YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 45

45
Yosef yi ne ho adi kyerɛ ne nuanom
1Na afei na Yosef ntumi nhyɛ ne ho so wɔ wɔn a wɔgyinagyina ne ho no nyinaa anim, na ɔteaa mu sɛ: Momma nnipa nyinaa mfiri me ho mfiri adi. Na Yosef reyi ne ho adie akyerɛ ne nuanom no, na onipa biara nnyina ne nkyɛn. 2Na ɔmaa ne nne so sui, na Misraimfoɔ no ne Farao fiefoɔ tee. 3Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Mene Yosef, m’agya da so te ase anaa? Na ne nuanom antumi ammua no, na mmom wɔn ho dwirii wɔn wɔ n’anim. 4#Gye 37.28 Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Montwe mpini me. Na wɔtwe pinii no. Na ɔse: Mene mo nua Yosef a motɔn no baa Misraim no.
5 # Gye 50.20 Na afei mommma no nnyɛ mo ya, nso mo bo mmfu mo ho mo ho sɛ motɔn me baa ha, ɛfiri sɛ nkwagyeɛ nti na Onyankopɔn somaa me dii mo anim. 6Na mfeɛ mmienu ni a ɛkɔm aba asase yi soɔ, na aka mfeɛ nnum bio a funtum ne otwa nni mu. 7Na Onyankopɔn somaa me dii mo anim sɛ memma monnya nkaeɛ wɔ asase so, na mennye mo nkwa a ɛbɛma dodoɔ no ara afiri mu afire. 8#Gye 41.40-43 Na afei ɛnyɛ mo na mosomaa me baa ha, na mmom Onyankopɔn na ɔde me abɛyɛ sɛ Farao n’agya ne ne fie nyinaa wura ne Misraim asase nyinaa sodifoɔ.
9Monyɛ ntɛm nkɔ m’agya nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: Sɛ wo ba Yosef seɛ nie: Onyankopɔn de me ayɛ Misraim nyinaa so wura. Siane bra me nkyɛn. Nkyɛ! 10Na bɛtena Gosen asase so, na woabɛn me, wo ne wo mma ne wo nananom ne wo nnwan ne w’anantwie ne deɛ wowɔ nyinaa, 11na mɛhwɛ wo wɔ hɔ, ɛfiri sɛ mfeɛ nnum kɔm da so reba, na ohia anhia wo ne wo fiefoɔ ne deɛ wowɔ nyinaa. 12Na hwɛ, mo ani ahunu, na me nua Benyamin nso ani ahunu sɛ m’ano na mede mekasa mekyerɛ mo yi. 13Na monka m’animuonyam a mewɔ wɔ Misraim nyinaa nkyerɛ m’agya ne deɛ moahunu nyinaa, na monyɛ ntɛm mfa m’agya nsiane mmra ha. 14Ɛnna ɔsɔɔ ne nua Benyamin kɔn mu na ɔsuiɛ; na Benyamin nso sui wɔ ne kɔn ho. 15Na ɔfefee ne nuanom nyinaa ano, na ɔsuu wɔ wɔn so, na ɛno akyiri no ne nuanom no ne no kasae.
16Na wɔtee nka wɔ Farao fie sɛ: Yosef nuanom aba. Na ɛsɔɔ Farao ne ne nkoa ani. 17Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Ka kyerɛ wo nuanom sɛ: Yei na monyɛ: Momfa nnoɔma nsoasoa mo mmoa no, na monkɔ Kanaan asase so 18nkɔfa mo agya ne mo fiefoɔ mmra me nkyɛn, na mɛma mo Misraim asase so deɛ ɛyɛ, na moadi asase no sradeɛ. 19Ka kyerɛ wɔn sɛ: Yei na monyɛ. Momfa nteaseɛnam mfiri Misraim asase so nkɔma mo mma ne mo yerenom, na monkɔfa mo agya mmra. 20Na mo nso monnwennwene mo nnoɔma ho, na Misraim asase nyinaa so deɛ ɛyɛ yɛ mo dea.
21Na Israel mma no yɛɛ saa. Na Yosef maa wɔn nteaseɛnam sɛdeɛ Farao anomu asɛm seɛ, na ɔmaa wɔn akwansoduane. 22Ɔmaa wɔn nyinaa ntadeɛ nsakyeraho mmaako mmaako, na Benyamin deɛ, ɔmaa no nnwetɛbena ahasa ne ntadeɛ nsakyeraho nnum. 23Na deɛ ɔde kɔmaa n’agya nso nie: Mfunumu du a wɔsoso Misraim nnepa no bie ne mfunumubereɛ du a wɔsoso aburoo ne paanoo ne akwansoduane a ɛbɛyɛ n’agya dea. 24#Gye 42.22 Na ɔgyaa ne nuanom kwan maa wɔkɔe. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo bo nnkɔfu mo ho mo ho wɔ ɔkwan so oo!
Yakob ho sane no
25Ɛnna wɔfirii Misraim foro kɔɔ Kanaan asase so wɔn agya Yakob nkyɛn, 26na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yosef da so te ase, na ɔdi Misraim asase nyinaa so. Na ne tirim yɛɛ no naa, ɛfiri sɛ na ɔnnye wɔn nni. 27Na wɔkaa nsɛm a Yosef aka akyerɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ no, na ɔhunuu nteaseɛnam a Yosef asoma de rebɛfa no no, wɔn agya Yakob ho sanee no. 28#Gye 46.30 Na Israel kaa sɛ: Ɛdɔɔso, me ba Yosef da so te ase. Mɛkɔ makɔhu no ansa na mawu.

Currently Selected:

Gyenesis 45: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in