1
Eksodɔs 8:18-19
Twerɛ Kronkron
Na akɔmfoɔ no de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara sɛ wɔrema edwie aba, nanso wɔantumi. Na edwie no baa nnipa ne mmoa so. Ɛnna akɔmfoɔ no ka kyerɛɛ Farao sɛ: Nyankopɔn nsateaa nie. Na Farao akoma pirimii ara na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.
Compare
Explore Eksodɔs 8:18-19
2
Eksodɔs 8:1
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ma me man no nkɔ nkɔsom me.
Explore Eksodɔs 8:1
3
Eksodɔs 8:15
Na Farao hunuu sɛ wanya ahotɔ no, ɔpirim n’akoma, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.
Explore Eksodɔs 8:15
4
Eksodɔs 8:2
Na sɛ woampene amma wɔankɔ a, hwɛ, mede mponkyerɛne bɛha w’asase nyinaa.
Explore Eksodɔs 8:2
5
Eksodɔs 8:16
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Tene wo poma no bɔ asase so mfuturo na ɛnnane edwie wɔ Misraim asase nyinaa so.
Explore Eksodɔs 8:16
6
Eksodɔs 8:24
Na AWURADE yɛɛ saa. Na nwansena a wɔdɔɔso pii baa Farao fie ne ne nkoa afie ne Misraim asase nyinaa so. Na anwansena no nti asase no so sɛee.
Explore Eksodɔs 8:24
Home
Bible
Plans
Videos