1
Luka 3:21-22
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na ɛbae sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei, na Honhom Kronkron sianee honam tebea mu te sɛ aborɔnoma baa no so, na ɛnne bi fi soro kae sɛ: Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani.
താരതമ്യം
Luka 3:21-22 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
2
Luka 3:16
Yohane ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Me de, mede nsu mebɔ mo asu; na nea ne ho yɛ den sen me reba a mensɛ sɛ mesan ne mpaboa hama. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu.
Luka 3:16 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
3
Luka 3:8
Na afei monsow aba a ɛfata adwensakra, na mummfi ase nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mise mo sɛ, Onyankopɔn betumi anyan mma afi abo yi mu ama Abraham.
Luka 3:8 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
4
Luka 3:9
Nanso wɔde abonnua no ato nnua no ntini ho dedaw sɛ dua biara a ɛnsow aba pa no, wobetwa ato ogya mu.
Luka 3:9 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
5
Luka 3:4-6
sɛnea wɔakyerɛw odiyifo Yesaia nsɛm nhoma no mu sɛ: Obi nne teɛm sare so sɛ: Munsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn nteɛ! Wɔbɛhyɛ abon nyinaa ma, na wɔabrɛ mmepɔw ne nkoko nyinaa ase; na nea akyea no bɛteɛ, na akwan abonkyiabonkyi ayɛ toromtorom. Na ɔhonam nyinaa behu Nyankopɔn nkwagye.
Luka 3:4-6 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
ആദ്യത്തെ സ്ക്രീൻ
വേദപുസ്തകം
പദ്ധതികൾ
വീഡിയോകൾ