YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 19

19
Ɔman no duru Sinai
1Da a Israelfoɔ sii mu firii Misraim asase soɔ no, ne bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa so pɛpɛɛpɛ na wɔduruu Sinai serɛ so. 2Na wɔtu firii Refidim no, wɔbaa Sinai serɛ so bɛkyeree nsraban; na Israel kyeree nsraban Sinai bepɔ no anim hɔ.
3Na Mose foro kɔɔ Nyankopɔn nkyɛn, na AWURADE firi bepɔ no so frɛɛ no sɛ: Sɛdeɛ ka kyerɛ Yakob fie, na ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: 4#Deut 32.11 Mo ara moahunu deɛ meyɛɛ Misraim no ne sɛdeɛ mesoaa mo akɔdeɛ ntaban soɔ, na mede mo aba me nkyɛn yi. 5#Deut 7.6 Na afei sɛ mobɛtie me nne na moadi m’apam so a, ɛnneɛ, mobɛyɛ m’agyapadeɛ a ɛsom boɔ afiri aman nyinaa mu, na me na asase nyinaa wɔ me. 6#1 Pe 2.9; Adi 1.6; Lew 19.2; Tito 2.4; Adi 5.10 Na mo deɛ, mobɛyɛ me asɔfoɔ ahemman ne ɔman kronkron. Yeinom ne nsɛm a ka kyerɛ Israelfoɔ no. 7Na Mose ba bɛfrɛɛ ɔman no mpanimfoɔ, na ɔde nsɛm a AWURADE de hyɛɛ no yi nyinaa too wɔn anim.
8Na ɔman mu no nyinaa buaa prɛko sɛ: Deɛ AWURADE aka nyinaa, yɛbɛyɛ. Na Mose sane kɔkaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE. 9Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, me deɛ, mereba wo nkyɛn mununkum tumm mu, na sɛ me ne wo kasa a, ɔman no ate, na wo nso wɔagye wo adi akɔsi daa. Na Mose kaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE.
10Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ ɔman no nkyɛn na dwira wɔn ho nnɛ ne ɔkyena, na ma wɔnsi wɔn ntadeɛ; 11na wɔnsiesie wɔn ho nsie da a ɛtɔ so mmiɛnsa no; na saa da no, AWURADE bɛsiane ɔman no nyinaa anim aba bepɔ Sinai so.
12 # Eks 34.3 Na bɔ ɔman no ho hyeban, na ka sɛ: Monhwɛ yie na moamforo bepɔ no anaasɛ moanka ne hyeɛ. Obiara a ɔbɛka bepɔ no no, wuo na ɔbɛwuo; 13#Heb 12.18-20 nsa biara nnka no, aboɔ na wɔnsi no anaasɛ agyan na wɔntoto no; aboa oo, onipa oo, ɔrennya nkwa: Sɛ wɔhyɛne totorobɛnto no twe mu a, wɔmforo bepɔ no. 14Na Mose siane firii bepɔ no so baa ɔman no nkyɛn, na ɔdwiraa ɔman no ho, na wɔsii wɔn ntadeɛ. 15#1 Ko 7.5 Na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monsiesie mo ho nsie da a ɛtɔ so mmiɛnsa no. Monnkɔ mo yerenom ho.
16 # Heb 12.21 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anɔpa no, aprannaa ne anyinam ne mununkum duruduro ne totorobɛnto nne a ɛyɛ den yie baa bepɔ no so. Na ɔman a wɔwɔ nsraban no mu nyinaa ho popoe. 17Na Mose de ɔman no firii adi firii nsraban no mu kɔhyiaa Onyankopɔn, na wɔkɔgyinagyinaa bepɔ no ase. 18Na wisie kataa Sinai bepɔ no so nyinaa, ɛfiri sɛ na AWURADE nam ogya mu asiane aba so, na ne wisie no tu kɔɔ soro sɛ fononoo mu wisie, na bepɔ no nyinaa wosoo biribiri. 19#Aso 7.38 Na totorobɛnto no nne kɔɔ so na ano yɛɛ den ara no, Mose kasae, na Onyankopɔn de nne kɛseɛ gyee so. 20Na AWURADE siane baa Sinai bepɔ so wɔ n’atifi; na AWURADE frɛɛ Mose kɔɔ bepɔ no atifi, na Mose foro kɔe. 21Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Siane kɔbɔ ɔman no kɔkɔ, na wɔantra hyeban no amma AWURADE nkyɛn ammɛhwɛ, na wɔn mu pii antotɔ. 22Na asɔfoɔ nso a wɔbɛn AWURADE no nnwira wɔn ho, na AWURADE anto anhyɛ wɔn so. 23Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Ɔman no rentumi mforo mma Sinai bepɔ so, ɛfiri sɛ wo ara woabɔ yɛn kɔkɔ aka sɛ: Bɔ bepɔ no ho hyeban na yɛ no kronkron. 24Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Siane kɔ, na wo ne Aaron mforo mmra; na mma asɔfoɔ no ne ɔman no ntra hyeban no mmforo mmma AWURADE nkyɛn, na wanto anhyɛ wɔn so. 25Na Mose siane baa ɔman no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn.

Currently Selected:

Eksodɔs 19: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in