YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 18

18
Yetro ba Mose nkyɛn
1 # Eks 3.1 Na Yetro, Midian sɔfoɔ a ɔyɛ Mose ase no tee nnoɔma a Onyankopɔn ayɛ ama Mose ne ne man Israel no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ayi Israel afiri Misraim no. 2#Eks 4.20 Na Yetro, Mose ase no, faa Mose yere Sipora a wama no asane korɔ no 3#Eks 2.22 ne ne mmabanin baanu no, ɔbaako din de Gersom, (ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: Mayɛ amannɔne hɔhoɔ), 4na ɔbaako no nso din de Eliesa, (ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: M’agya Nyankopɔn ne me boafoɔ, na wayi me afiri Farao nkrantɛ ano). 5Na Yetro, Mose ase no, ne ne mma no ne ne yere baa Mose nkyɛn wɔ ɛserɛ no so, faako a wabɛkyere nsraban hɔ, Nyankopɔn bepɔ no ho. 6Na obi ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, w’ase Yetro, ne wo yere ne ne mma baanu reba wo nkyɛn.
7Na Mose firii adi kɔhyiaa n’ase, na ɔkotoo no fee n’ano, na wɔkyeakyeaa wɔn ho wɔn ho, na wɔbaa ntomadan mu. 8Na Mose kaa nnoɔma a Israel nti AWURADE ayɛ Farao ne Misraim nyinaa, ne amaneɛ a ɛtoo wɔn kwan no soɔ nyinaa, ne sɛdeɛ AWURADE yii wɔn no kyerɛɛ n’ase. 9Na Yetro ani gyee papa a AWURADE ayɛ ama Israel sɛ ɔyii wɔn firii Misraimfoɔ nsam no nyinaa ho. 10Na Yetro kaa sɛ: Nhyira nka AWURADE a ɔyii mo firii Misraimfoɔ ne Farao nsam no. 11#Neh 9.10 Afei na mahunu sɛ AWURADE yɛ kɛseɛ sene anyame nyinaa, ɛfiri sɛ ɔyii ɔman no firii Misraim nsam, berɛ a wɔredi wɔn so ahantansɛm. 12Na Yetro, Mose ase no, de ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ brɛɛ Onyankopɔn. Na Aaron ne Israel mpanin nyinaa baa sɛ wɔne Mose ase rebɛdidi wɔ Nyankopɔn anim.
Wɔyiyi atemmufoɔ
(Deuteronomium 1.9-18)
13Na adeɛ kyeeɛ no, Mose tenaa ase sɛ ɔresiesie ɔmanfoɔ no ntam asɛm; na ɔman no gyinaa Mose ho firi anɔpa kɔsii anwummerɛ. 14Na Mose ase no hunuu deɛ ɔreyɛ ɔman no nyinaa no, ɔkaa sɛ: Ɛdeɛn ne deɛ woreyɛ ɔman no yi? Adɛn nti na wo nko ara wote hɔ, na ɔman no nyinaa gyinagyina wo ho firi anɔpa abɛduru anwummerɛ yi? 15Na Mose ka kyerɛɛ n’ase sɛ: Ɔman no ba me nkyɛn bɛhwehwɛ Onyankopɔn hɔ akwankyerɛ. 16Sɛ wɔnya asɛm bi a, wɔba me nkyɛn, na mesiesie onipa ne ne yɔnko ntam, na mekyerɛ wɔn Nyankopɔn ahyɛdeɛ ne ne mmara. 17Na Mose ase no ka kyerɛɛ no sɛ: Deɛ woyɛ yi nyɛ. 18#Num 11.14; Deut 1.9 Brɛ na wo ne ɔman a wɔka wo ho yi bɛbrɛ, ɛfiri sɛ adwuma yi yɛ den dodo ma wo, na wo nko ara rentumi nyɛ. 19Afei tie me nne, mɛtu wo fo, na Onyankopɔn nni w’akyi: Wo deɛ, gyina Nyankopɔn anim ma ɔman no, na fa nsɛm no brɛ Onyankopɔn, 20na kyerɛkyerɛ wɔn ahyɛdeɛ ne mmara ahodoɔ no mu, na ma wɔnhunu kwan ko a wɔmfa soɔ ne deɛ wɔnyɛ. 21Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔfata, wɔsuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafoɔ na wɔnyɛ sikanibereɛ, na fa wɔn sisi wɔn so, apem apem so mpanin, ɔha ɔha so mpanin, aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin. 22Na wɔnsiesie ɔman no mu nsɛm berɛ nyinaa mu; na asɛnkɛseɛ biara deɛ, wɔmfa mmrɛ wo, na nsɛm nketewa nyinaa deɛ, wɔn ara wɔnni, na ama no ayɛ wo so hare, na wɔne wo asɔ mu. 23Sɛ woyɛ yei sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛ wo yi a, ɛno na wobɛtumi agyina, na ɔman yi nyinaa nso bɛkɔ wɔn tenabea dwoodwoo. 24Ɛnna Mose tiee n’ase asɛm no, na ɔyɛɛ deɛ ɔka kyerɛɛ no no nyinaa. 25Na Mose yiyii Israel nyinaa mu nnipa a wɔfata, na ɔde wɔn sisii ɔman no so atitire, apem apem so, ɔha ɔha so, aduonum aduonum so, ne du du so mpanin. 26Na wɔsiesie ɔman no mu nsɛm nyinaa, na nsɛm a ɛyɛ den no, wɔde brɛɛ Mose, na nsɛm nketewa deɛ, wɔn ara dii.
27Na Mose kɔgyaa n’ase kwan, na ɔkɔɔ ɔno ara n’asase so.

Currently Selected:

Eksodɔs 18: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in