YouVersion Logo
Search Icon

Asomafoɔ 6

6
Asafo mu asomfo yie
1 # Aso 4.35 Na nna no mu a asuafoɔ no redɔɔso no, huhuhuhu baa Helenifoɔ no mu tiaa Hebrifoɔ no sɛ wɔbu wɔn ani gu wɔn akunafoɔ so daa ɔhwɛ a wɔhwɛ wɔn no mu. 2Na dummienu no frɛɛ asuafokuo no bae, na wɔkaa sɛ: Ɛmfata sɛ yɛbɛgya Nyankopɔn asɛm akɔsom apono soɔ. 3#1 Ti 3.7-8 Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baason a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ahyɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so; 4na yɛn deɛ, yɛbɛkɔ so ara akura mpaebɔ ne anyamesɛm no som mu. 5#Aso 8.5 Na asɛm no sɔɔ nnipakuo no nyinaa ani. Na wɔyii Stefano, ɔbarima a gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma, ne Filipo ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao a ɔfiri Antiokia a wadane Yudani. 6#Aso 1.24; 13.3; 14.23 Yeinom na wɔde wɔn gyinaa asomafoɔ no anim, na wɔsɔree de wɔn nsa guu wɔn so.
7 # Aso 19.20 Na Nyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na asuafoɔ no dɔree pii wɔ Yerusalem, na asɔfoɔ no mu pii nso yɛɛ setie maa gyidie no.
Stefano kyerɛ
8Na Stefano a gyidie ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ ɔman no mu. 9Na nnipa bi a wɔfiri hyiadan a wɔfrɛ no Fawohodiefoɔ Hyiadan ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne wɔn a wɔfiri Kilikia ne Asia sɔreeɛ, na wɔne Stefano gyee akyinnyeɛ, 10#Luk 21.15 nanso wɔantumi annyina nyansa ne honhom a ɔde kasaeɛ no ano. 11#Mat 26.60-66 Ɛnna wɔne nnipa bi hyehyɛ maa wɔkaa sɛ: Yɛate sɛ ɔkaa abususɛm tiaa Mose ne Onyankopɔn. 12Na wɔhwanyann ɔman no ne mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no mu, na wɔbaa ne so bɛkyeree no twee no kɔɔ dwa mu. 13#Yer 26.11 Na wɔde adansekurumfoɔ bɛgyinaa hɔ a wɔse: Onipa yi nnyaee abususɛm a ɔka tia kronkronbea hɔ ne mmara no. 14Na yɛate sɛ ɔkaa sɛ: Yesu Nasareni yi bɛsɛe ha, na wasakyera amanneɛ a Mose de ama yɛn no. 15Na wɔn a wɔte dwa mu hɔ no nyinaa hwɛɛ no dinn, na wɔhunuu sɛ n’anim te sɛ ɔsoro bɔfoɔ bi anim.

Currently Selected:

Asomafoɔ 6: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in