YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 46

46
Yakob ne ne fiefoɔ kɔ Misraim
1 # Gye 26.23-25 Na Israel ne deɛ ɔwɔ nyinaa sii mu, na ɔduruu Beer-seba, na ɔbɔɔ afɔdeɛ maa n’agya Isak Nyankopɔn. 2Na Onyankopɔn nam anadwo anisoadehunu mu ka kyerɛɛ Israel sɛ: Yakob, Yakob! Na ɔse: Menie. 3Na ɔse: Mene Onyankopɔn, w’agya Nyankopɔn no. Nsuro sɛ wobɛsiane akɔ Misraim, na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ wɔ hɔ. 4Me ne wo bɛsiane akɔ Misraim, na mede wo asane aba nso, na Yosef deɛ, ne nsa so na wo bɛwuo.
5Na Yakob sii mu firii Beer-seba; na Israel mma de wɔn agya Yakob ne wɔn mma ne wɔn yerenom tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma maa wɔde kɔfaa no no mu. 6Na wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn ahodeɛ a wɔanya wɔ Kanaan asase soɔ no kɔɔ Misraim, Yakob ne n’asefoɔ nyinaa, 7ne mmammarima ne ne mmammarima mma ne ne mmammaa ne ne mmammarima mmammaa ne n’asefoɔ nyinaa, na ɔne wɔn kɔɔ Misraim.
8 # Eks 6.14-16 Na yeinom ne Israel mma a wɔkɔɔ Misraim no din, Yakob ne ne mma: Yakob abakan Ruben. 9Na Ruben mmammarima ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi. 10Na Simeon mmammarima ne: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Kanaanni baa ba Saulo. 11Na Lewi mmammarima ne: Gerson, Kohat ne Merari. 12Na Yuda mmammarima ne: Er, Onan, Sela, Peres ne Sera; (na Er ne Onan wuu Kanaan asase so.) Na Peres mmammarima ne: Hesron ne Hamul. 13Na Isakar mmammarima ne: Tola, Puwa, Hiob ne Simron. 14Na Sebulon mmammarima ne: Sered, Elon ne Yakleel. 15(Yeinom ne Lea mmammarima a ɔwo maa Yakob wɔ Mesopotamia ne ne babaa Dina, ne mmammarima ne ne mmammaa nyinaa yɛ akra aduasa mmiɛnsa.) 16Na Gad mmammarima ne: Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli. 17Aser mmammarima ne: Yimna, Isua, Isui, Beria ne wɔn nuabaa Sera. Na Beria mmammarima ne: Heber ne Malkiel. 18(Yeinom ne Silpa a Laban de no maa ne babaa Lea no mma a ɔwo maa Yakob, wɔyɛ akra dunsia.) 19Yakob yere Rahel mmammarima ne: Yosef ne Benyamin. 20#Gye 41.50-52 Na Yosef mma a On sɔfoɔ Potifera babaa Asnat wo maa no Misraim asase soɔ ne: Manase ne Efraim. 21Na Benyamin mmammarima ne: Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard. 22(Yeinom ne Rahel mma a wɔwo maa Yakob, akra no nyinaa yɛ dunan.) 23Na Dan babarima ne: Husim. 24Na Naftali mmammarima ne: Yahseel, Guni, Yeser ne Silem. 25(Yeinom ne Bilha a Laban de no maa ne ba Rahel no mma a ɔwo maa Yakob, akra no nyinaa yɛ baason). 26Akra a wɔne Yakob kɔɔ Misraim a wɔfiri n’asene mu, Yakob mma yerenom mfram, akra no nyinaa yɛ aduosia nsia. 27#Eks 1.5 Na Yosef mma a wɔwoo wɔn Misraim no yɛ akra baanu. Yakob fie akra a wɔbaa Misraim no nyinaa yɛ aduɔson.
Yakob ne ne fiefoɔ kɔ Misraim
28 # Gye 45.10 Na ɔsomaa Yuda dii n’anim kɔɔ Yosef nkyɛn sɛ ɔmmɛdi n’anim nkyerɛ no Gosen kwan. Na wɔduruu Gosen asase so. 29Na Yosef siesiee ne nteaseɛnam kɔhyiaa n’agya Israel wɔ Gosen. Na ɔde ne ho kɔkyerɛɛ no no, ɔsɔɔ ne kɔn mu, na ɔsui ara kyɛree wɔ ne kɔn ho.
30 # Gye 45.28 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Afei a manya mahunu w’anim sɛ woda so te aseɛ yi, wɔmma menti nananom wɔ asamando. 31Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom ne n’agya fiefoɔ sɛ: Merekɔ makɔka akyerɛ Farao sɛ: Me nuanom ne m’agya fiefoɔ a wɔwɔ Kanaan asase soɔ no aba me nkyɛn. 32Na nnipa no yɛ nnwanhwɛfoɔ, na mmoa na wɔyɛne, na wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne deɛ wɔwɔ nyinaa aba. 33Na sɛ Farao bɛfrɛ mo, na ɔbisa mo sɛ: Mo adwuma ne sɛn a? 34#Gye 43.32 Monse no sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfoɔ firi yɛn mmɔfraase de bɛsi nnɛ, yɛn ne yɛn nananom, na moatena Gosen asase so, ɛfiri sɛ Misraimfoɔ kyiri mmoahwɛfoɔ nyinaa.

Currently Selected:

Gyenesis 46: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in