YouVersion Logo
Search Icon

Mateo 7

7
Atɛnyie bɔne
1 # Rom 2.1; 1 Ko 4.5 Mommmu atɛn, na wɔammu mo atɛn. 2#Mar 4.24 Na atɛn ko a mobuo no, wɔde bɛbu mo; na ade korɔ a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo. 3Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua ani soɔ, na wo ara w’ani so mpuna deɛ, wonhunu? 4Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na wobɛka akyerɛ wo nua sɛ: Ma menyi duaa no mfiri w’ani so, wɔ berɛ ko a mpuna wɔ w’ani soɔ? 5Nyaatwomni! Yi mpuna no firi w’ani so kane, ɛno ansa na wobɛhunu adeɛ yie, ayi duaa no afiri wo nua ani soɔ. 6#Mat 10.11 Mommfa deɛ ɛyɛ kronkron mmma nkraman, na monnto mo nhwene pa nngu mprako anim, na wɔamfa wɔn nan antiatia so, na wɔansane ammɛsunsuane mo.
Adesrɛ
7 # Mat 11.24; Luk 11.5-13; Yer 29.13-14 Mommisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mobɛhunu, mommom, na wɔbɛhini mo. 8Na obiara a ɔbisa no, ɔnya, na deɛ ɔhwehwɛ no, ɔhunu, na deɛ ɔbɔ mu no, wɔhini no. 9Anaasɛ mo mu nipa bɛn na ɔwɔ hɔ, na sɛ ne ba bisa no paanoo a, ɔbɛma no ɛboɔ? 10Anaasɛ ɔbisa no apataa a, ɔbɛma no ɔwɔ? 11#Yak 1.17 Na sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ nim sɛdeɛ momma mo mma nnepa a, mprɛ ahe na mo Agya a ɔwɔ soro no remfa nnepa mma wɔn a wɔbisa no? 12#Mat 22.39-40; Rom 13.8-10 Enti adeɛ biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara; na yei ne mmara ne adiyifoɔ no.
Akwan ahodoɔ mmienu
13 # Luk 13.24 Monhyɛne ɔpono teateaa no mu; na ɔpono a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛ no ne deɛ ɛkɔ ɔsɛeɛ mu no, na wɔn a wɔhyɛne mu no dɔɔso. 14#Mat 19.24; Aso 14.22 Na ɔpono teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne deɛ ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wɔhunu no sua.
Nhwɛsoɔ pa
15 # Mat 24.4-5; 24.24; Aso 20.29 Monhwɛ mo ho yie adiyifoɔ atorofoɔ ho, na wɔnam nnwanten nwoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu deɛ, wɔyɛ mpataku adufudepɛfoɔ. 16#Gal 5.19-22; Yak 3.12 Wɔn aba na mode bɛhu wɔn. Wɔtete bobe wɔ nkasɛɛ so, anaasɛ wɔtete borɔdɔma wɔ hwerɛmo so? 17#Mat 12.33 Saa ara na dua pa biara so aba pa, na dua bɔne so aba bɔne. 18Dua pa ntumi nso aba bɔne, na dua bɔne nso ntumi nso aba pa. 19#Mat 3.10; Yoh 15.2; 15.6 Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa, na wɔde gu gya mu. 20Enti wɔn aba na mode bɛhu wɔn.
Ɔsetie
21 # Rom 2.13; Yak 1.22; 1.25; 2.14 Ɛnyɛ obiara a ɔse me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu, na mmom gye deɛ ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no. 22#Luk 13.25-27; 1 Ko 13.1-2 Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumideɛ pii anaa? 23#Mat 25.41; 2 Ti 2.19 Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Mennim mo da, momfiri me so nkɔ, mo a moyɛ deɛ ɛntene!
Ɔbotan ne anwea so adansie
24 # Mat 7.21 Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no bɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban wɔ botan soɔ no ho. 25Na osu kɛseɛ tɔe, na nsuo yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na anhwe ase; ɛfiri sɛ wɔtoo ne fapem ɔbotan so. 26Na obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔnyɛ no, wɔde no bɛto ɔba kwasea a ɔtoo n’aban anwea soɔ no ho. 27#Hes 13.10-11 Na osu kɛseɛ tɔe, na nsuo yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na ɛbui, na ɛbubuu pasapasa.
28 # Mar 1.22; Luk 4.32 Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ne nkyerɛkyerɛ no maa nkurɔfoɔ akuakuo no ho dwirii wɔn, 29#Yoh 7.46 ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ deɛ ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ wɔn Atwerɛfoɔ no.

Currently Selected:

Mateo 7: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in