YouVersion Logo
Search Icon

Asomafoɔ 3

3
Obubuani bi ayaresa
1Na ɛrekɔbɔ awia nnɔnmmiɛnsa a wɔbɔ mpaeɛ wɔ mu no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ asɔrefie. 2#Aso 14.8 Na wɔso ɔbarima bi a ɔyɛ obubuani firi ne na yam a daa wɔde no bɛto asɔrefie pono a wɔfrɛ no Fɛfɛ no ano sɛ ɔnsrɛ wɔn a wɔrekɔ asɔrefie no hɔ mmɔborɔhunu adeɛ. 3Na ɔhunuu Petro ne Yohane sɛ wɔrekɔ asɔrefie hɔ no, ɔsrɛɛ mmɔborɔhunu adeɛ. 4Na Petro ne Yohane de wɔn ani hwɛɛ no dinn kaa sɛ: Hwɛ yɛn! 5Na ɔhwɛɛ wɔn komm susuu sɛ ɔrebɛnya wɔn hɔ biribi. 6#Aso 3.16 Na Petro kaa sɛ: Dwetɛ ne sika deɛ, menni bi, na deɛ mewɔ na mede merema woɔ yi: Nasareni Yesu Kristo din mu, nante! 7Na ɔsɔɔ ne nsa nifa maa no so, na amonom hɔ ara ne nan ne ne nanpɔso yɛɛ den. 8Na ɔhuri gyinae, na ɔnantee, na ɔne wɔn kɔɔ asɔrefie hɔ a ɔnam, ɔrehurihuri na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ. 9Na ɔman no nyinaa hunuu no sɛ ɔnam, na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ; 10na wɔnim sɛ ɔno ne deɛ adesrɛ nti ɔtenaa asɔrefie Pono Fɛfɛ no ano no, na deɛ ayɛ no no yɛɛ wɔn nwanwa ne ahodwiri koraa. 11#Aso 5.12 Berɛ a na ɔtetare Petro ne Yohane ho no, ɔman no nyinaa de mmirika bɛhyiaa wɔn nkyɛn abrannaa a wɔfrɛ no Salomo deɛ no so, na wɔn ani so yɛɛ wɔn yaa. 12Na Petro hunuiɛ no, ɔsee ɔman no sɛ: Israel mmarima, adɛn na oyi ho yɛ mo nwanwa, anaasɛ adɛn na mohwɛ yɛn haa sɛdeɛ yɛn ara yɛn tumi, anaa ɛsom pa na yɛde maa no nanteeɛ yi? 13#Aso 5.30; Yes 53.11; Aso 2.23 Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’akoa#3.13 N’AKOA: Anaasɛ n’abɔfra Yesu a moyii no maeɛ, na mopoo no wɔ Pilato a ɔbuu atɛn sɛ ɔbɛgyaa no no anim no animuonyam. 14#Mat 27.20-21 Na mopoo Ɔkronkronni ne Ɔteneneeni no, na mosrɛɛ sɛ wɔmfa owudifoɔ nkyɛ mo. 15#Aso 4.10 Na nkwa hene no deɛ, mokumm no. Ɔno na Onyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu; ɛho adansefoɔ ne yɛn. 16Na ɛnam ne din mu gyidie so, na ne din ama oyi a mohu no, na monim no yi ho ayɛ no den. Aane, gyidie a ɛnam Yesu soɔ no na ɛmaa no akwahosan yi wɔ mo nyinaa anim.
Gyidie ne ɔsetie
17 # Luk 23.34 Na afei, anuanom, menim sɛ nim a monnim nti na moyɛeɛ, sɛ mo mpanimfoɔ ara. 18#Luk 24.27 Na Onyankopɔn ama deɛ ɔnam n’adiyifoɔ nyinaa anomu ka too hɔ sɛ Kristo no bɛhunu amaneɛ no aba mu saa. 19#Aso 2.38 Enti monsakyera mo adwene, na monnane mo ho, na wɔapepa mo bɔne, 20na ɛyɛ a, ahodwoɔ nna afiri Awurade anim aba, na wasoma deɛ wɔayi no asi hɔ ama mo dada no, Yesu Kristo no 21a ɛsɛ sɛ ɔsoro gye no de kɔsi berɛ a wɔbɛhyɛ nnoɔma a Onyankopɔn nam n’adiyifoɔ kronkron anomu, firi teteete kaeɛ no nyinaa ananmu. 22#Deut 18.15; 18.19 Na Mose nso kaa sɛ: Odiyifoɔ a ɔte sɛ me na Awurade mo Nyankopɔn bɛma no soɔ ama mo wɔ mo nuanom mu; ɔno na montie no, sɛdeɛ ɔbɛka akyerɛ mo nyinaa. 23Na ɛbɛba sɛ ɔkra biara a ɔrentie odiyifoɔ no no, wɔbɛsɛe no afiri ne man mu. 24Na adiyifoɔ nyinaa a ɛfiri Samuel so, ne wɔn a wɔdi soɔ no, dodoɔ a wɔkasaeɛ, wɔn nso kaa nna yi ho asɛm. 25#Gye 22.18 Mone adiyifoɔ no ne apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pameeɛ no mma, sɛ ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa. 26#Aso 13.46 Mo na Onyankopɔn nyanee n’akoa no, ɔsomaa no wɔ mo nkyɛn kane sɛ ɔmmɛhyira mo, sɛ ɔbɛdane mo nyinaa afiri mo bɔne ho.

Currently Selected:

Asomafoɔ 3: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in