YouVersion Logo
Search Icon

Asomafoɔ 2

2
Pentekoste Da no
1 # Lew 23.15-21; Aso 1.14 Na Pentekoste da no duruiɛ no, na wɔn nyinaa ahyia faako. 2Na mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ firi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ efie a wɔte mu no ma. 3#Mat 3.11 Na tɛkyerɛma a wɔapaepae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, na ɛbɛsisii wɔn atifi mmaako mmaako. 4#Aso 10.44-46 Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wɔfirii aseɛ kasaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.
5 # Aso 13.26 Na Yudafoɔ bi a wɔyɛ nnipa nyamesurofoɔ a wɔfiri wiase aman nyinaa mu te Yerusalem. 6Na wɔtee deɛ ɛrekɔ so no, nnipa pii bɛhyiae, na wɔn adwene mu yɛɛ wɔn keserenee sɛ obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa. 7Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri ne nwanwa, na wɔkaa sɛ: Hwɛ, wɔn a wɔrekasa yi nyinaa nyɛ Galileafoɔ anaa? 8Na ɛyɛɛ dɛn na yɛn nyinaa te yɛn ara yɛn kasa a wɔwoo yɛn mu yi? 9Partifoɔ ne Mediafoɔ ne Elamfoɔ ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto ne Asia, 10Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ, 11Kretafoɔ ne Arabfoɔ, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Nyankopɔn nnwuma akɛseɛ. 12Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri, na wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee, na wɔsesee wɔn ho sɛ: Yei ase ne sɛn? 13Na ebinom nso de dii fɛw sɛ: Nsa foforɔ na abo wɔn.
Petro asɛnka
14Na Petro ne dubaako no sɔre gyinae, na ɔmaa ne nne so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yuda mmarima ne mo a mote Yerusalem nyinaa, monhunu yei, na momma me nsɛm yi nkɔ mo aso mu! 15Na yeinom mmoroo nsa, sɛdeɛ mosusuo yi, ɛfiri sɛ ɛyɛ anɔpa nnɔnkron. 16#Yoel 2.28-32 Na yei ne deɛ Odiyifoɔ Yoel kaeɛ no 17sɛ Onyankopɔn se:
Na ɛbɛba sɛ nna a ɛdi akyire no mu no,
mɛhwie me Honhom no magu honam nyinaa so,
na mo mmammarima ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm,
na mo mmeranteɛ ahunhunu anisoadeɛ,
na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ;
18na me nkoa ne me mfenaa so
na nna no mu mɛhwie me Honhom no bi maguo,
na wɔahyɛ nkɔm.
19Na mɛma anwanwadeɛ aba ewiem wɔ ɔsoro,
na nsɛnkyerɛnneɛ aba asase so ɛfam,
mogya ne ogya ne wisie kumoo.
20Owia bɛdane sum,
na ɔsrane adane mogya
ansa na Awurade da kɛseɛ a ɛhyerɛn no aba.
21 # Rom 10.13 Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no, wɔbɛgye no nkwa.
22Israel mmarima, montie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenneɛ ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔno Onyankopɔn no ara nam ne so yɛɛ no mo mu yii no kyerɛɛ mo, sɛdeɛ mo ara nso monim no, 23#Aso 4.28 ɔno ara a wɔnam Nyankopɔn agyina a ɔtuiɛ, ne ne nim a ɔnim dada so yii no maeɛ no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa soɔ bɔɔ no asɛnnua mu kumm no. 24#Aso 3.15 Ɔno na Onyankopɔn anyane no, na wasane owuya homa, ɛfiri sɛ antumi amma sɛ ɛka no hyɛ. 25#Dwom 16.8-11 Na Dawid kaa ne ho asɛm sɛ:
Mehunuu Awurade m’anim daa,
ɛfiri sɛ ɔwɔ me nifa na manhinhim.
26Yei nti m’akoma tɔɔ me yam, na me tɛkyerɛma ho sanee no;
na me honam nso bɛda anidasoɔ mu,
27ɛfiri sɛ worennya me kra Asamando,
na woremma wo Kronkronni no nhunu porɔeɛ.
28Wokyerɛɛ me nkwa akwan;
wode w’anim bɛma abotɔyam amee me.
29 # Aso 13.36; 1 Ah 2.10 Anuanom, momma me kwan na menka agya panin Dawid ho asɛm pefee menkyerɛ mo, sɛ wawu, na wɔasie no, na ne da wɔ yɛn nkyɛn ha de bɛsi nnɛ. 30#Dwom 89.3-4; 2 Sa 7.12-13 Na sɛ ɔyɛ odiyifoɔ, na ɔnim sɛ Onyankopɔn de ntam ka kyerɛɛ no sɛ n’asene mu aba mu bi na ɔbɛtena n’ahennwa soɔ nti, 31ɔhunuu yei siee, na ɔkaa Kristo sɔreɛ ho asɛm sɛ
wɔannya no Asamando,
nanso ne honam anhunu porɔeɛ.
32Yesu yi ara na Onyankopɔn anyane no; ɛho adansefoɔ na yɛn nyinaa yɛ.
33Afei wɔmaa no so kɔɔ Nyankopɔn nifa, na ɔnyaa Agya no nkyɛn Honhom Kronkron bɔhyɛ nti na wahwie deɛ mohunu na moteɛ yi aguo. 34#Dwom 110.1 Na Dawid ankɔ soro; nanso ɔno ara kaa sɛ:
Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ:
Tena me nifa
35kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.
36 # Aso 5.31 Enti ma Israel fie nyinaa nhunu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛnee no no ayɛ Awurade ne Kristo.
Akyidifoɔ foforɔ mpensa
37 # Aso 16.30 Na wɔteeɛ no, ɛwowɔɔ wɔn akoma mu, na wɔka kyerɛɛ Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ: Anuanom, yɛnyɛ dɛn? 38#Aso 3.17-19; Luk 24.47 Na Petro see wɔn sɛ: Monsakyera mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu, mma mo bɔne fakyɛ, na mobɛnya Honhom Kronkron akyɛdeɛ no. 39#Yoel 2.32 Na bɔhyɛ no yɛ mo ne mo mma ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, a Awurade yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba nyinaa dea. 40#Deut 32.5; Flp 2.15 Na ɔde nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanseɛ, na ɔtuu wɔn fo sɛ: Momma wɔnnye mo mfiri nnɛ mma abusua kontonkye yi mu! 41Ɛnna wɔn a wɔgyee n’asɛm no maa wɔbɔɔ wɔn asu. Na da no ara wɔde akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho.
Asafo no daa asetena
42 # Aso 20.7 Na wɔkura asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ ne ayɔnkofa ne paanoobubuo ne mpaebɔ mu ara. 43Na ehu baa nnipa nyinaa so, na asomafoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ pii. 44#Aso 4.32 Na wɔn a wɔgye diiɛ nyinaa hyiaa faako, na wɔn nnoɔma nyinaa yɛ kwasafodeɛ, 45na wɔtɔn wɔn ahonyadeɛ ne wɔn nnoɔma, na wɔkyɛɛ mu maa wɔn nyinaa, sɛdeɛ ɛhia obiara. 46#Aso 2.42 Na daa wɔde akoma korɔ hyiaa mu wɔ asɔrefie, na wɔbubuu paanoo afie mu de ahosan ne akoma kronn dii wɔn aduane, 47#Aso 4.4; 5.14; 11.21; 14.1 na wɔyii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔwɔ animuonyam ɔman no nyinaa anim. Na Awurade de wɔn a na wɔregye wɔn nkwa kaa asafo no ho daa.

Currently Selected:

Asomafoɔ 2: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in