YouVersion Logo
Search Icon

Asomafoɔ 5

5
Atorɔdie ho asotwe
1Na ɔbarima bi a ne din de Anania ne ne yere Safira kɔtɔnee asase bi, 2#Aso 4.37 na ɔyii tiri adeɛ no bi sieeɛ, a ne yere nso nim, na ɔde ɔfa bi brɛɛ asomafoɔ no. 3#Yoh 13.2 Na Petro kaa sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ w’akoma ma sɛ bɛdi atorɔ kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no tiri adeɛ bi asie? 4Ɛwɔ hɔ no, na ɛnyɛ wo dea? Na wotɔneeɛ no nso, ɛnni wo ara wo nsam? Adɛn na wofaa saa adwene yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atorɔ akyerɛ wɔn, na ɛyɛ Onyankopɔn. 5Na Anania tee nsɛm yi no, ɔhwee ase wui. Na ehu kɛseɛ baa wɔn a wɔtee yeinom nyinaa so. 6Na mmeranteɛ no sɔre kyekyeree no, na wɔde no firii adi kɔsiee no. 7Na ɛbaa sɛ ɛbɛyɛ nnɔnhwere mmiɛnsa akyiri no, ne yere a na ɔnnim deɛ asie no baa mu. 8Na Petro bisaa no sɛ: Motɔn asase no gyee saa anaa? Ka kyerɛ me! Na ɔse: Aane, saa ara. 9Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moayɛ nokorɔ sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wɔkɔsiee wo kunu no nan tiatia aboboano, na wɔbɛsoa wo nso afiri adi. 10Na amonom hɔ ara ɔhwee ne nan ase wui. Na mmeranteɛ no ba bɛhunuu no sɛ wawuo no, wɔsoaa no firii adi kɔsiee no ne kunu nkyɛn. 11Na ehu kɛseɛ kaa asafo mu no nyinaa ne wɔn a wɔtee yeinom nyinaa.
Anwanwadeɛ ahodoɔ
12 # Aso 3.11 Na wɔnam asomafoɔ no nsa so yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ pii ɔman no mu. Na wɔn nyinaa de akoma korɔ wɔ Salomo abrannaa so. 13Na wɔn a aka no mu biara ansi ne bo sɛ ɔde ne ho bɛbɔ wɔn ho, nanso ɔman no buu wɔn kɛseɛ. 14#Aso 2.47; 6.7 Na nnipa bebree a wɔgye diiɛ, mmarima ne mmaa bebree bɛkaa Awurade asafo no ho. 15#Aso 19.11-12 Na ɛmaa wɔde ayarefoɔ firii adi baa mprama so bɛtotoo mpa ne kɛtɛ so, na sɛ Petro retwam a, ne sunsum atɔ wɔn mu bi so. 16Na nkuro a atwa ahyia Yerusalem ho no mu nnipa pii nso bɛhyiaa Yerusalem, de ayarefoɔ ne wɔn a ahonhom fi ha wɔn bae, na wɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.
Wɔyi asomafoɔ no firi afiase
17 # Aso 4.1; 4.6 Na ɔsɔfo panin ne wɔn a wɔka ne ho a wɔfiri Sadukifoɔ fekuo mu no nyinaa sɔreeɛ, na anibereɛ nti, 18wɔto hyɛɛ asomafoɔ no so de wɔn kɔguu kwasafo afiase. 19#Aso 12.7 Na Awurade bɔfoɔ bɛhinii afiase no apono anadwo, na ɔde wɔn firi adi kaa sɛ: 20Monkɔ nkɔgyina asɔrefie nka nkwa yi nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔman no.
Wɔkyerɛkyerɛ asɔrefie
21Na wɔteeɛ no, wɔkɔɔ asɔrefie ahemadakye kɔkyerɛkyerɛe. Na ɔsɔfo panin ne wɔn a wɔka ne ho no bae, na wɔfrɛɛ badwafoɔ ne Israel mma mpanimfoɔ nyinaa hyiae, na wɔsoma maa wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa wɔn mmra. 22Na asomfoɔ no kɔɔ hɔ na wɔanhu wɔn afiase hɔ no, wɔsane bɛkaa 23sɛ: Afiase no deɛ, yɛhunuu sɛ wɔato mu yie pɛpɛɛpɛ, na awɛmfoɔ no gyina akyire apono no ano; nanso yɛhiniiɛ no, yɛanhunu obiara wɔ mu. 24Na asɔrefie safohene ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no tee nsɛm yi no, wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee wɔ ho sɛ, yei bɛyɛ deɛn nie? 25Na obi ba bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, mmarima a mode wɔn guu afiase no gyina asɔrefie rekyerɛkyerɛ ɔman no.
Petro di owusɔreɛ ho adanseɛ
26Ɛnna ɔsafohene ne asomfoɔ no firi hɔ kɔ kɔfaa wɔn baeɛ, ɛnyɛ anibereɛ so, ɛfiri sɛ na wɔsuro ɔman no sɛ anyɛ a wɔbɛsi wɔn aboɔ. 27Na wɔde wɔn ba bɛgyinaa wɔn dwa no mu, na ɔsɔfo panin no bisaa wɔn 28#Aso 4.18; Mat 27.25 sɛ: Yɛammara mo ketee sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu anaa? Na hwɛ, mode mo nkyerɛkyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma, na mopɛ sɛ mode onipa yi mogya ba yɛn soɔ. 29#Aso 4.19; Dan 3.18 Na Petro ne asomafoɔ no buaa sɛ: Ɛsɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn mmom sene nnipa. 30#Aso 3.15 Yɛn agyanom Nyankopɔn nyanee Yesu a mosɛnee no dua so kumm no no; 31#Aso 2.33 ɔno na Onyankopɔn maa no so kɔɔ ne nifa sɛ Ɔsafohene ne Agyenkwa, sɛ ɔmma Israel adwensakyera ne bɔne fakyɛ. 32#Luk 24.48; Yoh 15.26-27 Aane, yɛn, yɛyɛ yeinom ho adansefoɔ, na saa ara nso na Honhom Kronkron a Onyankopɔn de ma wɔn a wɔtie no no yɛ. 33#Aso 7.54 Na wɔteeɛ no, ɛtwii wɔn na wɔtuu agyina sɛ wɔbɛku wɔn.
Gamaliel afotuo
34 # Aso 22.3 Na badwafoɔ no mu baako a ɔyɛ Farisini, a ne din de Gamaliel, a ɔyɛ mmarakyerɛni, a ɔman no nyinaa bu no sɔre hyɛɛ sɛ wɔmfa nnipa no mfiri adi kakra. 35Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel mmarima, monhwɛ mo ho yie nnipa yi ho wɔ deɛ mo ne wɔn rebɛdie yi ho. 36Na ɛnkyɛree na Teuda a ɔyɛɛ ne ho sɛ obi sɔreeɛ, na mmarima a wɔn ano bɛyɛ sɛ ahanan de wɔn ho bɔɔ ne ho; ɔno na wɔkumm no, na wɔn a wɔtiee no nyinaa hwetee, na wɔyɛɛ ɔkwa. 37Oyi akyiri no, Galileani Yuda sɔree berɛ a na wɔrekan nnipa no mu, na ɔtwee nkurɔfoɔ bebree dii n’akyi; na ɔno nso wuiɛ, na wɔn a wɔtiee no nyinaa bɔ hweteeɛ. 38#Mat 15.13 Na afei deɛ, mese mo sɛ: Monyi mo ho mfiri nnipa yi ho, na monnyaa wɔn! Na sɛ ebia agyina yi anaa adwuma yi firi nnipa a, ɛbɛsɛe. 39#Aso 9.5 Na sɛ nso ɛfiri Onyankopɔn a, montumi nsɛe wɔn, na moammɛyɛ sɛ mo ne Onyankopɔn mpo na ɛreko.
Wɔgyaa asomafoɔ no
40 # Aso 22.19 Na wɔtiee no, na wɔfrɛɛ asomafoɔ no bae, na wɔhwee wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnkasa Yesu din mu, na wɔgyaa wɔn. 41#Mat 5.10-12; 1 Pe 4.13 Ɛnna wɔde anigyeɛ firii badwafoɔ no anim kɔeɛ sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora. 42Na wɔannyae sɛ daa nyinaa wɔka asɛmpa no na wɔkyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie ne afie mu sɛ Yesu ne Kristo no.

Currently Selected:

Asomafoɔ 5: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in