Logotipo da YouVersion
Ícone de Pesquisa

Gyenesis 12

12
Onyankopɔn frɛ Abram
1 # Aso 7.3; Heb 11.8 Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Wo deɛ, firi w’asase so ne w’abusua mu ne w’agya fie kɔ asase a mɛkyerɛ woɔ no so. 2#Gye 24.1, 35; Dwom 72.17 Na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mahyira wo, na mama wo din ayɛ kɛseɛ, na woayɛ nhyira. 3#Eks 23.22; Lew 18.18; 22.18; 26.4; Gye 28.14; Aso 3.25; Gal 3.8 Na mɛhyira wɔn a wɔhyira woɔ, na wɔn a wɔdome woɔ no, mɛdome wɔn; na wo mu na wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa.
4Na Abram kɔe sɛdeɛ AWURADE kasa kyerɛɛ no no, na Lot ne no kɔe. Na Abram firii Haran no, na wadi mfeɛ aduɔson nnum. 5Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nua ba Lot ne wɔn ahodeɛ a wɔanya nyinaa ne nnipa a wɔnyaa wɔn wɔ Haran, na wɔfirii hɔ sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so; na wɔkɔduruu Kanaan asase so.
6Na Abram twaa mu asase no so kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem wɔ More pɔ no ho. Nso berɛ no mu na Kanaanfoɔ wɔ asase no so. 7#Gye 13.15; 15.18; 17.8; 24.7; 26.3-4; 28.13; 35.12; Eks 6.4, 8; 32.13; Yos 21.43; Aso 7.5 Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abram kaa sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi bɛma wɔn. Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa AWURADE a ɔyii ne ho kyerɛɛ no no. 8#Gye 4.26 Na ɔtu firii hɔ kɔɔ Betel apueeɛ bepɔ bi so. Na ɔsii ne ntomadan a Betel da n’atɔeɛ, na Ai da apueeɛ; na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE. 9Na Abram dii atutena ara kɔɔ Negeb.#12.9 NEGEB: Anaasɛ: Anafoɔ fam.
Abram kɔ Misraim
10 # Gye 20; 26.1-11 Na ɛkɔm baa asase no so, na Abram siane kɔtenaa Misraim kɔyɛɛ ɔhɔhoɔ wɔ hɔ, ɛfiri sɛ na ɛkɔm no mu yɛ den asase no so.
11Na ɔreyɛ aduru Misraim asase soɔ no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: Hwɛ, menim sɛ woyɛ ɔbaa a wo ho yɛ fɛ, 12na sɛ Misraimfoɔ hu wo a, wɔbɛka sɛ: Ne yere nie, na wɔaku me, na wɔama woatena ase. 13Enti ka sɛ, me nua ne wo, na wo nti wɔayɛ me yie, na matena ase.
14Na Abram duruu Misraim no, Misraimfoɔ hunuu ne yere no sɛ ne ho yɛ fɛ sɛ. 15Na Farao atitire hunuu no, na wɔkɔkamfoo no kyerɛɛ Farao, na wɔbɛfaa ɔbaa no kɔɔ Farao fie. 16Na ne nti ɔyɛɛ Abram yie; na ɔnyaa nnwan, anantwie, mfunumu, nkoa, mfenaa, mfunumubereɛ ne yoma. 17#Dwom 105.14 Na Abram yere Sarai ho asɛm no nti AWURADE de ɔhaw akɛseɛ haa Farao ne ne fie. 18Na Farao frɛɛ Abram kaa sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔyɛ wo yerɛ? 19Adɛn nti na wose: Ɔyɛ me nua? Anka meremfa no nware no; na afei, hwɛ wo yere nie, fa no na kɔ wo kwan. 20Na Farao tuu nnipa maa no sɛ wɔnkɔgya no ne ne yere ne deɛ ɔwɔ nyinaa kwan.

Atualmente Selecionado:

Gyenesis 12: ASWDC

Destaque

Compartilhar

Copiar

None

Quer salvar seus destaques em todos os seus dispositivos? Cadastre-se ou faça o login