YouVersion Logo
Search Icon

Asomafoɔ 4

4
Petro ne Yohane kyerɛ
1 # Luk 22.4; 22.52 Na wɔrekasa akyerɛ ɔman no no, asɔfoɔ ne asɔrefie safohene ne Sadukifoɔ baa wɔn so. 2#Aso 23.8 Na ɛyɛɛ wɔn ahi sɛ wɔrekyerɛkyerɛ ɔman no, na wɔreka awufoɔ mu sɔreɛ wɔ Yesu din mu, 3na wɔkyeree wɔn de wɔn kɔsiee sɛ adeɛ nkye; ɛfiri sɛ na enwunu adwo. 4#Aso 2.47 Nso wɔn a wɔtee asɛm no mu bebree gye diiɛ, na nnipa no dodoɔ bɛyɛ mpemnum.
5Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, wɔn atitire ne mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ bɛhyiaa Yerusalem, 6na Ɔsɔfopanin Hana ne Kaiafa ne Yohane ne Aleksandro ne dodoɔ a wɔfiri ɔsɔfo panin abusua mu no ka ho. 7#Mat 21.23 Na wɔde wɔn bɛgyinaa mfimfini bisaa wɔn sɛ: Tumi bɛn mu anaa din bɛn mu na moyɛɛ yei? 8#Mat 10.19-20 Ɛnna Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔman atitire ne mpanimfoɔ! 9Sɛ nnɛ wɔbisa yɛn ɔyarefoɔ yi yieyɛ ho asɛm, sɛ ɛdeɛn na ama no adi mu a, 10#Aso 3.6; 3.13-16 mo nyinaa ne Israel man nyinaa nhunu sɛ, Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛnnua mu, a Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no din mu, ɔno mu na oyi gyina mo anim a ne ho asane yi. 11#Mat 21.42; Dwom 118.22 Oyi ne
ɔboɔ a mo abantofoɔ ammuo no,
na abɛdi ntweaso ti.
12 # Mat 1.21 Na nkwagyeɛ nni obiara mu, na nso din foforɔ nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn nkwa wɔ mu.
13Na wɔhunuu Petro ne Yohane akokoɔduro, na wɔtee sɛ wɔyɛ nnipa a wɔnsuaa nwoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwaa no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhunuu wɔn sɛ wɔne Yesu nanteeɛ. 14#Aso 3.8-9 Na wɔhwɛɛ onipa a wɔasa no yadeɛ a ɔne wɔn gyina hɔ no, wɔannya hwee anka antia wɔn. 15Na wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri dwa mu hɔ mfiri adi no, wɔtuu wɔn mu agyina 16#Yoh 11.47 sɛ: Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ nnipa yi? Na wɔahunu nsɛnkyerɛnneɛ a wɔnam wɔn so ayɛ; sɛ ada adi wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa anim, na yɛntumi nsane. 17#Aso 5.28 Na deɛ ɛbɛyɛ na ɛrenkɔ so ntrɛ ɔman no mu ne sɛ: Ateatea na yɛbɛteatea wɔn sɛ wɔnnka din yi ho asɛm nnkyerɛ onipa biara bio. 18Na wɔfrɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnka asɛm, nso wɔnnkyerɛkyerɛ Yesu din mu koraa. 19#Aso 5.29 Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: Sɛ ɛtene Nyankopɔn anim sɛ yɛtie mo sene Onyankopɔn a, mommu atɛn! 20Na yɛn deɛ, yɛntumi, gye sɛ yɛka deɛ yɛahunu na yɛateɛ. 21Na wɔteateaa wɔn bio no, wɔgyaa wɔn, na ɔman no nti wɔnhunu sɛdeɛ wɔbɛtwe wɔn aso, ɛfiri sɛ, ɛnam deɛ na asie no nti, wɔn nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. 22Na onipa a wɔyɛɛ ayaresa nsɛnkyerɛnneɛ yi wɔ ne ho no adi boro mfirinhyia aduanan.
Asafo no mpaebɔ
23Na wɔgyaa wɔn no, wɔbaa wɔn ara wɔn fekuo mu, na wɔbɛkaa deɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa. 24Na wɔteeɛ no, wɔde akoma korɔ maa wɔn nne so maa Onyankopɔn sɛ: Awurade, wo a woyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, 25#Dwom 2.1-2 wonam Honhom Kronkron so de yɛn agya Dawid a ɔyɛ w’akoa no ano kaa sɛ:
Adɛn nti na wiase aman yɛ gyegyeegye,
na amanaman susu ade hunu?
26Asase so ahemfo sɔre gyina,
na atitire hyia faako
sɔre tia Awurade ne ne Kristo no.
27 # Luk 23.12 Na wɔhyiae ampa tiaa w’abɔfra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman, 28#Aso 2.23 sɛ wɔrebɛyɛ deɛ wo nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa. 29#Efe 6.19 Na afei deɛ, Awurade, hwɛ wɔn ateatea, na ma wo nkoa mfa akokoɔduro nyinaa nka w’asɛm, 30berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoa#4.30 Anaasɛ w’abɔfra kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi. 31Na wɔwiee mpaebɔ no, faako a wɔhyiaeɛ hɔ wosoee, na Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm.
Asafo mu nuadɔ
32 # Aso 2.44 Na wɔn mu bebree a wɔgye diiɛ no akoma ne wɔn kra yɛ baako, na wɔn mu biara nka sɛ ne nnoɔma a ɔwɔ yɛ ɔno ara dea, na ne nyinaa yɛ wɔn kwasafodeɛ. 33#Aso 2.47 Na asomafoɔ no de tumi kɛseɛ dii Awurade Yesu wusɔreɛ ho adanseɛ, na adom kɛseɛ wɔ wɔn nyinaa so. 34#Aso 2.45 Nanso na obiara nni wɔn mu a biribi hia no; na wɔn a wɔwɔ asase anaa adan tontɔnee, na wɔde deɛ wɔtɔneeɛ no tiri adeɛ bae 35de bɛguu asomafoɔ no nan ase; na wɔkyekyɛɛ mu maa obiara sɛdeɛ ɛhia no. 36#Aso 11.22; 11.24 Na Yosef a asomafoɔ no too no Barnaba, (a ne nkyerɛaseɛ ne afotuo ba) a ɔyɛ Lewini a ɔfiri Kipro man mu no 37wɔ asase bi, na ɔtɔnee de ne sika no ba bɛguu asomafoɔ no nan ase.

Currently Selected:

Asomafoɔ 4: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in