1
Eksodɔs 7:1
Twerɛ Kronkron
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, madane wo Onyankopɔn ama Farao, na wo nua Aaron bɛyɛ wo diyifoɔ.
Compare
Explore Eksodɔs 7:1
2
Eksodɔs 7:3-4
Na me deɛ, mɛpirim Farao akoma, na mama me nsɛnkyerɛnneɛ ne m’anwanwadeɛ adɔɔso Misraim asase so. Nanso Farao rentie mo; na mede me nsa bɛto Misraim so, na mayi m’asafo, me man Israelfoɔ no, afiri Misraim asase so wɔ atemmuo akɛseɛ mu.
Explore Eksodɔs 7:3-4
3
Eksodɔs 7:5
Na sɛ metene me nsa wɔ Misraim so na meyi Israelfoɔ firi wɔn mu a, na Misraimfoɔ bɛhunu sɛ mene AWURADE.
Explore Eksodɔs 7:5
4
Eksodɔs 7:11-12
Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafoɔ ne ntafowayifoɔ bae. Na Misraim akɔmfoɔ no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara. Na wɔn nyinaa de wɔn mpoma totoo fam, na ɛdanedanee awɔ, nanso Aaron poma no memenee wɔn mpoma no.
Explore Eksodɔs 7:11-12
5
Eksodɔs 7:17
Sɛ AWURADE seɛ nie: Yei na wode bɛhunu sɛ mene AWURADE: Hwɛ, mede poma a mekura yi merebɔ nsuo a ɛwɔ Nil mu, na ɛbɛdane mogya.
Explore Eksodɔs 7:17
6
Eksodɔs 7:9-10
Sɛ Farao ka kyerɛ mo sɛ monyɛ anwanwadeɛ bi a, ɛnneɛ ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma no to fam wɔ Farao anim, na ɛbɛdane ɔwɔ. Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ wɔn no; na Aaron de ne poma no too fam wɔ Farao ne ne nkoa anim, na ɛdanee ɔwɔ.
Explore Eksodɔs 7:9-10
Home
Bible
Plans
Videos