YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 4

4
Onyankopɔn maa Mose tumi sononko
1Na Mose buaa AWURADE sɛ: Na sɛ wɔannye me anni, na wɔantie me nne, na wɔka sɛ: AWURADE nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo ɛ! 2Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na ɛwɔ wo nsam yi? 3#Eks 7.10 Na ɔse: Poma. Na ɔse: To twene fam! Na ɔto twenee fam, na ɛdanee ɔwɔ. Na Mose dwane firii ho. 4Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tene wo nsa sɔ ne dua mu. Na ɔtenee ne nsa kyeree no, na ɛdanee poma wɔ ne nsam. 5Deɛ ɛbɛyɛ na wɔagye adi sɛ AWURADE, wɔn nananom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na ayi ne ho akyerɛ wo ne no.
6Na AWURADE ka kyerɛɛ no bio sɛ: Fa wo nsa hyɛ wo kokom! Na ɔde ne nsa hyɛɛ ne kokom, na ɔyii, na hwɛ, na ɛho agu kwata fitaa sɛ sukyerɛmma. 7Na ɔse: Fa wo nsa sane hyɛ wo kokom! Na ɔsane de ne nsa hyɛɛ ne kokom, na ɔyi firii ne kokom no, na adane sɛ ne honam ara. 8Na sɛ wɔannye wo anni na wɔammu kane nsɛnkyerɛnneɛ no a, wɔbɛgye deɛ ɛtɔ so mmienu no adi. 9#Eks 7.17 Na sɛ wɔannye nsɛnkyerɛnneɛ mmienu yi anni na wɔantie wo nne a, ɛnneɛ kɔsa Asubɔntene Nil mu nsuo kɔhwie gu asase pɛsɛɛ so. Na nsuo a wosaa no asuo no mu no bɛdane mogya wɔ asase pɛsɛɛ no so.
10 # Eks 3.11; 6.12, 30 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Me deɛ, ɛde bɛsi nnɛ anaa ɛfiri berɛ a wo ne w’akoa kasaeɛ yi, m’ano nte; me kasa yɛ nyaa, na me tɛkyerɛma yɛ duru. 11#Dwom 94.9 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Hwan na ɔyɛɛ onipa ano? Anaasɛ hwan na ɔyɛ emum anaa ɔsotifoɔ, ɔdehunufoɔ anaa onifirani? Ɛnyɛ me AWURADE ara? 12#Mat 10.19 Na afei kɔ, na me ara mɛdi w’ano akyi na makyerɛ wo deɛ ka. 13Na Mose kaa sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Soma obi foforɔ biara a wopɛ.
14Ɛnna AWURADE bo fuu Mose, na ɔse: Adɛn mennim sɛ Aaron wo nua Lewini no, nim kasa? Na hwɛ, wafiri adi rebɛhyia wo, na sɛ ɔhu wo a, n’akoma bɛtɔ ne yam. 15Na kasa kyerɛ no, na fa nsɛm no hyɛ n’anomu; na me deɛ, mɛdi w’ano ne n’ano akyi, na makyerɛ mo deɛ monyɛ. 16#Eks 7.1-2 Na ɔbɛyɛ wo kyeame ama ɔman no, na ɔbɛdane w’ano, na woayɛ sɛ Onyankopɔn ama no. 17Na poma yi a wode bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ no, fa kura.
Mose sane kɔ Misraim
18 # Eks 3.1 Na Mose sane kɔɔ n’ase Yetro nkyɛn, na ɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma mensane menkɔ me nuanom a wɔwɔ Misraim no nkyɛn menkɔhwɛ sɛ wɔda so tete ase anaa. Na Yetro ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa asomdwoeɛ kɔ. 19#Mat 2.20 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose wɔ Midian sɛ: Sane kɔ Misraim, ɛfiri sɛ nnipa a na wɔrehwehwɛ wo aku woɔ no nyinaa awuwu. 20#Eks 18.3-4 Na Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenatenaa mfunumu so, na ɔsane baa Misraim asase so. Na Mose faa Nyankopɔn poma no kurae.
21 # Eks 7.3, 13; 8.15, 19, 32; 9.12, 35; 10.1, 20, 27; 11.10; 14.4, 17 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ wosane kɔ Misraim a, hwɛ na yɛ anwanwadeɛ a mede mahyɛ wo nsa no nyinaa Farao anim; na me deɛ, mɛpirim n’akoma, na ɔremma ɔman no nkɔ. 22#Yer 31.9; Hos 11.1 Na ka kyerɛ Farao sɛ: Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: M’abakan ne Israel. 23#Eks 11.5; 12.29 Na mese wo sɛ: Ma me ba nkɔ nkɔsom me. Na sɛ woampene amma no ankɔ a, hwɛ, me deɛ, mɛkum w’abakan.
24 # Gye 17.14 Na AWURADE bɛtoaa no ɔkwan so asoɛeɛ bi pɛɛ sɛ ɔku no. 25#Yos 5.2 Ɛnna Sipora faa twerɛboɔ de twaa ne ba no twetia, na ɔto twenee ne nan ase kaa sɛ: Woyɛ mogya ayeforɔkunu ma me! 26Ɛnna ɔgyaa no. Ɛno na twetiatwa no nti Sipora kaa sɛ: Mogya ayeforɔkunu ne wo.
27Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Kɔ ɛserɛ so kɔhyia Mose. Na ɔkɔ kɔtoo no wɔ Nyankopɔn bepɔ no ho, na ɔfee n’ano. 28Na Mose kaa AWURADE nsɛm a ɔde asoma no no nyinaa ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔde ahyɛ ne nsa no nyinaa kyerɛɛ Aaron. 29Na Mose ne Aaron kɔ kɔboaboaa Israelfoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ano. 30Na Aaron kaa nsɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa kyerɛɛ wɔn, na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ no wɔ ɔman no anim.
31 # Eks 3.16 Na ɔman no gye dii. Na wɔtee sɛ AWURADE abɛhwɛ Israelfoɔ na wahunu wɔn amanehunu no, wɔbɔɔ wɔn mu ase sɔree.

Currently Selected:

Eksodɔs 4: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in