Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ no, na wɔnyinyane wɔn anim sɛdeɛ nnipa bɛhunu sɛ wɔredi mmuada. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada. Na wo deɛ, woredi abuada a, sra wo tirim, na hohoro w’anim, na nnipa anhunu sɛ woredi abuada, na mmom w’agya a ɔwɔ kokoam no; na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.