YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 24

24
Wɔhwehwɛ yerɛ ma Isak
1 # Gye 12.2; Dwom 112.2-3 Na Abraham abɔ akɔkoraa, na wadi nna pii, na AWURADE ahyira no ade nyinaa mu. 2#Gye 47.29 Na Abraham ka kyerɛɛ ne fie asomfoɔ mu panin a ɔhwɛ deɛ ɔwɔ nyinaa soɔ sɛ: Fa wo nsa ka m’asene mu, 3#Gye 28.1; Eks 34.16 na mɛma woaka AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn ne asase Nyankopɔn, ntam sɛ worenware Kanaanfoɔ a mete wɔn mu yi mmammaa mu bi mma me ba. 4Na kɔ me kuro ne m’abusua mu kɔware yerɛ ma me ba Isak. 5Na ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Ebia ɔbaa no rempɛ sɛ ɔbɛdi m’akyiri aba asase yi soɔ; ɛnneɛ memfa wo ba no mensane menkɔ asase a wofiri so baeɛ no so anaa? 6Na Abraham ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ yie, na woamfa me ba ansane ankɔ hɔ bio. 7#Gye 12.1, 7 AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔfaa me firii m’agya fie ne asase a wɔwoo me wɔ soɔ no so, na ɔne me kasaeɛ, na ɔkaa ntam kyerɛɛ me sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi bɛma wɔn no, ɔbɛsoma ne bɔfoɔ adi w’anim, na woakɔware yerɛ afiri hɔ abrɛ me ba. 8Na sɛ ɔbaa no mpɛ sɛ ɔdi w’akyiri a, ɛnneɛ wo ho afi me ntam yi mu, nanso mfa me ba nsane nkɔ hɔ bio. 9Na ɔsomfoɔ no de ne nsa kaa ne wura Abraham asene mu, na ɔkaa no ntam wɔ asɛm no ho.
10 # Gye 11.31; 27.43 Na ɔsomfoɔ no faa ne wura yoma mu du, na ɔkɔe, na ɔkura ne wura nnepa ahodoɔ nyinaa bi. Na ɔsɔre sii mu kɔɔ Mesopotamia, Nahor kuro mu. 11Na ɔmaa ne yoma no butuu kuro no kurotia wɔ asubura bi ho anwummerɛ a mmaa bɛsa nsuo.
12Na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn, mesrɛ wo, ma no nsi me yie nnɛ, na yɛ me wura Abraham adɔeɛ. 13Hwɛ, meregyina asubura yi so ha; na kurom hɔfoɔ mmammaa bɛfiri abɛsa nsuo. 14Na ma no mmra sɛ ababaa a mɛse no sɛ: Soɛ w’ahina ma mennom nsuo no bi, na ɔbɛka sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no anom bie no, ma ɔno ara nyɛ deɛ woayi no ama w’akoa Isak, na ɛno mu na mɛhunu sɛ woayɛ me wura adɔeɛ.
15 # Gye 22.23 Na ɔnnya nwiee kasa no, hwɛ, Rebeka baeɛ a n’ahina si ne batiri so. Ɔyɛ Betuel a ɔyɛ Abraham ne nua Nahor yere Milka ba. 16Na ababaa no ho yɛ fɛ sɛ, ɔyɛ ɔbaabunu ɛfiri sɛ na ɔbarima biara nhunuu no da. Na ɔkɔɔ asubura no mu kɔhyɛɛ n’ahina ma, na ɔbae. 17Na ɔsomfoɔ no tuu mmirika kɔhyiaa no sɛ: Mesrɛ wo, ma mennom w’ahina yi mu nsuo kakra. 18Na ɔse: Me wura, nom bi! Na ɔyɛɛ ntɛm soɛɛ n’ahina no sii ne nsam maa no nomee. 19Na ɔmaa no nom wieeɛ no, ɔkaa sɛ: Mɛkɔ makɔsa bi mabrɛ wo yoma no nso akɔsi sɛ wɔbɛwie nom. 20Na ɔyɛɛ ntɛm kɔhwiee n’ahina mu nsuo no guu anomeeɛ hɔ, na ɔtutuu mmirika kɔɔ abura no mu bio kɔsaa nsuo, na ɔsa maa ne yoma no nyinaa. 21Na ɔbarima no hwɛɛ no ara, na ɔyɛɛ komm sɛ ɔbɛhunu sɛ AWURADE ama ne kwankorɔ no ayɛ dwoodwoo anaasɛ ɛnte saa. 22#Gye 24.47 Na yoma no wiee nsuo nom no, ɔbarima no yii sika hwenemkaa a ano si dwetɛbena fa ne nsa so nkapo mmienu a ano si sikabena du de hyɛɛ no. 23Na ɔbisaa no sɛ: Hwan ba ne wo? Mesrɛ wo, kyerɛ me! Yɛbɛnya daberɛ wɔ w’agya fie anaa? 24Na ɔbuaa no sɛ: M’agya ne Betuel a ɔyɛ Nahor ne Milka ba no. 25Na ɔtoaa so sɛ: Yɛwɔ ɛserɛ ne mmoa aduane pii ne deɛ mobɛda.
26Na ɔbarima no bɔɔ ne mu ase sɔree AWURADE. 27Na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn a wamma n’adɔeɛ ne ne nokorɛ ammɔ me wura. Na me nso, AWURADE akyerɛ me me wura nuanom fie kwan. 28Na ababaa no tuu mmirika kɔkaa saa nsɛm yi kyerɛɛ ne na fiefoɔ.
29Na Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban. Na Laban de mmirika firii adi kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ asubura no ho. 30Na ɔhunuu hwenemkaa ne ne nsa so nkapo no, na ɔtee ne nua Rebeka nsɛm no sɛ: Sɛdeɛ ɔbarima no kasa kyerɛɛ me nie no, ɔbaa ɔbarima no nkyɛn. Na hwɛ, na ɔgyina yoma no nkyɛn, asubura no ho. 31Na ɔkaa sɛ: Wo a AWURADE ahyira woɔ, bra, adɛn nti na wogyina kurotia? Na masiesie ɛdan mu, ne baabi nso mama yoma no. 32Na ɔbarima no kɔɔ fie, na ɔyii yoma no so nnoɔma maa no ɛserɛ ne aduane, na ɔmaa ɔno ne nnipa a wɔka ne ho no nsuo sɛ wɔnhohoro wɔn nan ase. 33Na wɔde aduane bɛsii n’anim sɛ ɔnni. Nanso ɔkaa sɛ: Merennidi gye sɛ mabɔ m’amanneɛ ansa. Na ɔse: Bɔ na yɛn ntie ɛ!
34Na ɔse: Abraham somfoɔ ne me. 35Na AWURADE ahyira me wura pii na wayɛ ɔkɛseɛ. Na wama no nnwan ne anantwie, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa, ne yoma ne mfunumu. 36Na me wura yere Sara awo ba wɔ ne mmerewaberɛ mu ama me wura, na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa ama no. 37Na me wura ama maka ntam sɛ: Nware Kanaanfoɔ a mete wɔn asase soɔ yi mmammaa mu bi mma me ba. 38Na mmom kɔ m’agya fie ne m’abusua mu kɔware yerɛ brɛ no. 39Na mebisaa me wura sɛ: Na sɛ ɔbaa no anni m’akyi ɛ? 40#Gye 17.1 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: AWURADE a menam n’anim no bɛsoma ne bɔfoɔ aka wo ho, na wama wo kwan so ayɛ dwoodwoo, na woakɔware yerɛ wɔ m’abusua mu ne m’agya fie abrɛ me ba; 41Ɛno na sɛ wokɔ m’abusua mu, na wɔamma wo bi a, ɛnneɛ na wo ho afi me ntam no mu. 42Na mebaa asubura no ho nnɛ kaa sɛ: AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ wo ara worema me kwan a meretuo yi ayɛ dwoodwoo a, 43hwɛ, megyina asubura yi ho, na ma no mmra sɛ ababaa a ɔbɛfiri abɛsa nsuo no, na mɛse no sɛ: Mesrɛ wo, ma me w’ahina yi mu nsuo kakra mennom, 44na ɔbɛka akyerɛ me sɛ: Nom, na menkɔsa bi memmrɛ wo yoma no nso no, ma ɔno ara nyɛ ɔbaa a AWURADE ayi no ama me wura ba. 45Na mennya menwiee m’akoma mu kasa no, hwɛ, Rebeka firii adi bae a ahina si ne mmatiri soɔ, na ɔkɔɔ abura no mu kɔsaa nsuo. Na mesee no sɛ: Mesrɛ wo, ma me bi mennom. 46Na ɔyɛɛ ntɛm soɛɛ n’ahina no kaa sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no nso bi anom. Na menomee, na ɔmaa yoma no nso bi nomee. 47#Gye 24.22 Na mebisaa no sɛ: Hwan ba ne wo? Na ɔse: M’agya ne Betuel a ɔyɛ Nahor ne Milka ba no. Na mede ɛhwenemkaa no mesɛnee ne hwenem, na mede nkapo no mehyehyɛɛ ne nsa, 48na mebɔɔ me mu ase mesɔree AWURADE, na mehyiraa AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn a ɔkyerɛɛ me nokorɛ kwan sɛ menkɔware me wura nua ba memma ne ba no. 49Na afei sɛ mo ara moreyɛ me wura adɔeɛ adi no nokorɛ a, monka nkyerɛ me; na sɛ ɛnte saa a, monka nkyerɛ me, na mennane memfa nifa anaa benkum.
50Ɛnna Laban ne Betuel buaa sɛ: AWURADE na asɛm yi firi no, yɛrentumi nka no papa anaa bɔne nkyerɛ wo. 51Hwɛ, Rebeka na ɔgyina w’anim yi, fa no kɔ ma no nkɔyɛ wo wura ba yere, sɛdeɛ AWURADE aka no. 52Na Abraham somfoɔ no tee wɔn nsɛm no, ɔkotoo fam sɔree AWURADE. 53Na ɔsomfoɔ no yii dwetɛ nnwinneɛ ne sika kɔkɔɔ nnwinneɛ ne ntadeɛ de maa Rebeka; na ɔde nnoɔma a ɛsom boɔ maa ne nuabarima ne ne na. 54Na ɔne nnipa a wɔka ne ho no didii na wɔnomeeɛ no, wɔdaa hɔ anadwo no. Na wɔsɔree anɔpa no, ɔkaa sɛ: Monnya me kwan, na menkɔ me wura nkyɛn. 55Na ne nua ne ne na kaa sɛ: Ma ababaa no ntena yɛn nkyɛn nna tiaa bi sɛ dadu ansa na woakɔ. 56Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsi me kwan, ɛfiri sɛ AWURADE ama m’akwantuo no asi me yie. Monnya me kwan mma menkɔ me wura nkyɛn. 57Na wɔse: Ma yɛmfrɛ ababaa no mmisa ɔno ara.
58Na wɔfrɛɛ Rebeka kyerɛɛ no sɛ: Wo ne ɔbarima yi bɛkɔ anaa? Na ɔse: Mɛkɔ. 59Na wɔgyaa wɔn nua Rebeka ne n’abaawa panin ne Abraham somfoɔ no ne ne nnipa no kwan. 60#Gye 22.17 Na wɔhyiraa Rebeka see no sɛ:
Yɛn nuabaa, dane
mpem du ahodoɔ mpem mpem,
na w’asefoɔ mfa
wɔn atamfoɔ apono nni.
61Na Rebeka ne ne mmaawa sɔree, na wɔtenatenaa yoma so dii ɔbarima no akyi, na ɔsomfoɔ no de Rebeka sii mu kɔe.
62 # Gye 16.14; 25.11 Na Isak firi Lahai-roi abura ho bae, ɛfiri sɛ na ɔte Negeb asase no so. 63Na Isak firii adi kɔɔ wiram anwummerɛ kɔdwennwenee ne nsɛm ho. Na ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, yoma reba. 64Na Rebeka maa n’ani so, na ɔhunuu Isak no, ɔfirii yoma no so sii fam. 65Na ɔka kyerɛɛ ɔsomfoɔ no sɛ: Ɔbarima bɛn na ɔnam wira mu rebɛhyia yɛn yi? Na ɔsomfoɔ no se: Ɛyɛ me wura. Na ɔfaa ne nkatanimu de kataa n’anim. 66Na ɔsomfoɔ no kaa deɛ ɔyɛeɛ no nyinaa kyerɛɛ Isak. 67#Gye 23.2 Na Isak de no kɔɔ ne na Sara ntomadan mu, na ɔwaree Rebeka, na ɔyɛɛ no ɛyerɛ, na ɔdɔ no. Na Isak werɛ kyekyeree, ne na wuo no akyi.

Currently Selected:

Gyenesis 24: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in