YouVersion Logo
Search Icon

Yohane 5

5
Betesda obubuani no ayaresa
1Yei akyiri no, Yudafoɔ afahyɛ duruiɛ, na Yesu kɔɔ Yerusalem. 2Nso ɔtadeɛ bi wɔ Yerusalem Nnwanten Pono kɛseɛ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwonoo nnum. 3Na yeinom mu na nnipa pii, ayarefoɔ, anifirafoɔ, mpakye ne wɔn a wɔn fa awuwuo deda [retwɛn nsuo no wosoɔ. 4Na ɛduru berɛ bi mu a, ɔbɔfoɔ siane ba tadeɛ no mu bɛhono nsuo no, na deɛ nsuo no hono akyiri no, ɔdi kan kɔ mu no, yadeɛ biara a ɔyareɛ no, na ne ho ayɛ no den.]#5.4 Tete atwerɛ a wɔgye tomu binom mfa saa asɛm yi nka ho. 5Na onipa bi wɔ hɔ a wadi mfirinhyia aduasa nwɔtwe n’ahoɔmmerɛ mu. 6Ɔno na Yesu hunuu no sɛ ɔda hɔ, na ɔnim sɛ wakyɛre hɔ no, ɔbisaa no sɛ: Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa? 7Ɔyarefoɔ no buaa no sɛ: Owura, menni onipa bi a sɛ nsuo no hono a, ɔde me kɔto tadeɛ no mu; na sɛ merekɔ a, na obi adi m’anim kan kɔ mu. 8#Mat 9.6 Yesu see no sɛ: Sɔre, yi wo kɛtɛ, na nante! 9#Yoh 9.14 Na ntɛm ara onipa no ho yɛɛ no den, na ɔyii ne kɛtɛ, na ɔnanteeɛ. Nso na da no yɛ homeda.
Yudafoɔ akyinnyegyeɛ
10 # Yer 17.21 Enti Yudafoɔ no ka kyerɛɛ deɛ wɔasa no yadeɛ no sɛ: Ɛnnɛ yɛ homeda; wonni ho kwan sɛ wosoa wo kɛtɛ. 11Ɔbuaa wɔn sɛ: Deɛ ɔmaa me ho yɛɛ me den no, ɔno ara na ɔsee me sɛ: Yi wo kɛtɛ, na nante! 12Ɛnna wɔbisaa no sɛ: Hwan ne onipa a ɔsee wo sɛ: Yi wo kɛtɛ na nante no? 13Nso deɛ ne ho asane no no nnim onipa ko; ɛfiri sɛ na nkurɔfokuo no wɔ hɔ nti, na Yesu nso atwe ne ho afiri hɔ. 14#Yoh 8.11 Yei akyiri no, Yesu hunuu no asɔrefie, na ɔsee no sɛ: Hwɛ, wo ho ayɛ wo den; nyɛ bɔne bio, na deɛ ɛyɛ bɔne sene yei anyɛ wo. 15Onipa no sii mu kɔ kɔka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔmaa ne ho yɛɛ no den. 16#Mat 12.14 Na yei nti Yudafoɔ no taa Yesu, ɛfiri sɛ wayɛ nnoɔma yi homeda.
17 # Yoh 9.4 Na ɔbuaa wɔn sɛ: M’Agya gu so yɛ adwuma bɛsi sɛsɛɛ, na me nso meyɛ adwuma. 18#Yoh 7.30; 10.33 Na yei mmom nti afei Yudafoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔkum no, sɛ ɛnyɛ homeda nko na wasɛe no, na mmom ɔfrɛ Onyankopɔn sɛ ɔno ara n’Agya de yɛ ne ho sɛ ɔno ne Onyankopɔn yɛ pɛ.
Yesu mmuaeɛ
19 # Yoh 3.11; 3.32 Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, Ɔba no ara ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye deɛ wahunu Agya no sɛ ɔyɛ; ɛfiri sɛ biribiara a ɔno yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ. 20#Yoh 3.35 Na Agya no dɔ Ɔba no, na ɔkyerɛ no deɛ ɔno ara yɛ nyinaa; na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛseɛ a ɛsene yeinom, na ayɛ mo nwanwa. 21Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ, na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na Ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ nkwa. 22#Dan 7.13-14; Aso 17.31 Na Agya no nso mmu obiara atɛn, na ɔde atemmuo nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa, 23#Flp 2.10-11; 1 Yoh 2.23 sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Deɛ ɔnni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.
Owusɔreɛ ne atemmuo
24 # Yoh 3.16; 3.18 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔte m’asɛm, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no die no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmuo mu, na watwa mu afiri owuo mu kɔ nkwa mu. 25#Efe 2.5-6 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Dɔn no reba na anya adu a awufoɔ bɛte Nyankopɔn ba no nne, na wɔn a wɔteɛ no bɛnya nkwa. 26#Yoh 1.1-4 Na sɛdeɛ Agya no wɔ nkwa ɔno ara mu no, saa ara na ɔde ama Ɔba no nso sɛ ɔnnya nkwa ɔno ara mu; 27#Yoh 5.22 na wama no tumi sɛ ɔmmu atɛn nso, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onipa Ba. 28Mommma yei nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ adakamena mu nyinaa bɛte ne nne, 29#Yoh 6.40; Dan 12.2 na wɔafiri adi, na wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa wusɔreɛ mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmuo wusɔreɛ mu. 30#Yoh 5.19; 6.38 Me deɛ, mentumi menhyɛ me ho menyɛ hwee; sɛdeɛ meteɛ no, na mebu atɛn, na m’atemmuo no yɛ tenenee. Na menhwehwɛ deɛ me ara mepɛ, na deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ. 31Sɛ me ara medi me ho adanseɛ a, m’adanseɛ no nyɛ nokorɛ. 32#Yoh 5.36-37 Obi wɔ hɔ a ɔdi me ho adanseɛ, na menim sɛ adanseɛ a ɔdi me ho no yɛ nokorɛ.
Osuboni Yohane adanseɛ
33 # Yoh 1.19-34 Mo deɛ, moasoma akɔ Yohane nkyɛn, na wadi nokorɛ adanseɛ; 34na me deɛ, mennye adanseɛ onipa bi nkyɛn, na meka yeinom, na moanya nkwa. 35Ɔno ne kanea a ɛdɛre na ɛhyerɛn; na mo deɛ, mopɛɛ sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.
Nyankopɔn no ara adanseɛ
36 # 1 Yoh 5.9; Yoh 1.33; 3.2 Na me deɛ, mewɔ adanseɛ a ɛsene Yohane deɛ no; na nnwuma a Agya no de ama me sɛ menwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanseɛ sɛ Agya no na asoma me. 37#Mat 3.17 Na Agya no a ɔsomaa me no ara adi me ho adanseɛ. Moante ne nne ara da, nso moanhunu ne suban; 38na monni n’asɛm no wɔ mo mu, ɛfiri sɛ deɛ ɔsomaa no no, monnye no nni!
Apam dada adanseɛ
39 # Luk 24.27; 2 Ti 3.15-17 Mohwehwɛ atwerɛsɛm no mu, ɛfiri sɛ mosusu sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; na ɛno ne deɛ ɛdi me ho adanseɛ, 40na mompɛ sɛ moba me nkyɛn, na moanya nkwa.
Anidie ahodoɔ mmienu
41 Mennye animuonyam mfiri nnipa nkyɛn, 42na mahu mo sɛ monni Nyankopɔn dɔ wɔ mo mu. 43Me deɛ, mebaa m’Agya din mu, na monnye me; sɛ ɔfoforɔ ba ɔno ara din mu a, ɔno na mobɛgye no. 44#Yoh 12.43 Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mogye animuonyam mo ho mo ho nkyɛn bɛtumi agye adie, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn animuonyam deɛ, monhwehwɛ?
Mose ho akyinnyegyeɛ
45 # Deut 31.26 Monnsusu sɛ mɛbɔ mo kwaadu, Agya no anim, na deɛ ɔbɔ mo kwaadu no wɔ hɔ; ɔne Mose a mode mo ani ato ne soɔ no. 46#Gye 3.15; 49.10; Deut 18.15 Na sɛ mogye Mose di a, anka mobɛgye me adi; na me ho nsɛm no, ɔno na ɔtwerɛeɛ. 47#Luk 16.31 Na sɛ monnye n’atwerɛsɛm no nni a, ɛbɛyɛ dɛn na mobɛgye me nsɛm adie?

Currently Selected:

Yohane 5: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in