YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 47

47
Yosef de n’agya ne ne nuanom mu bi kɔkyea Farao
1Na Yosef kɔka kyerɛɛ Farao sɛ: M’agya ne me nuanom ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne deɛ wɔwɔ nyinaa firi Kanaan asase so aba, na hwɛ, wɔwɔ Gosen asase so. 2Na ɔde ne nuanom mu baanum kɔgyinaa Farao anim. 3#Gye 46.33-34 Na Farao bisaa ne nuanom no sɛ: Mo adwuma ne sɛn? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfoɔ, yɛn ne yɛn nananom nso. 4Na wɔka kyerɛɛ Farao bio sɛ: Yɛaba sɛ yɛrebɛtena asase yi soɔ, ɛfiri sɛ wo nkoa nnya adidibea mma wɔn nnwan, ɛfiri sɛ ɛkɔm no mu yɛ den wɔ Kanaan asase so. Enti afei yɛsrɛ wo, ma wo nkoa ntena Gosen asase so. 5Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: W’agya ne wo nuanom aba wo nkyɛn. 6Misraim asase na ɛda w’anim yi, asase no mu deɛ ɛyɛ no, ma w’agya ne wo nuanom ntena hɔ. Ma wɔntena Gosen asase so. Na sɛ wonim sɛ wɔn mu bi yɛ nsiyɛfoɔ a, fa wɔn si me mmoa a mewɔ so. 7Na Yosef de n’agya Yakob kɔgyinaa Farao anim. Na Yakob hyiraa Farao. 8Na Farao bisaa Yakob sɛ: Wo nkwa mu mfirinhyia yɛ ahe? 9#Dwom 90.10; 39.12 Na Yakob ka kyerɛɛ Farao sɛ: Me hɔhobea asetena mfirinhyia mu nna yɛ mfeɛ ɔha aduasa; me nkwa mfirinhyia mu nna yɛ kakraa bi ne amaneɛ nko, ɛnnuru me nananom nkwa mfirinhyia mu nna wɔ wɔn hɔhobea asetena nna mu. 10Na Yakob hyiraa Farao, na ɔfirii Farao anim kɔe.
11Na Yosef maa n’agya ne ne nuanom tenaberɛ, na ɔmaa wɔn asase wɔ Misraim wɔ deɛ asase no yɛ, wɔ Rameses asase so, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no. 12#Gye 45.11 Na Yosef bɔɔ n’agya ne ne nuanom ne n’agya fiefoɔ nyinaa akɔnhoma, sɛdeɛ abusua biara dodoɔ teɛ.
Ɛkɔm no
13Na aduane nni asase biara so, na ɛkɔm no mu yɛɛ den yie maa Misraim asase ne Kanaan asase tɔɔ ɛkɔm no anim piti. 14Na Yosef prapraa sika a ɛwɔ Misraim asase ne Kanaan asase soɔ nyinaa wɔ aburoo a wɔbɛtɔeɛ no mu, na Yosef de sika no kɔɔ Farao fie. 15Na sika saa Misraimfoɔ ne Kanaanfoɔ ho no, Misraimfoɔ nyinaa baa Yosef nkyɛn sɛ: Ma yɛn aduane ɛ! Adɛn na sɛ sika asa nti, yɛnwuwu w’anim? 16Na Yosef se: Momfa mo mmoa mmra, na sɛ mo sika asa a, mɛma mo bi magye mo mmoa. 17Na wɔde wɔn mmoa bae, na Yosef maa wɔn aduane gyegyee apɔnkɔ, nnwan, anantwie ne mfunumu. Na ɔmaa wɔn aduane de gyee wɔn mmoa nyinaa afirinhyia no. 18Na afe no twaa mu no, afe a ɛdi soɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Yɛremfa nhunta me wura sɛ yɛn sika asa na mmoa akuakuo no yɛ me wura dea, na biribiara nkae wɔ me wura anim sɛ yɛn honam ne yɛn asase nko. 19Adɛn nti na yɛn ne yɛn asase nwu w’anim? Tɔ yɛn ne yɛn asase, na ma yɛn aduane, na yɛde yɛn ho ne yɛn asase bɛsom Farao. Ma yɛn aduaba, na yɛntena ase, na yɛanwu amma asase yi anna mpan. 20Na Yosef tɔɔ Misraim asase nyinaa maa Farao. Na Misraimfoɔ nyinaa tontɔnee wɔn mfuo, ɛfiri sɛ ɛkɔm no denee wɔn, na asase no danee Farao dea. 21Na nkurɔfoɔ no deɛ, ɔdanee wɔn nkoa,#47.21 Hebri no ka sɛ: Ɔtuu wɔn firii nkuropɔn mu. ɛfiri Misraim hyeɛ so kɔsi hyeɛ so.
22Gye asɔfoɔ nsase nko na wantɔ, ɛfiri sɛ na Farao ahyɛ kyɛfa bi ama asɔfoɔ no, na wɔdi wɔn kyɛfa a Farao de ma wɔn no nti, wɔantɔn wɔn asase. 23Na Yosef ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: Monhwɛ, ɛnnɛ matɔ mo ne mo asase mama Farao, na hwɛ, mo aduaba a momfa nkɔdua asase no soɔ nie. 24Na deɛ ɛbɛsoɔ no, momfa nkyekyɛmu nnum mu baako mma Farao, na emu abupɛn nnan no nyɛ mo dea, na mode bi adua mfuo mu, na mode bi ayɛ mo ne mo fiefoɔ ne mo mma aduane. 25Na wɔse: Woagye yɛn nkwa; ma yɛnnya me wura anim adom ara, na yɛbɛyɛ Farao nkoa. 26Na Yosef hyɛɛ yei ho mmara wɔ Misraim a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ, sɛ wɔmfa Misraim asase so adeɛ biara nkyekyɛmu nnum mu baako mma Farao, gye asɔfoɔ asase nko na anyɛ Farao dea.
Yakob adesrɛ a ɛtwa toɔ
27 # Gye 46.3; Eks 1.7, 12 Na Israel tenaa Misraim asase so wɔ Gosen, na wɔnyaa mu adeɛ, na wɔdɔree, na wɔn ase trɛɛ pa ara. 28Na Yakob tenaa Misraim asase so mfeɛ dunson, na Yakob nna, ne nkwa mfirinhyia, yɛ mfeɛ ɔha aduanan nson.
29 # Gye 24.2 Na Israel nna duruu sɛ ɔbɛwuo no, ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ manya w’anim adom a, fa wo nsa ka m’asene mu, na yɛ me adɔeɛ di me nokorɛ, na nsie me Misraim! 30#Gye 25.9-10; 49.29-32 Ɛda a mɛtoa nananom no, soa me firi Misraim kɔsie me wɔ me nananom amusieeɛ. Na ɔbuaa sɛ: Mɛyɛ sɛdeɛ woaka yi. 31Na ɔse: Ka me ntam. Na ɔkaa no ntam. Na Israel bɔɔ ne mu ase kyerɛɛ mpa no atifi.

Currently Selected:

Gyenesis 47: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in