1
Yohane 6:35
Twerɛ Kronkron
Na Yesu see wɔn sɛ: Mene nkwa paanoo no; deɛ ɔba me nkyɛn no, ɛkɔm renne no da, na deɛ ɔgye me die no, osukɔm renne no da.
താരതമ്യം
Yohane 6:35 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
2
Yohane 6:63
Honhom ne deɛ ɛma nkwa, ɔhonam deɛ, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa.
Yohane 6:63 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
3
Yohane 6:27
Monnyɛ aduane a ɛsɛeɛ ho adwuma, na mmom aduane a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Nyankopɔn asɔ no ano.
Yohane 6:27 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
4
Yohane 6:40
Na yei ne m’Agya no apɛdeɛ, sɛ obiara a ɔhunu Ɔba no na ɔgye no die no nnya daa nkwa; na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.
Yohane 6:40 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
5
Yohane 6:29
Yesu bua see wɔn sɛ: Yei ne Nyankopɔn adwuma, sɛ mobɛgye deɛ ɔsomaa no no adie.
Yohane 6:29 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
6
Yohane 6:37
Wɔn a Agya no de wɔn ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na deɛ ɔba me nkyɛn no, merento no ntwene da
Yohane 6:37 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
7
Yohane 6:68
Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkorɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm
Yohane 6:68 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
8
Yohane 6:51
Mene paanoo a nkwa wɔ mu a mesiane mefirii soro mebaeɛ no; sɛ obi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa no ne me honam.
Yohane 6:51 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
9
Yohane 6:44
Obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no; na me deɛ, mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.
Yohane 6:44 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
10
Yohane 6:33
Na Nyankopɔn paanoo ne deɛ ɔsiane firi soro ba na ɔma wiase nkwa no.
Yohane 6:33 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
11
Yohane 6:48
Mene nkwa paanoo no.
Yohane 6:48 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
12
Yohane 6:11-12
Na Yesu faa paanoo no ne mpataa no, na ɔdaa ase no, ɔkyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no; dodoɔ biara wɔhia. Na wɔmeemeeɛ no, ɔsee n’asuafoɔ no sɛ: Mommoaboa mporoporowa a aka no ano, na ebi anyera.
Yohane 6:11-12 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
13
Yohane 6:19-20
Na wɔharee bɛyɛ akwansin mmiɛnsa anaa nnan no, wɔhunuu Yesu sɛ ɔnam po no soɔ, na ɔretwe pini kodoɔ no; na wɔsuroeɛ. Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛyɛ me, monnsuro!
Yohane 6:19-20 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
ഭവനം
വേദപുസ്തകം
പദ്ധതികൾ
വീഡിയോകൾ