1
Eksodɔs 9:16
Twerɛ Kronkron
Nanso yei nti na mema wogyina hɔ, sɛ mɛyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.
Compare
Explore Eksodɔs 9:16
2
Eksodɔs 9:1
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Ma me man no nkɔ nkɔsom me.
Explore Eksodɔs 9:1
3
Eksodɔs 9:15
Na afei sɛ matene me nsa na mede owuyadeɛ mabɔ wo ne wo man a, anka wɔatwa wo afiri asase so.
Explore Eksodɔs 9:15
4
Eksodɔs 9:3-4
hwɛ, AWURADE nsa bɛda wo mmoa a wɔwɔ wiram so, na ɔde owuo a ano yɛ den kɛse bɛba apɔnkɔ, mfunumu, yoma, anantwie ne nnwan so. Na AWURADE de nsonsonoeɛ bɛto Israel mmoa ne Misraim mmoa ntam, na deɛ ɛyɛ Israelfoɔ dea no mu biara renwu.
Explore Eksodɔs 9:3-4
5
Eksodɔs 9:18-19
Hwɛ, ɔkyena sɛsɛɛ mɛma ɔsoro aboɔ a emu yɛ duro pa a ɛso bi mmaa Misraim da firi da a wɔhyɛɛ aseɛ de abɛduru nnɛ yi atɔ. Na afei soma ma wɔnkɔfa wo mmoa ne wo biribiara a ɛwɔ wiram mmra ntɛm; onipa biara afieboa biara a wɔbɛhu no wiram na wɔamfa no amma fie no, sɛ ɔsoro aboɔ no gu wɔn so a, wɔbɛwuwu.
Explore Eksodɔs 9:18-19
6
Eksodɔs 9:9-10
na ɛnnane Misraim asase nyinaa so tutuo, na ɛnyɛ nnipa ne mmoa ho mpɔmpɔ a ɛpaepae tutu akuro Misraim asase nyinaa so. Na wɔsesaa fononoo mu nso, na wɔkɔgyinaa Farao anim, na Mose de petee ahunum, na ɛdanee nnipa ne mmoa ho mpɔmpɔ a ɛpaepae tutu akuro.
Explore Eksodɔs 9:9-10
Home
Bible
Plans
Videos