YouVersion Logo
Search Icon

Eksodɔs 20

20
Mmara Nsɛm Du no
(Deuteronomium 5.1-21)
1 # Deut 5.6-21 Na Onyankopɔn kaa nsɛm yi nyinaa sɛ: 2Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so nkoafie mu no.
3 # Deut 6.4-5; 1 Ko 8.6 Nnya anyame foforɔ nka me ho.
4 # Lew 26.1; Deut 27.15; Dwom 97.7; Yes 40.18-26; Rom 1.23 Nyɛ ohoni biara anaa adeɛ a ɛwɔ wiem wɔ soro anaa deɛ ɛwɔ asase soɔ wɔ fam anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu wɔ asase ase nsɛsoɔ biara mfa; nkoto wɔn, na nsom wɔn. 5#Eks 34.7; Yer 31.29-30; Hes 18.2-3, 20 Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ, 6na meyɛ mpempem a wɔdɔ me na wɔdi me mmara nsɛm soɔ adɔeɛ.
7 # Lew 24.16 Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ.
8 # Eks 16.25; Hes 20.12; Mar 2.27-28; Kol 2.16-17 Kae homeda, na yɛ no kronkron. 9Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w’adeɛ nyinaa; 10na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn; nyɛ adwuma biara, wo ne wo babanin ne wo babaa, w’akoa ne w’afenaa ne wo mmoa ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo fie apono mu. 11#Gye 2.2-3 Na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, na ɔhomee da a ɛtɔ so nson no; enti na AWURADE hyiraa homeda, na ɔyɛɛ no kronkron.
12 # Mat 15.4; Efe 6.2-3 Di wo na ne w’agya ni, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.
13 # Eks 21.12; Gye 9.5-6; Yak 2.11 Nni awu.
14 # Lew 20.10; Efe 3.3-5 Nsɛe awadeɛ.
15 # Lew 19.11; Efe 4.28 Mmɔ korɔno.
16 # Eks 23.1; Efe 4.25 Nni wo yɔnko ho adansekurumu.
17Mma w’ani mmmere wo yɔnko fie. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere anaa n’akoa anaa n’afenaa anaa ne nantwie anaa n’afunumu anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.
Ɔman no suro
(Deuteronomium 5.22-33)
18Na ɔman no nyinaa hunuu aprannaa ne anyinam a ɛpapaeɛ ne totorobɛnto nne ne bepɔ a ɛfiri wisie no. Na ɔman no hunuiɛ no, wɔn ho popoe, na wɔkɔgyinaa akyirikyiri. 19Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo na wo ne yɛn nkasa, na yɛbɛtie; na mma Onyankopɔn ne yɛn nnkasa, na yɛanwuwu.
20Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro, na Onyankopɔn rebɛsɔ mo ahwɛ, na ne ho hu atena mo ani so, na moanyɛ bɔne. 21#Heb 12.18 Na ɔman no gyinaa akyirikyiri, na Mose twe pinii esum kabii a Onyankopɔn wɔ mu no.
Afɔremmukyea ho mmara
22Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ ka kyerɛ Israelfoɔ nie: Mo ara moahunu sɛ mefiri ɔsoro na me ne mo akasa. 23Monnyɛ me so dwetɛ anyame anaa sika anyame biara mmfa.
24 # Eks 27.1, 8; 29.42-43; Deut 12.5 Dɔteɛ afɔrebukyia na yɛ ma me, na ɛso na fa wo nnwan ne w’anantwie bɔ ɔhyeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na baabiara a mɛma wɔakae me din no, mɛba wɔn nkyɛn mabɛhyira wɔn. 25#Deut 27.5; Yos 8.31 Na sɛ worebɛyɛ aboɔ afɔrebukyia ama me a, mfa aboɔ a wɔatwa nsi; na sɛ woma w’adwinneɛ so bɔ so a, woagu ho fi. 26Na mforo atwedeɛ nkɔ m’afɔrebukyia so, na w’adagya anna adi wɔ so.

Currently Selected:

Eksodɔs 20: ASWDC

Highlight

Share

Copy

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in