YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 16

16
Onyankopɔn ma wɔn aduane firi soro
1Na wɔtu firii Elim, na Israelfoɔ asafo no nyinaa baa Sin serɛ a ɛda Elim ne Sinai ntam no so. Wɔfirii Misraim asase soɔ no, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dadu nnanum ne no.
2 # Eks 17.2 Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne Aaron ɛserɛ so hɔ. 3#Eks 14.11 Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anka AWURADE mma yɛnwuwu ne nsa ano, Misraim asase a na yɛtete nam nkukuo ho na yɛdidi meeɛ no so! Na moayi yɛn aba ɛserɛ yi so sɛ mode ɛkɔm rebɛkunkum asafo mu yi nyinaa.
4 # Yoh 6.31; 1 Ko 10.3 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, merebɛma aduane afiri soro atɔ ama mo, na ɔman no mfiri adi da biara nkɔtase deɛ ɛbɛso wɔn ano da koro, na mensɔ wɔn menhwɛ sɛ wɔbɛdi me mmara so anaasɛ wɔrenni so. 5Na da a ɛtɔ so nsia no, wɔresiesie deɛ wɔfa no a, nyɛ deɛ wɔtase daa no mmɔho. 6Na Mose ne Aaron ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ: Anwummerɛ na mobɛhunu sɛ AWURADE na ɔyii mo Misraim asase soɔ; 7na anɔpa na mobɛhunu AWURADE animuonyam, ɛfiri sɛ wate mo anwiinwii a monwiinwii tia AWURADE no; na yɛn deɛ, yɛne hwannom a monwiinwii tia yɛn? 8Na Mose se: AWURADE bɛma mo nam adi anwummerɛ, ne aduane adi amee anɔpa, ɛfiri sɛ AWURADE ate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no; na yɛn ne hwannom koraa? Ɛnyɛ yɛn na monwiinwii tia, na mmom AWURADE. 9Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ka kyerɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa sɛ: Montwe mpini AWURADE anim, ɛfiri sɛ wate mo anwiinwii no. 10#Num 12.5; 14.10; 16.19 Na Aaron rekasa akyerɛ Israelfoɔ asafo nyinaa no, wɔdanedanee wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so, na hwɛ, AWURADE animuonyam yii adi mununkum no mu. 11Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mate Israelfoɔ anwiinwii no. 12Ka kyerɛ wɔn sɛ: Anwummerɛ mobɛdi nam, na anɔpa moadi aduane amee, na moahunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn. 13#Num 11.31 Na anwummerɛ no, mmoko maa wɔn ho so ba bɛkataa nsraban no so; na anɔpa no, obosuo guu nsraban no ho hyiae. 14Na obosuo a ɛguiɛ no gyaeɛ no, na hwɛ, na biribi nkorowankorowa nketenkete gugu ɛserɛ no ani, nketenkete te sɛ fam bosuo nkyenkyeneeɛ. 15#Eks 16.4 Na Israelfoɔ no hunuiɛ no, wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛdeɛn nie?#16.15 Hebri no ka sɛ: Man hu? Ɛfiri sɛ na wɔnnim adekodeɛ. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei ne aduane a AWURADE de ama mo sɛ monnie no.
16Asɛm a AWURADE ahyɛ nie: Montase bi sɛdeɛ obiara bɛdie, bɛyɛ olonka mmaako mmaako; sɛdeɛ mo nnipa dodoɔ teɛ na montase. Obiara ntase mma wɔn a wɔwɔ ne ntomadan mu no. 17Na Israelfoɔ no yɛɛ saa; na wɔtasee, ebinom deɛ pii, ebinom deɛ kakraa bi. 18#2 Ko 8.15 Na wɔde olonka susui, na deɛ ɔtasee pii no annya akyire bi, na deɛ ɔtasee kakraa bi no anka no bi. Wɔn nyinaa tasee sɛdeɛ wɔbɛdie. 19#Mat 6.34; Luk 11.3 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obiara nnnya bi mmma adeɛ nnkye so. 20Nanso wɔantie Mose, na ebinom gyaa bi ma adeɛ kyee so; na ɛdɔree mmoaa na ɛbɔnee. Na Mose bo fuu wɔn. 21Na wɔtasee anɔpa anɔpa, obiara sɛdeɛ ɔbɛdie; na owia mu yɛ den a, na anane.
22Na da a ɛtɔ so nsia no, wɔtasee aduane no mmɔho, ɔbaako deɛ olonka dummienu. Na asafo no mu mpanimfoɔ nyinaa ba bɛka kyerɛɛ Mose. 23#Gye 2.2-3; Eks 20.8 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Deɛ AWURADE aka nie: Ɔkyena yɛ ɔhome, homeda kronkron a wɔdi ma AWURADE, monto deɛ mowɔ to, na monnoa deɛ mowɔ noa; na deɛ ɛbɛka no, momfa nsie nkɔsi anɔpa. 24Na wɔde sie kɔsii anɔpa, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no; na ammɔn, nso na mmoaa biara nni mu.
25Na Mose kaa sɛ: Monni no nnɛ, na ɛnnɛ yɛ homeda a wɔdi ma AWURADE; ɛnnɛ morenhunu bi wiram. 26Nnansia na montase, na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda, ɛda no deɛ, ebi rentɔ. 27Na da a ɛtɔ so nson no, nkurɔfoɔ no mu bi firii adi sɛ wɔrekɔtase, nanso wɔannya bi. 28Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mobɛpo m’ahyɛdeɛ ne me mmara so die akɔsi da bɛn? 29Monhwɛ, sɛ AWURADE ama mo homeda nti na da a ɛtɔ so nsia no ɔma mo nnanu aduane; montenatena mo afie mu; mma obiara mmfiri adi mmfiri ne tenabea da a ɛtɔ so nson no. 30Ɛnna ɔman no homee da a ɛtɔ so nson no. 31Na Israelfoɔ frɛɛ aduane no “mana”; nso ɛte sɛ wisa aba fitaa, na ne dɛ te sɛ taterɛ a ɛwoɔ wɔ mu.
32Na Mose kaa sɛ: Asɛm a AWURADE ahyɛ nie: Momfa ebi nhyɛ olonka ma mfa nsie awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba mo akyire no, na wɔahunu aduane a mede memaa mo diiɛ wɔ ɛserɛ soɔ berɛ a meyii mo Misraim asase soɔ no. 33#Heb 9.4 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa kuruwa bi, na fa mana olonka ma gu mu, fa si AWURADE anim, na wɔmfa nsie mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. 34Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, Aaron de sii Adanseɛ no anim sɛ wɔde resie. 35#Yos 5.12 Na Israelfoɔ dii mana mfirinhyia aduanan de kɔsii sɛ wɔduruu asase bi a nkurɔfoɔ bi te soɔ so; wɔdii mana de kɔsii sɛ wɔduruu Kanaan asase no hyeɛ soɔ. 36Nso olonka yɛ efa du mu baako.

Currently Selected:

Eksodɔs 16: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in