Logotipo da YouVersion
Ícone de Pesquisa

Gyenesis 14

14
Ahemfo kɔko gye Lot
1Na Sinear hene Amrafel, Elasar hene Ariok, Elam hene Kedorlaomer ne Goiim hene Tideal berɛ so no, 2#Deut 29.23 wɔne Sodom hene Bera ne Gomora hene Birsa, Adma hene Sinab ne Seboim hene Semeber ne Bela (a ɛne Soar) hene dii ako. 3Ahemfo yeinom nyinaa bɛhyiaa Sidim bonhwa mu, (ɛno ne Nkyene Po no). 4Mfirinhyia dummienu na wɔsomm Kedorlaomer, na afe a ɛtɔ so dummiɛnsa no, wɔtee atua. 5Na afe a ɛtɔ so dunan mu no, Kedorlaomer ne ahemfo a wɔkeka ne ho no bɛkum Refaim wɔ Asterot-karnaim, ne Susifoɔ wɔ Ham, ne Emifoɔ Kiriataim mpaperɛ so, 6ne Horifoɔ wɔ wɔn bepɔ Seir so de kɔsii El-paran a ɛwɔ ɛserɛ soɔ no. 7Na wɔsane baa Enmispat, (ɛne Kades), na wɔkaa Amalekfoɔ asase nyinaa ne Amorifoɔ nso a wɔte Haseson-tamar no gui.
8Na Sodom, Gomora, Adma, Seboim ne Bela (a ɛne Soar) ahemfo firi bae. 9Na wɔne Elam hene Kedorlaomer, Goiim hene Tideal, Sinear hene Amrafel ne Elasar hene Ariok de bɛbɔɔ ani wɔ Sidim bonhwa mu, ahemfo baanan a wɔreko atia baanum. 10Na Sidim bonhwa mu yɛ ama amena ara nko. Na Sodom ne Gomora ahemfo dwanee. Na ebinom totɔɔ amena no mu, na wɔn a aka no dwane kɔɔ bepɔ so. 11Na wɔfaa Sodom ne Gomora nnoɔma ne wɔn nnuane nyinaa de sii mu kɔe.
12 # Gye 13.10-12 Na wɔfaa Abram nua ba Lot a ɔte Sodom ne n’ahodeɛ kɔe. 13Na odwanefoɔ bi bɛka kyerɛɛ Hebrini Abram a ɔte Amorini Mamre, Eskol ne Aner nua no pɔ mu; na wɔne Abram wɔ apam.
Abram gye Lot
14Na Abram tee sɛ wɔafa ne nua ba dommum no, ɔde ne mmarima a wɔawo wɔn wɔ ne fie ahasa ne dunwɔtwe tuu ɔsa tii wɔn kɔduruu Dan. 15Na ɔne ne nkoa kyɛɛ wɔn ho mu baa wɔn so anadwo, na wɔbobɔɔ wɔn, na wɔtaa wɔn kɔduruu Hoba a ɛda Damasko benkum no. 16Na ɔde nnoɔma no nyinaa ne ne nua ba Lot ne ne nnoɔma ne mmaa no nso ne nkurɔfoɔ no sane bae.
Melkisedek hyira Abram
17Na ɔsane firii Kedorlaomer ne ahemfo a ɛkeka ne ho so nkonimdie reba no, Sodom hene firi kɔhyiaa no wɔ Sawe bonhwa (a ɛne Ɔhene Bonhwa no) mu. 18#Dwom 76.2; 110.4; Heb 7.1-4 Na Salem hene Melkisedek de paanoo ne bobesa brɛɛ no; na ɔyɛ ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfoɔ. 19Na ɔhyiraa no sɛ:
Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no
nhyira nka Abram.
20Na nhyira ne ɔsorosoro Nyankopɔn
a ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa.
Na Abram maa no nnoɔma no nyinaa mu ntotosoɔ du du. 21Na Sodom hene ka kyerɛɛ Abram sɛ: Fa nnipa no ma me, na fa ahodeɛ no. 22Na Abram ka kyerɛɛ Sodom hene no sɛ: Mema me nsa so mekyerɛ AWURADE, ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no, 23sɛ ɛfiri asaawa so de kɔsi mpaboa homa soɔ, meremfa biribiara a ɛyɛ wo deɛ, na woanka sɛ: Me na mama Abram anya ne ho; 24gye deɛ mmeranteɛ no adie no nko, ne mmarima a wɔne me kɔeɛ no, Aner, Eskol ne Mamre nya wɔn kyɛfa.

Atualmente Selecionado:

Gyenesis 14: ASWDC

Destaque

Compartilhar

Copiar

None

Quer salvar seus destaques em todos os seus dispositivos? Cadastre-se ou faça o login