YouVersion Logo
Search Icon

Yohane 3

3
Nikodemo kɔsra Yesu
1 # Yoh 7.50; 19.39 Na onipa bi firi Farisifoɔ mu wɔ hɔ a ne din de Nikodemo a ɔyɛ Yudafoɔ panin bi; 2ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na ɔbɛsee no sɛ: Rabi, yɛnim sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛni; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho. 3#1 Pe 1.23 Yesu bua see no sɛ: Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Wɔanwo obi foforɔ a, ɔrentumi nhunu Nyankopɔn ahennie no. 4Nikodemo see no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa a wanyini no, wɔbɛtumi awo no? Ɔbɛtumi akɔ ne na yam bio na wɔawo no anaa? 5#Hes 36.25-27; Efe 5.26; Tito 3.5 Yesu buaa sɛ: Mereka no nokorɛ mu pefee akyerɛ wo sɛ: Wɔamfiri nsuo ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛne Nyankopɔn ahennie mu. 6#Yoh 1.13; Gye 5.3; Dwom 51.5 Deɛ wɔfiri ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam; na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no yɛ honhom. 7Mma no nnyɛ wo nwanwa sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ: Ɛtwa sɛ wɔwo mo foforɔ. 8Mframa bɔ kɔ faako a ɛpɛ, na wote ne nka, na wonnim faako a ɛfire ne faako a ɛrekorɔ. Saa ara nso na obiara a wɔawo no Honhom mu no teɛ.
9Nikodemo bua see no sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na yeinom ayɛ hɔ? 10Yesu bua see no sɛ: Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfoɔ na wonnim yeinom? 11#Yoh 7.16; 8.26; 8.28 Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ yɛnim na yɛka, na deɛ yɛahunu na yɛdi ho adanseɛ; nanso monnye yɛn adanseɛ no. 12Sɛ maka mo fam asɛm na monnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka mo ɔsoro nsɛm a, mobɛgye adie? 13#Efe 4.9 Na obi mforo nkɔɔ ɔsoro, gye deɛ ɔfiri ɔsoro sianeeɛ no, Onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no. 14#Num 21.8-9 Na sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ no so wɔ ɛserɛ soɔ no, saa ara na ɛtwa sɛ wɔma Onipa Ba no soɔ, 15na obiara a ɔgye no die no anya daa nkwa. 16#Rom 5.8; 8.32; 1 Yoh 4.9 Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa. 17#Yoh 12.47 Na Onyankopɔn ansoma Ɔba no amma wiase sɛ ɔmmɛbu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa ne so nnye wiase. 18#Yoh 3.36; 5.24 Deɛ ɔgye no die no, wɔmmu no atɛn; na deɛ ɔnnye nnie no, wɔabu no atɛn dada sɛ wannye Nyankopɔn ba korɔ no din no annie. 19#Yoh 1.5; 1.9-11 Na yei mmom ne atemmuo no, sɛ hann no aba wiase na nnipa dɔ esum sene hann no; ɛfiri sɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne. 20#Efe 5.13 Obiara a ɔyɛ bɔne no tane hann no, na ɔmma hann no ho, na wɔammu no ne nnwuma ho atɛn. 21Na deɛ ɔyɛ deɛ ɛyɛ nokorɛ no ba hann no ho sɛ ne nnwuma mmɛda adi, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ no Nyankopɔn mu.
Yohane adansedie foforɔ
22 # Yoh 4.1-2 Yeinom akyiri no, Yesu ne n’asuafoɔ no baa Yudea asase so; na ɔne wɔn tenaa hɔ, na ɔbɔɔ asu. 23Na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, ɛfiri sɛ asuasu pii wɔ hɔ, na wɔbaa hɔ ma wɔbɔɔ wɔn asu. 24#Mat 14.3 Na wɔnnya mfaa Yohane ntoo afiase. 25Ɛnna ahodwira ho akyinnyegyeɛ bi sɔree Yohane asuafoɔ ne Yudafoɔ ntam. 26#Yoh 1.26-34 Na wɔbaa Yohane nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Rabi, deɛ ɔbaa wo nkyɛn Yordan agya nohoa a wodii ne ho adanseɛ no, hwɛ, ɔno nso rebɔ asu, na nnipa nyinaa rekɔ ne nkyɛn. 27#Heb 5.4 Yohane bua kaa sɛ: Onipa ntumi nnya biribi, gye sɛ wɔde firi soro ama no ansa. 28#Yoh 1.20; 1.23; 1.27 Mo ara modi me adanseɛ sɛ mekaa sɛ: Ɛnyɛ mene Kristo no, na wɔsomaa me dii n’anim. 29#Mat 22.2 Deɛ ayeforɔ wɔ no ne ayeforɔkunu; na ayeforɔkunu adamfo a ɔgyina hɔ na ɔtie no deɛ, ɛgyeɛ na n’ani gyeɛ, ayeforɔkunu no nne nti. Ɛno nti afei na me saa anigyeɛ yi awie pɛyɛ. 30Ɔno deɛ, ɛtwa sɛ ɔkɔ kan sene me, na me deɛ, medi akyire.
31 # Yoh 8.23 Deɛ ɔfiri soro ba no sene nnipa nyinaa. Deɛ ɔfiri fam no firi fam, na ɔfiri fam kasa; deɛ ɔfiri soro ba no sene nnipa nyinaa, 32#Yoh 3.11 na deɛ wahunu na wateɛ no, ɛno ho adanseɛ na ɔdie; nanso obi nnye n’adanseɛ no. 33Deɛ ɔgye n’adanseɛ no asi agyinae sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ. 34#Yoh 1.33-34 Na deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Nyankopɔn nsɛm; na Onyankopɔn de Honhom ma mmorosoɔ. 35#Yoh 5.20; Mat 11.27 Agya no dɔ Ɔba no, na ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa. 36#Yoh 3.18 Deɛ ɔgye Ɔba no die no wɔ daa nkwa; na deɛ ɔntie Ɔba no deɛ, ɔrenya nkwa, na Nyankopɔn abufuo da ne so.

Currently Selected:

Yohane 3: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

YouVersion uses cookies to personalize your experience. By using our website, you accept our use of cookies as described in our Privacy Policy