YouVersion Logo
Search Icon

Yohane 6

6
Nnipa mpemnum aduanema
(Mateo 14.13-21; Marko 6.32-44; Luka 9.10-17)
1Yeinom akyiri no, Yesu sii mu kɔɔ Galilea po a ɛne Tiberia po no agya. 2Na nkurɔfokuo kɛseɛ dii n’akyi, ɛfiri sɛ na wɔahunu nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ no wɔn a wɔyareɛ ho. 3Na Yesu kɔɔ bepɔ no so, na ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa hɔ. 4#Yoh 2.13; 11.55 Nso na Twam da a ɛyɛ Yudafoɔ afahyɛ no abɛn.
5Afei Yesu maa n’ani so, na ɔhunuu sɛ ɛdɔm kɛseɛ reba ne nkyɛn no, ɔsee Filipo sɛ: Ɛhe na yɛbɛtɔ paanoo ama yeinom adie? 6Na yei deɛ, ɔka de sɔɔ no hwɛe, ɛfiri sɛ na ɔno ara nim deɛ ɔrebɛyɛ. 7Filipo buaa no sɛ: Paanoo denare ahanu renso wɔn sɛ wɔn mu biara bɛnya kakra. 8Na asuafoɔ no mu baako, Andrea, Simon Petro nua, ka kyerɛɛ no sɛ: 9Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ atokoɔ paanoo nnum ne mpataa nketewa mmienu; na yei yɛ deɛn ma nnipa pii yi? 10Yesu kaa sɛ: Momma nnipa no ntenatena ase! Nso na ɛserɛ pii wɔ hɔ. Ɛnna mmarima a wɔn ano bɛyɛ mpemnum no tenatenaa aseɛ. 11Na Yesu faa paanoo no ne mpataa no, na ɔdaa ase no, ɔkyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no; dodoɔ biara wɔhia. 12Na wɔmeemeeɛ no, ɔsee n’asuafoɔ no sɛ: Mommoaboa mporoporowa a aka no ano, na ebi anyera. 13Ɛnna wɔboaboaa ano, na wɔde atokoɔ paanoo nnum no mporoporowa a ɛka maa wɔn a wɔdiiɛ no hyehyɛɛ nkɛntɛn dummienu mama. 14#Deut 18.15 Afei nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu yɛeɛ no, wɔkaa sɛ: Ampa, odiyifoɔ a ɔreba wiase no nie! 15#Yoh 18.36 Ɛnna Yesu hunuu sɛ wɔreba abɛfa no, ahyɛ no de no akɔsi hene nti, ɔtwee ne ho, na ɔno nko ara kɔɔ bepɔ no so bio.
Yesu nante po so
(Mateo 14.22-33; Marko 6.45-52)
16Na ɛduruu anwummerɛ no, n’asuafoɔ no kɔɔ mpoano, 17na wɔkɔɔ kodoɔ mu twaa po no sɛ wɔrekɔ Kapernaum. Na esum aduru dada, na Yesu nnya mmaa wɔn nkyɛn, 18na mframa kɛseɛ bɔeɛ nti, ɛpo no huruii. 19Na wɔharee bɛyɛ akwansin mmiɛnsa anaa nnan no, wɔhunuu Yesu sɛ ɔnam po no soɔ, na ɔretwe pini kodoɔ no; na wɔsuroeɛ. 20Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛyɛ me, monnsuro! 21Ɛnna wɔde anigyeɛ maa no baa kodoɔ no mu, na ntɛm ara na kodoɔ no duruu asase a wɔrekɔ hɔ no so.
Paano a ɛfiri soro
22Adeɛ kyeeɛ no, na nkurɔfokuo a wɔgyina ɛpo no agya no hunuu sɛ kodoɔ biara nni hɔ sɛ baako a n’asuafoɔ no kɔɔ mu, nanso ɛnyɛ Yesu ne wɔn na ɛkɔɔ kodoɔ no mu no, n’asuafoɔ no nko na wɔkɔeɛ. 23#Yoh 6.11 Na akodoɔ foforɔ firii Tiberia baa faako a Awurade daa ase, na wɔdii paanoo no hɔ; 24enti nkurɔfokuo no hunuu sɛ Yesu nni hɔ na n’asuafoɔ no nso nni hɔ no, wɔn nso kɔɔ akodoɔ no mu, na wɔbaa Kapernaum bɛhwehwɛɛ Yesu. 25Na wɔhunuu no ɛpo no agya no, wɔsee no sɛ: Rabi, da bɛn na wobaa ha? 26Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, ɛnyɛ sɛ mohunuu nsɛnkyerɛnneɛ nti na mohwehwɛ me, na sɛ modii paanoo no bie na momeeɛ ntira. 27#Yoh 4.14; 5.36 Monnyɛ aduane a ɛsɛeɛ ho adwuma, na mmom aduane a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Nyankopɔn asɔ no ano. 28Ɛnna wɔsee no sɛ: Ɛdeɛn na yɛnyɛ na yɛayɛ Nyankopɔn nnwuma? 29#1 Yoh 3.23 Yesu bua see wɔn sɛ: Yei ne Nyankopɔn adwuma, sɛ mobɛgye deɛ ɔsomaa no no adie.
30 # Yoh 2.18 Ɛnna wɔsee no sɛ: Ɛnneɛ nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na woreyɛ, na yɛahunu na yɛagye wo adie? Ɛdeɛn na woreyɛ? 31#Eks 16.13-14; Dwom 78.24 Yɛn agyanom dii mana ɛserɛ so, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Ɔmaa wɔn paanoo firi soro dii. 32#Yoh 6.49 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo paanoo a ɛfiri soro no, na mmom m’agya na ɔma mo nokorɛ paanoo a ɛfiri soro no. 33Na Nyankopɔn paanoo ne deɛ ɔsiane firi soro ba na ɔma wiase nkwa no. 34Ɛnna wɔsee no sɛ: Awurade, ma yɛn paanoo yi daa! 35#Yoh 6.48; 4.14; 7.37 Na Yesu see wɔn sɛ: Mene nkwa paanoo no; deɛ ɔba me nkyɛn no, ɛkɔm renne no da, na deɛ ɔgye me die no, osukɔm renne no da. 36#Yoh 6.26; 6.29 Na meka mekyerɛɛ mo sɛ moahu me, nanso moda so ara nnye nni. 37#Yoh 17.6-8; Mat 11.28 Wɔn a Agya no de wɔn ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na deɛ ɔba me nkyɛn no, merento no ntwene da, 38#Yoh 4.34 ɛfiri sɛ mesiane mefiri soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ deɛ me ara mepɛ, na mmom deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ. 39#Yoh 10.28-29; 17.12 Na yei ne deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, sɛ deɛ ɔde ama me nyinaa, memmma emu bi nnyera, na manyane no ɛda a ɛdi akyire no. 40#Yoh 5.29; 11.24 Na yei ne m’Agya no apɛdeɛ, sɛ obiara a ɔhunu Ɔba no na ɔgye no die no nnya daa nkwa; na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.
41Ɛnna Yudafoɔ no nwiinwii ne ho sɛ waka sɛ: Mene paanoo a ɛsiane firii soro no, 42#Luk 4.22 na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ oyi ne Yesu, Yosef ba a yɛnim n’agya ne ne na no? Ɛyɛɛ dɛn na afei ɔse: Masiane mafiri soro maba? 43Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Monnnwiinwii mo mu! 44#Yoh 6.65; Yes 54.13; Yer 31.33-34 Obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no; na me deɛ, mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no. 45Wɔatwerɛ no adiyifoɔ no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afiri Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn. 46#Yoh 1.18 Ɛnyɛ sɛ obi ahunu Agya no, gye deɛ ɔwɔ Nyankopɔn nkyɛn no, ɔno na wahunu Agya no.
47 # Yoh 3.16 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye die no wɔ daa nkwa. 48#Yoh 6.35 Mene nkwa paanoo no. 49#Yoh 6.31-32; 1 Ko 10.3; 10.5 Mo agyanom dii mana ɛserɛ so, na wɔwuwuiɛ; 50yei ne paanoo a ɛsiane firi soro ba, sɛ onipa nni bi, na wanwu. 51#Heb 10.5; 10.10 Mene paanoo a nkwa wɔ mu a mesiane mefirii soro mebaeɛ no; sɛ obi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa no ne me honam.
52Ɛnna Yudafoɔ no yɛɛ akasakasa wɔn mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na oyi bɛtumi de ne honam ama yɛn na yɛadie? 53Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Sɛ moanni Onipa Ba no honam, na moannom ne mogya a, monni nkwa mo mu. 54Deɛ ɔdi me honam na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no. 55Na me honam yɛ aduane ampa, na me mogya yɛ anonneɛ ampa. 56#Yoh 15.4; 1 Yoh 3.24 Deɛ ɔdi me honam na ɔnom me mogya no tena me mu, na me nso metena ne mu. 57Sɛdeɛ Agya a ɔte aseɛ no somaa me na Agya no nti mete aseɛ no, saa ara nso na deɛ ɔdi me honam no nso, me nti ɔbɛtena aseɛ. 58Yei ne paanoo a ɛfiri soro siane baeɛ no, ɛnte sɛ deɛ mo agyanom diiɛ, na wɔwuwuiɛ no; deɛ ɔdi paanoo yi bɛtena ase daa. 59Ɔrekyerɛkyerɛ Kapernaum hyiadan mu no na ɔkaa yeinom.
Asuafoɔ bi akyirisan
60Enti n’asuafoɔ no mu pii teeɛ no, wɔkaa sɛ: Asɛm yi yɛ den, hwan na ɔbɛtumi atie? 61Na Yesu tee nka wɔ ne mu sɛ n’asuafoɔ renwiinwii yei ho no, ɔsee wɔn sɛ: Yei to mo suntidua anaa? 62#3.13 Na afei, sɛ mohunu Onipa Ba no sɛ ɔrekɔ soro, faako a ɔwɔ kane no nso ɛ? 63#2 Ko 3.6 Honhom ne deɛ ɛma nkwa, ɔhonam deɛ, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa. 64#Yoh 13.11 Na mo mu binom wɔ hɔ a wɔnnye nnie. Na Yesu nim wɔn a wɔnnye nnie no firi mfitiaseɛ, ne deɛ ɔbɛyi no ama no. 65#Yoh 6.44 Na ɔkaa sɛ: Yei nti na maka makyerɛ mo sɛ: Obiara ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ Agya no de ama no ansa. 66Ɛfiri ɛno soɔ no, n’asuafoɔ mu pii sanee wɔn akyiri, na wɔne no annante bio.
Petro paemuka
67Ɛnna Yesu see dummienu no sɛ: Mo nso, mopɛ sɛ mokɔ bi anaa? 68#Yoh 6.63 Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkorɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm; 69#Yoh 1.50; 11.27; Mat 16.16 na yɛagye adi, na yɛahunu sɛ wone Nyankopɔn Kronkronni no. 70Yesu buaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mayi mo dummienu yi anaa? Nso mo mu baako yɛ ɔbonsam! 71Ɔne Yuda Iskariot, Simon ba; na ɔno na ɔrebɛyi no ama, nso ɔyɛ dummienu no mu baako.

Currently Selected:

Yohane 6: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in

YouVersion uses cookies to personalize your experience. By using our website, you accept our use of cookies as described in our Privacy Policy