YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 17

17
Nsuo firi ɔbotan mu ba
(Numeri 20.1-13)
1Na Israelfoɔ asafo no nyinaa tu firii Sin serɛ no so, wɔn atutena a wɔdii no AWURADE anomu asɛm soɔ no mu, na wɔbɛkyeree nsraban wɔ Refidim, nso na nsuo a ɔman no bɛnom nni hɔ. 2#Deut 6.16; 1 Ko 10.9 Enti ɔman no ne Mose hamee, na wɔse: Ma yɛn nsuo nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mo ne me ham? Adɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ? 3Nanso sukɔm dee ɔman no wɔ hɔ; na ɔman no nwiinwii tiaa Mose kaa sɛ: Adɛn nti na woyii yɛn firii Misraim sɛ wode sukɔm rebɛkum yɛn, yɛn mma ne yɛn mmoa yi? 4#Num 14.10 Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: Ɛdeɛn na mennyɛ memma ɔman yi? Aka kumaa na wɔasi me aboɔ.
5 # Eks 7.20 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sene di ɔman no anim, na fa Israel mpanin mu bi ka wo ho, na fa wo poma a wode bɔɔ Asuo Nil mu no kura wo nsam kɔ. 6#Num 20.11; 1 Ko 10.4 Hwɛ, mɛgyina w’anim wɔ Horeb botan no so hɔ, na bɔ ɔbotan no, na nsuo bɛfiri mu aba, na ɔman no anom. Na Mose yɛɛ saa wɔ Israel mpanin no anim. 7#Dwom 95.8-9 Na Israelfoɔ no ham ne sɔ a wɔsɔɔ AWURADE hwɛɛ sɛ “AWURADE wɔ yɛn mu anaasɛ ɔnni yɛn mu” no nti, ɔfrɛɛ hɔ Masa#17.7 MASA: Asekyerɛ ne: Sɔhwɛ. ne Meriba.#17.7 MERIBA: Asekyerɛ ne: Ɔham.
Wɔdi Amalek so nkonim
8Na Amalek bae ne Israel bɛkoe wɔ Refidim. 9#Num 13.8, 16 Na Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi mmarima ma yɛn, na firi adi kɔ, na wo ne Amalek nkɔko. Ɔkyena me deɛ, mɛgyina kokoɔ no atifi, na makura Nyankopɔn poma no wɔ me nsam. 10Na Yosua yɛɛ sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ no no, ne Amalek kɔkoe, na Mose, Aaron ne Hur foroo kokoɔ no kɔɔ atifi. 11Na sɛ Mose ma ne nsa so a, Israel di nim, na sɛ ɔgyaa ne nsam a, Amalek di nim. 12Na Mose nsa yɛɛ duru, enti wɔfaa ɔboɔ de too n’ase, na ɔtenaa so, na Aaron ne Hur sosɔɔ ne nsa no mu, ɔbaako wɔ ha, na ɔbaako nso wɔ ha, na ne nsa no yɛɛ pintinn kɔsii sɛ owia tɔeɛ. 13Na Yosua dwɛree Amalek ne ne man nkrantɛ ano. 14#Deut 25.17-19; 1 Sa 15.2-3 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Twerɛ yei hyɛ nwoma bi mu fa yɛ nkaeɛ, na ka hyɛ Yosua aso mu sɛ pepa na mɛpepa Amalek nkaeɛ afiri asase so.
15Na Mose sii afɔrebukyia, na ɔtoo din Yahwe-nissi (aseɛ ne: AWURADE ne me frankaa), 16na ɔkaa sɛ: AWURADE aka ntam, AWURADE ne Amalek bɛdi ako firi awoɔ ntoatoasoɔ so de akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.

Currently Selected:

Eksodɔs 17: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in