YouVersion Logo
Search Icon

Yohane 4

4
Yesu ne Samariani baa no
1 # Yoh 3.22; 3.26 Afei Yesu#4.1: Tete atwerɛ a wɔgye tomu binom ka sɛ; Awurade hunuu sɛ Farisifoɔ ate sɛ: Ɔno Yesu renya asuafoɔ bebree, na ɔrebɔ nnipa pii asu sene Yohane. 2Nso Yesu no ara deɛ, na ɔmmɔ asu, na mmom n’asuafoɔ no. 3Ɔfirii Yudea, na ɔsii mu kɔɔ Galilea bio. 4Na ɛtwa sɛ ɔfa Samaria. 5#Gye 48.22; Yos 24.32 Na afei ɔduruu Samaria kuro bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asasewa a Yakob de maa ne ba Yosef no ho. 6Nso na Yakob abura wɔ hɔ. Na ɛnam sɛ Yesu abrɛ wɔ n’akwantuo mu nti, ɔtenaa abura no so. Na abɔ bɛyɛ sɛ awia dummienu.
7Na ɔbaa bi a ɔfiri Samaria baa hɔ bɛtoo nsuo. Yesu see no sɛ: Ma me bi mennom! 8Na n’asuafoɔ no kɔ kuro no mu rekɔtɔ aduane. 9Ɛnna Samariani baa no see no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na wo a woyɛ Yudani, bisa me a meyɛ Samariani baa hɔ nsuo anom? (Ɔkaa saa ɛfiri sɛ na Yudafoɔ ne Samariafoɔ nka.)#4.9 Tete atwerɛ a wɔgye tomu binom nka saa asɛm yi. 10#Yoh 7.38-39 Yesu bua see no sɛ: Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ, ne deɛ ɔse wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wobɛbisa no, na wama wo nkwa nsuo. 11Ɔbaa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, wonni adeɛ a wɔde toɔ, na abura no mu nso dɔ, enti ɛhe na wonya nkwa nsuo no fire? 12Woyɛ kɛseɛ sene yɛn agya Yakob a ɔmaa yɛn abura yi, na ɔno ara ne ne mma ne ne mmoa nomm bie no anaa? 13Yesu see no sɛ: Obiara a ɔnom nsuo yi bie no, osukɔm bɛde no bio. 14#Yoh 6.27; 6.35 Na deɛ ɔbɛnom nsuo a mɛma no bie no deɛ, osukɔm renne no da; na nsuo a mɛma no no bɛyɛ nsuo abura a ɛfifiri kɔ daa nkwa mu wɔ ne mu. 15Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Owura, ma me saa nsuo yi bi, na osukɔm anne me, na mamma ha mammɛto nsuo.
16Yesu see no sɛ: Kɔfrɛ wo kunu bra ha! 17Ɔbaa no bua kaa sɛ: Menni kunu. Yesu see no sɛ: Woaka no yie sɛ wose: Menni kunu; 18na wo ne mmarima baanum na atena, na deɛ wo ne no wɔ hɔ seesei ara yi mpo, ɔnyɛ wo kunu. Yei deɛ woaka no nokorɛ mu. 19Ɔbaa no see no sɛ: Owura, mahunu sɛ woyɛ odiyifoɔ. 20#Deut 12.5; Dwom 122 Yɛn agyanom sɔree bepɔ yi so; na mo deɛ, moka sɛ Yerusalem ne faako a ɛsɛ sɛ wɔsɔre. 21Yesu see no sɛ: Ɔbaa, gye me di sɛ, dɔn no reba a ɛnyɛ bepɔ yi so, anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre Agya no. 22#2 Ah 17.29-41; Yes 2.3 Mosɔre deɛ monnim; yɛn deɛ, yɛsɔre deɛ yɛnim, ɛfiri sɛ nkwagyeɛ no firi Yudafoɔ mu. 23Na dɔn no reba, na adu, sɛ wɔn a wɔsɔre nokorɛ mu no bɛsɔre Agya no honhom ne nokorɛ mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no na Agya no rehwehwɛ. 24#2 Ko 3.17 Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokorɛ mu. 25#Yoh 1.42 Ɔbaa no see no sɛ: Menim sɛ Mesaia (a wɔfrɛ no Kristo) no reba; na sɛ ɔba a, ɔno na ɔbɛkyerɛ yɛn nnoɔma nyinaa. 26#Yoh 9.37 Yesu see no sɛ: Me a me ne wo rekasa yi, mene no.
27Saa berɛ no ara na n’asuafoɔ no baeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa sɛ ɔne ɔbaa no rekasa, nanso obi ammisa no sɛ: Deɛn na wohwehwɛ? Anaasɛ: Adɛn na wo ne ɔbaa no rekasa yi? 28Ɛnna ɔbaa no gyaa n’asuhina no hɔ, na ɔkɔɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ: 29Mommra mmɛhwɛ onipa bi a waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me, sɛ ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa? 30Ɛnna nkurɔfoɔ no firii kuro no mu baa Yesu nkyɛn.
Honhom fam twa adwuma
31Saa berɛ no mu no n’asuafoɔ no see no sɛ: Rabi, didi! 32#Yoh 4.34 Na ɔsee wɔn sɛ: Mewɔ aduane medi a monnim. 33Enti n’asuafoɔ no sesee wɔn ho sɛ: Obi abrɛ no biribi adi anaa? 34#Yoh 17.4 Yesu see wɔn sɛ: M’aduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na mewie n’adwuma. 35#Mat 9.37; Luk 10.2 Ɛyɛ a, monka sɛ aka abosome nnan na otwa berɛ adu anaa? Hwɛ, mese mo sɛ, momma mo ani so, na monhwɛ mfuo mu, sɛ anya ahoa ama otwa. 36Na deɛ ɔtwa no gye akatua, na ɔboaboa aba no ano kɔ daa nkwa mu; na deɛ ɔguiɛ ne deɛ ɔtwaeɛ nyinaa ani agye prɛko. 37Na yei mu na asɛm no yɛ nokorɛ sɛ: Obi gu, na obi twa. 38Me deɛ, mesomaa mo sɛ monkɔtwa deɛ moanyɛ ho adwuma; ebinom abrɛ wɔn ho ayɛ, na mo deɛ, moabɛdi wɔn adwuma no so aba.
Samariafoɔ pii gye Yesu nkyerɛkyerɛ
39Na Samariafoɔ a wɔwɔ kuro no mu no mu pii gyee no dii, ɛsiane ɔbaa no adanseɛ a ɔdii sɛ: Waka deɛ mayɛ nyinaa akyerɛ me, no nti. 40Enti Samariafoɔ no baa ne nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn; na ɔtenaa hɔ nnanu. 41Na nnipa pii a ɛsene kane deɛ no gyee no dii n’asɛm nti, 42na nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Afei ɛnyɛ w’asɛm nti na yɛgye die, na yɛn ara yɛate, na yɛahunu sɛ oyi ne wiase Agyenkwa no ampa.
Galileafoɔ gye Yesu
43 # Mat 4.12 Na nnanu akyiri no, Yesu firii hɔ kɔɔ Galilea. 44#Mat 13.57; Mar 6.4; Luk 4.24 Na Yesu no ara dii adanseɛ sɛ odiyifoɔ nni anidie ɔno ara ne kuro mu. 45#Yoh 2.23 Na ɔduruu Galilea no, Galileafoɔ no a wɔhunuu deɛ ɔyɛeɛ Yerusalem afahyɛ ase no nyinaa gyee no; ɛfiri sɛ wɔn nso wɔbaa afahyɛ no ase bi.
Ahenkwaa bi ba ayaresa
46 # Yoh 2.1; 2.9 Ɛnna ɔkɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔdanee nsuo nsa no bio. Na ahenkwaa panin bi wɔ hɔ a ne ba yare wɔ Kapernaum. 47Na ɔtee sɛ Yesu firi Yudea aba Galilea no, ɔsii mu kɔɔ ne nkyɛn, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa ne ba yadeɛ; na ɔreyɛ awu. 48#Yoh 2.18; 1 Ko 1.22 Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhunu nsɛnkyerɛnneɛ ne nkonyaa a, morennye nni. 49Ahenkwaa panin no see no sɛ: Owura, bra, na me ba no anwu ansa. 50Yesu see no sɛ: Kɔ, wo ba no ho ayɛ no den! Na onipa no gyee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no diiɛ, na ɔkɔeɛ. 51Na ɔrekorɔ no, ne nkoa bɛhyiaa no, na wɔkaa sɛ: Wo ba no ho ayɛ no den! 52Ɛnna ɔbisaa wɔn dɔn korɔ a ne ho tɔɔ no. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Nnora bɛyɛ awia dɔnko no na ɔfoɛ no gyaa no. 53Ɛnna agya no hunuu sɛ ɛyɛ dɔn no ara a Yesu see no sɛ: Wo ba no ho ayɛ no den no mu; na ɔno ne ne fiefoɔ nyinaa gye diiɛ. 54#Yoh 2.11; 2.23 Yei nso ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtɔ so mmienu a Yesu firi Yudea baa Galilea no, ɔyɛeɛ.

Currently Selected:

Yohane 4: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

YouVersion uses cookies to personalize your experience. By using our website, you accept our use of cookies as described in our Privacy Policy