YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 10

10
Ntutummɛ ba
1Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn, na mapirim ɔne ne nkoa akoma, na mayi me nsɛnkyerɛnneɛ yi adi wɔ wɔn mu, 2#Eks 6.2-7 na woaka deɛ meyɛeɛ wɔ Misraim ne me nsɛnkyerɛnneɛ a meyii no adie wɔ wɔn mu no wɔ wo ba ne wo ba ba aso mu, na moahunu sɛ mene AWURADE. 3#Eks 5.3 Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Wobɛma wo ho so wɔ m’anim akɔsi da bɛn? Ma me man nkɔ nkɔsom me. 4Na sɛ woampene amma me man ankɔ a, hwɛ, ɔkyena mɛma ntutummɛ aba w’asase so, 5na wɔabɛkata ani a obi renhunu asase ani, na wɔabɛdi nnikaeɛ a ɔsoro aboɔ no gya maa no ka maa mo no, na wɔabɛdi nnua a ɛrefefɛ ama mo wɔ mfuo mu no nyinaa, 6na wɔabɛyeyɛ w’afie mu ne wo nkoa nyinaa afie mu ne Misraimfoɔ nyinaa afie mu amaama, sɛdeɛ wo nananom ne wɔn nananom nhunuu bi pɛn firi da a wɔbaa asase soɔ bɛduru nnɛ. Na ɔdanee ne ho firii Farao nkyɛn.
7Ɛnna Farao nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Da bɛn ara na oyi nteetee yɛn ara nkɔsie? Ma nnipa no nkɔ nkɔsom AWURADE wɔn Nyankopɔn. Wonnya nhunuu sɛ Misraim resɛe anaa? 8Na wɔde Mose ne Aaron sane baa Farao anim bio, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsom AWURADE mo Nyankopɔn. Ɛhefoɔ ne wɔn a wɔbɛkɔ no? 9#Eks 5.1 Na Mose se: Yɛde yɛn mmɔfra ne yɛn mpanin na ɛrekorɔ; yɛde yɛn mmabanin ne yɛn mmammaa, yɛn nnwan ne yɛn anantwie na ɛrekorɔ, ɛfiri sɛ yɛwɔ fa bi hyɛ ma AWURADE. 10Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: A, ɛnneɛ AWURADE nni mo akyi ɛ, sɛ merema mo ne mo mma akorɔ yi! Mahunu sɛ bɔne na mopɛ sɛ moyɛ yi. 11Dabi da! Mo mmarima na monkɔ nkɔsom AWURADE, na ɛno ara na mohwehwɛ. Na wɔpamm wɔn firii Farao anim.
Ntutummɛ no
12 # Eks 9.32 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ntutummɛ no nti tene wo nsa wɔ Misraim asase so, na wɔmmra Misraim asase so, na wɔmmɛwe asase no so nhahan nyinaa, deɛ ɔsoro aboɔ no gyaeɛ no nyinaa. 13Na Mose tenee ne poma no wɔ Misraim asase so, na AWURADE maa apueeɛ mframa bɔ faa asase no so da no nyinaa ne anadwo no nyinaa. Na adeɛ kyeeɛ no, apueeɛ mframa no de ntutummɛ no bae. 14Na ntutummɛ no baa Misraim asase no so nyinaa, na wɔbɛguu Misraim nyinaa, na wɔdɔɔso pii. Ebi nnii wɔn anim mmaa pɛn a ɛte sɛ wɔn, na wɔn akyiri nso ebi remma saa bio. 15Na wɔkataa asase no nyinaa ani maa esum duruu asase no so, na wɔdii asase no so nhahan nyinaa ne nnua a ɔsoro aboɔ no gyaeɛ no so aba nyinaa, na biribiara anka a ɛyɛ mono wɔ nnua mu ne mfuo mu nhahan mu wɔ Misraim asase no so nyinaa.
16 # Eks 9.27 Ɛnna Farao yɛɛ ntɛm soma maa wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron kaa sɛ: Mayɛ AWURADE mo Nyankopɔn ne mo bɔne. 17#Eks 8.8; 1 Sa 12.19 Na afei, fa me bɔne kyɛ me prɛko yi nko ara, na mompa AWURADE mo Nyankopɔn kyɛw, na ɔnyi owuo yi nko mfiri me so. 18#Num 11.2 Na ɔfirii Farao nkyɛn kɔ kɔpaa AWURADE kyɛw. 19Na AWURADE maa atɔeɛ mframa a ano yɛ den pii bae, na ɛbɛfaa ntutummɛ no kɔe, na ɛde wɔn kɔguu Mmɛwa Po#10.19 Deɛ kane no na yɛtaa frɛ no Ɛpo Kɔkɔɔ no. mu; ntutummɛ no baako mpo anka Misraim asase nyinaa so. 20#Eks 4.21 Na AWURADE pirim Farao akoma, na wamma Israelfoɔ no ankɔ.
Esum duru
21Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tene wo nsa kɔ ahunum, na esum nnuru Misraim asase so, na ɛnyɛ esum a wosɔ mu a ɛbɛyɛ yie. 22Na Mose tenee ne nsa kɔɔ ahunum, na esum kabii duruu Misraim asase no nyinaa so nnansa. 23Obiara anhunu ne yɔnko, na obiara ansɔre ne tenabea nnansa; na Israelfoɔ nyinaa deɛ, wɔnyaa hann wɔ deɛ na wɔteɛ hɔ.
24 # Eks 10.10 Ɛnna Farao frɛɛ Mose sɛ: Monkɔ nkɔsom AWURADE; mo nnwan ne mo anantwie nko ara na wɔmfa nsie ha; mo mma nso ne mo nkɔ. 25Na Mose kaa sɛ: Ɛsɛ sɛ wode afɔrebɔdeɛ a wɔkum na wɔhyeɛ nso hyɛ yɛn nsa, na yɛde akɔbɔ ama AWURADE yɛn Nyankopɔn. 26Na yɛn mmoa nso ne yɛn bɛkɔ, ɛrenka tɔte mpo; na ɛnonom bi na yɛde rekɔsom AWURADE yɛn Nyankopɔn. Na yɛn deɛ, yɛnnim deɛ yɛde bɛsom AWURADE gye sɛ yɛaduru ansa.
27 # Eks 4.21 Na AWURADE pirim Farao akoma, na wampɛ sɛ ɔma wɔkɔ. 28Na Farao ka kyerɛɛ no sɛ: Firi me so kɔ, hwɛ wo ho yie, na mma m’anim bio; na da a wobɛba m’anim no, wobɛwu. 29Na Mose buaa sɛ: Aane mate! Meremma w’anim bio.

Currently Selected:

Eksodɔs 10: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in