YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 7

7
1 # Eks 4.16 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, madane wo Onyankopɔn ama Farao, na wo nua Aaron bɛyɛ wo diyifoɔ. 2Wo deɛ, wobɛka deɛ mehyɛ woɔ nyinaa, na wo nua Aaron bɛka akyerɛ Farao sɛ ɔmma Israelfoɔ mfiri n’asase so nkɔ. 3#Eks 4.21 Na me deɛ, mɛpirim Farao akoma, na mama me nsɛnkyerɛnneɛ ne m’anwanwadeɛ adɔɔso Misraim asase so. 4Nanso Farao rentie mo; na mede me nsa bɛto Misraim so, na mayi m’asafo, me man Israelfoɔ no, afiri Misraim asase so wɔ atemmuo akɛseɛ mu. 5#Eks 8.18; 9.14, 29 Na sɛ metene me nsa wɔ Misraim so na meyi Israelfoɔ firi wɔn mu a, na Misraimfoɔ bɛhunu sɛ mene AWURADE. 6Na Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ wɔn no, saa ara na wɔyɛeɛ.
7Berɛ a wɔne Farao kɔkasaeɛ no, na Mose adi mfirinhyia aduɔwɔtwe, na Aaron nso adi mfirinhyia aduɔwɔtwe mmiɛnsa.
Aaron poma no
8Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 9#Eks 4.3 Sɛ Farao ka kyerɛ mo sɛ monyɛ anwanwadeɛ bi a, ɛnneɛ ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma no to fam wɔ Farao anim, na ɛbɛdane ɔwɔ. 10Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ wɔn no; na Aaron de ne poma no too fam wɔ Farao ne ne nkoa anim, na ɛdanee ɔwɔ.
11 # Eks 7.22; 8.7, 18-19; 2 Ti 3.8 Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafoɔ ne ntafowayifoɔ bae. Na Misraim akɔmfoɔ no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara. 12Na wɔn nyinaa de wɔn mpoma totoo fam, na ɛdanedanee awɔ, nanso Aaron poma no memenee wɔn mpoma no. 13#Eks 4.21 Na Farao akoma pirimii ara, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.
Ɔhaw ahodoɔ ba Misraim
14Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Farao akoma yɛ den, ɔmpene sɛ ɔman no bɛkorɔ. 15Kɔ Farao nkyɛn anɔpa; berɛ a ɔrefiri adi akɔ Asuo Nil ano; na kɔgyina asubɔnten no ano hyia no, na fa wo poma a ɛdanee ɔwɔ no kura. 16#Eks 5.1 Ka kyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn, na wasoma me wo nkyɛn sɛ: Ma me man nkɔ nkɔsom me ɛserɛ so, na hwɛ, wontiee de abɛduru sɛsɛɛ. 17#Eks 4.9 Sɛ AWURADE seɛ nie: Yei na wode bɛhunu sɛ mene AWURADE: Hwɛ, mede poma a mekura yi merebɔ nsuo a ɛwɔ Nil mu, na ɛbɛdane mogya. 18Na mpataa a ɛwɔ asuo no mu bɛwuwu, na nsuo no bɛbɔn na Misraimfoɔ bɛkyiri sɛ wɔbɛnom asuo no mu nsuo.
19 # Adi 11.6 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma, na tene wo nsa wɔ Misraim nsuo so, wɔn nsubɔntene, wɔn asuasu ne wɔn ntareɛ ne wɔn nsuo a ɛtaataa hɔ nyinaa so, na ɛnnanedane mogya; na mogya bɛba Misraim asase nyinaa so, nnua ne aboɔ nsuhina mu. 20Na Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ wɔn no; na Aaron maa poma no so, na ɔde bɔɔ nsuo a ɛwɔ asubɔntene no mu wɔ Farao ne ne nkoa anim; na nsuo a ɛwɔ asuo no mu nyinaa danee mogya. 21Na mpataa a ɛwɔ asuo no mu wuwui, na asuo no bɔnee, na Misraimfoɔ antumi annom asuo no mu nsuo, na mogya kataa Misraim asase nyinaa so. 22#Eks 7.11 Na Misraim akɔmfoɔ de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara. Na Farao akoma pirimii ara, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no. 23Na Farao danee ne ho kɔɔ ne fie, na wamfa yei nso anto n’akomam. 24Na Misraimfoɔ nyinaa tutuu asuo no ho mmura sɛ wɔrepɛ nsuo anom, ɛfiri sɛ na wɔntumi nnom asubɔntene no mu nsuo. 25Na nnanson a AWURADE danee asuo no bɛtwaa mu.

Currently Selected:

Eksodɔs 7: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in