YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 36

36
Esau asefoɔ
(1 Berɛsosɛm 1.34-37)
1 # Gye 25.30; 1 Be 1.35-54 Na yeinom ne Esau (a wɔfrɛ no Edom) awoɔ ntoatoasoɔ: 2#Gye 26.34 Esau waree Kanaanfoɔ mmaa: Hetini Elon babaa Ada, ne Hewini Sibeon ba Ana babaa Oholibama, 3#Gye 28.9 ne Ismael babaa Basmat, Nebaiot nuabaa. 4Na Ada woo Elifas maa Esau, na Basmat woo Reuel. 5Na Oholibama woo Yeus ne Yalam ne Kora. Yeinom ne Esau mma a wɔwoo wɔn wɔ Kanaan asase soɔ.
6Na Esau faa ne yerenom ne ne mmammarima ne ne mmammaa ne ne fiefoɔ nyinaa ne ne mmoa ne n’anantwie nyinaa ne n’ahonyadeɛ a ɔnyaeɛ wɔ Kanaan asase soɔ nyinaa, na ɔfirii ne nua Yakob ho kɔɔ asase bi so, 7ɛfiri sɛ wɔn ahonyadeɛ dɔɔso sene deɛ wɔde tena faako, na asase a wɔyɛ so ahɔhoɔ no, wɔn mmoa dodoɔ nti na wɔnsene so. 8Esau, a ɔno ara ne Edom no kɔtenaa Seir bepɔ so.
9Na yeinom ne Edomfoɔ agya Esau a ɔte Seir bepɔ soɔ no awoɔ ntoatoasoɔ: 10Esau mmammarima din nie: Esau yere Ada ba Elifas, ne Esau yere Basmat ba Reuel. 11Na Elifas mma ne Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas. 12(Na Timna yɛ Esau ba Elifas mpena, na ɔwoo Amalek maa Elifas.) Yeinom ne Esau yere Ada mma. 13Na yeinom ne Reuel mma: Nahat, Sera, Sama ne Misa; yeinom ne Esau yere Basmat mma. 14Na yeinom ne Esau yere Oholibama, Sibeon ba Ana babaa no mma: Ɔwoo Yeus, Yalam ne Kora maa Esau.
15Yeinom ne Esau mma mu atitire: Esau abakan Elifas mma: Otitire Teman, otitire Omar, otitire Sefo, otitire Kenas, 16otitire Kora, otitire Gatam, ne otitire Amalek. Yeinom ne Elifas atitire wɔ Edom asase so; yeinom ne Ada mma. 17Na yeinom ne Esau ba Reuel mma: Otitire Nahat, otitire Sera, otitire Sama, ne otitire Misa. Yeinom ne Reuel atitire wɔ Edom asase so; yeinom ne Esau yere Basmat mma. 18Na yeinom ne Esau yere Oholibama mma: Otitire Yeus, otitire Yalam, otitire Kora. Yeinom ne Esau yere Oholibama, Ana ba, atitire no. 19Yeinom ne Esau mma, na yeinom ne wɔn atitire no; (ɔne Edom.)
Seir Asefoɔ
(1 Berɛsosɛm 1.38-42)
20 # Gye 14.6; Deut 2.12 Yeinom ne Horini Seir mma asase no sofoɔ: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 21Dison, Eser ne Disan. Yeinom ne Horifoɔ a wɔyɛ Seir mma a na wɔte Edom asase soɔ no atitire. 22Na Lotan mma ne Hori ne Hemam, na Lotan nuabaa ne Timna. 23Na yeinom ne Sobal mma: Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam.
24Na yeinom ne Sibeon mma: Aya ne Ana. Oyi ne Ana a na ɔhwɛ n’agya Sibeon mfunumu no, a ɔhunuu nsuohyeɛ aniwa wɔ ɛserɛ soɔ no. 25Na yeinom ne Ana mma: Dison ne Oholibama, a ɔyɛ Ana babaa. 26Na yeinom ne Dison mma: Hemdan, Esban, Itran ne Keran. 27Yeinom ne Eser mma: Bilhan, Saawan ne Akan. 28Yeinom ne Disan mma: Us ne Aran. 29Yeinom ne Horifoɔ atitire: Otitire Lotan, otitire Sobal, otitire Sibeon, otitire Ana, 30otitire Dison, otitire Eser, otitire Disan. Yeinom ne Horifoɔ atitire sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ wɔ Seir asase soɔ.
Edom Ahemfo
(1 Berɛsosɛm 1.43-54)
31Yeinom ne ahemfo a wɔdii Edom asase soɔ ansa na obi redi Israel mma so hene. 32Na Bela, Beor ba, dii Edomhene, na ne kuro din de Dinhaba. 33Na Bela wui, na Sera ba Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii n’adeɛ. 34Na Yobab wui, na Husam a ɔfiri Teman asase soɔ no bɛdii n’adeɛ. 35Na Husam wui, na Bedad ba Hadad a ɔkumm Midian wɔ Moab petee mu no bɛdii n’adeɛ, na ne kuro din de Hawit. 36Na Hadad wui, na Samla a ɔfiri Masreka bɛdii n’adeɛ. 37Na Samla wui, na Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo no ho no bɛdii n’adeɛ. 38Na Saulo wui, na Akbor ba Baal-hanan bɛdii n’adeɛ. 39Na Akbor ba Baal-hanan wui, na Hadar bɛdii n’adeɛ. Na ne kuro din de Pau, na ne yere din de Mehetabel, Mesahab babaa Matred babaa.
40Na yeinom ne Esau atitire no din, sɛdeɛ wɔn mmusuakuo, wɔn tenabea ne wɔn din teɛ: Otitire Timna, otitire Alwa, otitire Yetet, 41otitire Oholibama, otitire Ela, otitire Pinon, 42otitire Kenas, otitire Teman, otitire Mibsar, 43otitire Magdiel, otitire Iram. Yeinom ne Edom (a ɔne Esau, Edomfoɔ agya) no atitire, sɛdeɛ wɔn tenabea teɛ wɔ asase a wɔnyaeɛ no soɔ.

Currently Selected:

Gyenesis 36: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in