YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 9

9
Yaredɔm kunkum mmoa
1 # Eks 5.1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Ma me man no nkɔ nkɔsom me. 2Na sɛ woampene amma wɔankɔ na wokɔ so tintim wɔn so a, 3#Eks 3.20 hwɛ, AWURADE nsa bɛda wo mmoa a wɔwɔ wiram so, na ɔde owuo a ano yɛ den kɛse bɛba apɔnkɔ, mfunumu, yoma, anantwie ne nnwan so. 4Na AWURADE de nsonsonoeɛ bɛto Israel mmoa ne Misraim mmoa ntam, na deɛ ɛyɛ Israelfoɔ dea no mu biara renwu. 5Na AWURADE hyɛɛ da sɛ: Ɔkyena na AWURADE bɛyɛ yei wɔ asase soɔ. 6Na adeɛ kyeeɛ no, AWURADE yɛɛ saa adeɛ no, na Misraim mmoa nyinaa wuwui, na Israel mmoa no mu baako mpo anwu. 7#Eks 4.21 Na Farao soma maa wɔkɔhwɛe, na hwɛ, na Israelfoɔ mmoa no mu baako mpo nwui. Nanso Farao akoma yɛɛ den ara, na wamma ɔman no ankɔ.
Mpɔmpɔ yaredɔm
8Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Momfa fononoo mu nso nsa ma, na Mose nto mpete ahunum wɔ Farao anim, 9#Deut 28.27 na ɛnnane Misraim asase nyinaa so tutuo, na ɛnyɛ nnipa ne mmoa ho mpɔmpɔ a ɛpaepae tutu akuro Misraim asase nyinaa so. 10#Adi 16.2 Na wɔsesaa fononoo mu nso, na wɔkɔgyinaa Farao anim, na Mose de petee ahunum, na ɛdanee nnipa ne mmoa ho mpɔmpɔ a ɛpaepae tutu akuro. 11Na mpɔmpɔ no nti akɔmfoɔ no antumi annyina Mose anim, ɛfiri sɛ na mpɔmpɔ no asisi akɔmfoɔ ne Misraimfoɔ nyinaa. 12#Eks 4.21 Na AWURADE pirim Farao akoma, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no.
Ɔsoro aboɔ
13 # Eks 5.1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tua anɔpahema kɔgyina Farao anim, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Ma me man nkɔ nkɔsom me. 14#Eks 8.10 Na afei deɛ, merema me haw nyinaa aba w’akoma so ne wo nkoa ne wo man mu, na woahunu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ me wɔ asase nyinaa so. 15Na afei sɛ matene me nsa na mede owuyadeɛ mabɔ wo ne wo man a, anka wɔatwa wo afiri asase so. 16#Eks 7.3; 14.4; Rom 9.17 Nanso yei nti na mema wogyina hɔ, sɛ mɛyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so. 17Woda so ma wo ho so na wosi me man kwan sɛ woremma wɔnkɔ. 18#Hiob 38.22 Hwɛ, ɔkyena sɛsɛɛ mɛma ɔsoro aboɔ a emu yɛ duro pa a ɛso bi mmaa Misraim da firi da a wɔhyɛɛ aseɛ de abɛduru nnɛ yi atɔ. 19Na afei soma ma wɔnkɔfa wo mmoa ne wo biribiara a ɛwɔ wiram mmra ntɛm; onipa biara afieboa biara a wɔbɛhu no wiram na wɔamfa no amma fie no, sɛ ɔsoro aboɔ no gu wɔn so a, wɔbɛwuwu. 20Farao nkoa mu, deɛ ɔsuro AWURADE asɛm no de ne nkoa ne ne mmoa dwane baa fie; 21na deɛ wammu AWURADE asɛm no deɛ, ɔgyaa ne nkoa ne ne mmoa wɔ wiram. 22Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tene wo nsa kɔ ahunum, na ɔsoro aboɔ ntɔ Misraim asase nyinaa so, nnipa ne mmoa ne wiram nhahan nyinaa so wɔ Misraim asase so. 23#Adi 16.21 Na Mose tenee ne poma no kɔɔ ahunum, na AWURADE maa aprannaa ne ɔsoro aboɔ bae, na ogya pore guu asase so, na AWURADE maa ɔsoro aboɔ tɔɔ Misraim asase so. 24Na ɔsoro aboɔ ne ogya a ɛdɛre framfram toatoam a ɛfra ɔsoro aboɔ no mu a ano yɛ den pii pa a ɛso bi mmaa Misraim asase nyinaa so da firi da a ɛyɛɛ ɔman no bae. 25Na ɔsoro aboɔ no guu Misraim asase nyinaa so, deɛ ɛwɔ wiram nyinaa, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na ɔsoro aboɔ no guu wiram nhahan nyinaa so, na ɛbubuu wiram nnua nyinaa. 26Gye Gosen asase a Israelfoɔ wɔ soɔ no so nko na ɔsoro aboɔ no bi antɔ.
27 # Eks 10.16 Ɛnna Farao soma maa wɔbɛfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei deɛ, mayɛ bɔne, AWURADE ne ɔteneneeni, na me ne me man ne abɔnefoɔ. 28#Eks 8.8 Mompa AWURADE kyɛw, na Nyankopɔn aprannaa ne ɔsoro aboɔ no nnyae, na adɔɔso, na mɛma moakɔ na morentena ha bio. 29Ɛnna Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Mefiri adi mefiri kuro no mu ara pɛ a, mɛtrɛ me nsam makyerɛ AWURADE, na aprannaa no to bɛtwa, na ɔsoro aboɔ no antɔ bio, na woahunu sɛ AWURADE na asase wɔ no. 30Na wo ne wo nkoa deɛ, menim sɛ monnya nsuroo AWURADE Nyankopɔn. 31Na ɛguu asaawa ne atokoɔ so, nso na atokoɔ no ayɛ mmɛtem, na asaawa no nso reyɛ agu nhyerɛne. 32Na ayuo ne kɔkɔte deɛ, angu so bi, ɛfiri sɛ ɛno ka akyi. 33Na Mose firii Farao nkyɛn, na ɔfirii kuro no mu kɔtrɛɛ ne nsam kyerɛɛ AWURADE, na aprannaa ne ɔsoro aboɔ no to twae, na osuo no gyaee asase no so guo. 34Na Farao hunuu sɛ osutɔ ne ɔsoro aboɔ ne aprannaa no to atwa no, ɔsane yɛɛ bɔne bio, na ɔpirimm n’akoma, ɔno ne ne nkoa.
35 # Eks 4.21 Na Farao akoma pirimii ara, na wamma Israelfoɔ no ankɔ, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so kaeɛ no.

Currently Selected:

Eksodɔs 9: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in