Logotipo da YouVersion
Ícone de Pesquisa

Mateo NNIANIMU

NNIANIMU
Mateo Asɛmpa he kasa fa Yesu ho sɛ: Yesu ne Agyenkwa a bɛhyɛɛ ne ho bɔ, a Nyankopɔn nam ne so ama ne bɔhyɛ a ɔde maa ne nkurofoɔ Apam Dada mu he aba mu. Saa asɛmpa yi nni hɔ mma Yudafoɔ nkoaa, na mmom nnipa nyinaa, na mmom ɔyɛ nnipa nyinaa dea.
Bɛahyehyɛ Mateo Asɛmpa he kwane sononko so. Nwoma he hyɛ aseɛ firi Yesu awoɔ, na ɔkyerɛ n’asubɔ ne ne sɔhwɛ, na atoa so ama yɛahu n’asɛnka, ne nkyerɛkyerɛ ne n’ayaresa dwumadie a odii no Galilea. Yeinom akyi he, Mateo Asɛmpa he de Yesu akwantuo a otu firii Galilea kɔɔ Yerusalem he too dwa. Awieeɛ koraa he Asɛmpa he kasa fa Yesu amanehunu nnawɔtwe a n’asennua so wuo he di mu akotene paa, ne ne wusɔreɛ ho.
Asɛmpa he yi Yesu adi sɛ kyerɛkyerɛni kɛseɛ a ɔde tumi kyerɛkyerɛ Nyankopɔn mmara ne n’ahennie he ho asɛm. Ne nkyerɛkyerɛ he gu akuo ahodoɔ nnum: (1) Bepɔ so asɛnka a ɔfa su, asodie, adom, ne soro ahennie mu nnipa daakye ho (Ti 5-7); (2) Nhyehyɛeɛ a ɔde ama n’asuafoɔ a ɔfa bɛ asɛnka dwumadie ho. (Ti 10); (3) Soro ahennie ho mfantoho (Ti 13); (4) Nkyerɛkyerɛ a ɔfa suaniyɛ mu nteaseɛ (Ti 18); ne (5) nkyerɛkyerɛ a ɔfa wiase awieeɛ berɛ ne soro Ahennie a ɔɔba he ho (Ti 24-25).
MU NSƐM
Yesu Kristo awoɔ ntoatoasoɔ ne n’awoɔ 1:1—2:23
Suboni Yohane dwumadie 3:1-12
Yesu asubɔ ne sɔhwɛ a ɔtoo no 3:13—4:11
Yesu badwam dwumadie ya Galilea 4:12—18:35
Yesu firi Galilea kɔɔ Yerusalem 19:1—20:34
Yesu nnawɔtwe a odi akyire ne nea ɔkɔɔ so ya Yerusalem 21:1—27:66
Awurade wusɔreɛ ne n’ahoyie he 28:1-20

Atualmente Selecionado:

Mateo NNIANIMU: BBTP

Destaque

Compartilhar

Copiar

None

Quer salvar seus destaques em todos os seus dispositivos? Cadastre-se ou faça o login