom mebɛhyɛɛ mu ma. 18#Luk 16.17; 21.33 Na nokorɛ mese mo sɛ, ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, atwerɛdeɛ ketewa baako anaa nsensaneeɛ baako mpo remfiri mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa. 19#Yak 2.10 Enti obiara a ɔbɛto mmara mu nsɛm nketewa yi mu baako, na ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa saa no, wɔbɛfrɛ no ketewa wɔ ɔsoro ahennie mu; na obiara a ɔbɛdi soɔ, na ɔbɛkyerɛkyerɛ no, ɔno na wɔbɛfrɛ no kɛseɛ ɔsoro ahennie mu. 20Na mese mo sɛ, sɛ mo tenenee ammoro Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no deɛ so a, morennya ɔsoro ahennie mu nhyɛne.
Abufuo ne awudie
21 # Eks 20.13; 21.12; Lew 24.17; Deut 17.8 Moate sɛ wɔsee tetefoɔ no sɛ: Nni awu; na obiara a ɔbɛdi awuo no bɛdi atemmuo mu fɔ. 22Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ne bo fu ne nua no bɛdi atemmuo mu fɔ; na obiara a ɔbɛse ne nua sɛ: Raka #5.22 RAKA: Asekyerɛ ne sɛ, Onipa hunu. no bɛdi fɔ mpanimfoɔ atitire no asɛnniiɛ. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea! no bɛdi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom. 23#Mar 11.25 Enti sɛ wode w’ayɛyɛdeɛ ba afɔrebukyia ho, na ɛhɔ wokae sɛ wo nua wɔ asɛm tia wo a, 24gya w’ayɛyɛdeɛ no afɔrebukyia no anim hɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom kane, ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛdeɛ no. 25#Mat 6.14-15; 18.35; Luk 12.58-59 Wo ne wo nkurobɔni wɔ kwan soɔ no, wo ne no mmom ntɛm; na da bi wo nkurobɔni no anyi wo anhyɛ ɔtemmufoɔ nsa, na ɔtemmufoɔ no anyi wo anhyɛ ɔsomfoɔ nsa, na wɔamfa wo ankɔto afiase. 26Nokorɛ mese wo sɛ, woremfiri hɔ gye sɛ woatua kaprɛ a ɛbɛka akyire no ansa.
Awaresɛeɛ
27 # Eks 20.14 Moate sɛ wɔkaa sɛ: Nsɛe awadeɛ! 28#Hiob 31.1; 2 Pe 2.14 Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no n’akomam dada. 29#Mat 18.8-9; Mar 9.43; 9.47; Kol 3.5 Na sɛ w’ani nifa to wo suntidua a, tu, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ, wo ho akwaa mu baako bɛsɛeɛ, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto amanehunu kurom. 30Na sɛ wo nsa nifa to wo suntidua a, twa, na to firi wo ho twene; na ɛyɛ ma wo sɛ wo ho akwaa mu baako bɛsɛeɛ, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto amanehunu kurom.
Awadeɛ kronkronyɛ
31 # Mat 19.3-9; Deut 24.1 Wɔkaa nso sɛ: Obiara a ɔbɛgyae ne yere no mma no awaregyaeɛ krataa. 32#Luk 16.18; 1 Ko 7.10-11 Na me deɛ, mese mo sɛ: Sɛ ɛnyɛ adwamammɔ nti na obi gyaa ne yere a, na wama ɔbaa no asɛe awadeɛ; na obiara a ɔbɛware deɛ wɔagyaa no no nso asɛe awadeɛ.
Ɔkasa mu nokorɛdie
33 # Eks 20.7; Lew 19.12; Num 30.3 Bio, moate sɛ wɔsee tetefoɔ no sɛ: Nka ntanhunu, na fa wo ntankadeɛ ma Awurade. 34#Mat 23.16-22; Yes 66.1; Aso 7.49 Na me deɛ, mese mo sɛ: Monnka ntam koraa! Monnka ɔsoro, ɛfiri sɛ ɛyɛ Nyankopɔn ahennwa. 35#Dwom 48.2 Monnka asase, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne nan ntiasoɔ. Monnka Yerusalem, ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhenkɛseɛ kuro. 36Nanso nka wo tiri ntam, ɛfiri sɛ worentumi nyɛ nwi baako fufuo anaa tuntum. 37#2 Ko 1.17; Yak 5.12 Na momma mo aane nyɛ aane, na dabi nyɛ dabi! Na deɛ ɛboro yei soɔ no firi bɔne mu.
Wɔbara aweretɔ
38 # Lew 24.19-20 Moate sɛ wɔkaa sɛ: Ani nsi ani ananmu, na ɛse nsi ɛse ananmu. 39#Yoh 18.22-23; Lew 19.18 Na me deɛ, mese mo sɛ, mo ne ɔbɔnefoɔ no nnni asie, na deɛ ɔbɛpae w’aso nifa mu no, dane baako no nso ma no. 40#1 Ko 6.7 Na deɛ ɔpɛ sɛ ɔne wo di asɛm na ɔgye w’atadeɛ nhyɛaseɛ no, ma no mfa w’atadeɛ nkatasoɔ no nso. 41Na obiara a ɔbɛhyɛ wo sɛ wone no nnante kwansini baako no, ɛne no nkɔ mmienu. 42Deɛ ɔsrɛ woɔ no, ma no; na deɛ ɔpɛ sɛ ɔfɛm wo hɔ adeɛ no, nnane wo ho mfiri ne ho.
Dɔ w’atamfo
43 # Lew 19.18 Moate sɛ wɔkaa sɛ: Dɔ wo yɔnko na tane wo tamfo. 44#Eks 23.4-5; Rom 12.14; 12.20; Luk 23.34; Aso 7.60 Na me deɛ, mese mo sɛ monnɔ mo atamfoɔ, na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtaa mo no; 45#Efe 5.1 na moayɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma; ɛfiri sɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔtɔ nsuo gu wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene so. 46Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, akatua bɛn na monya? Togyefoɔ nso nyɛ saa anaa? 47Na sɛ mokyea mo nuanom nko ara a, ɛdeɛn na na moayɛ aboro soɔ? Togyefoɔ nso nyɛ saa anaa? 48#Lew 19.2 Enti monyɛ pɛ, sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ soro yɛ pɛ no.

Currently Selected:

Mateo 5: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in