1
Yohane 6:35
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Yesu kae se, “Mene brodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no, ɔkɔm anaa osukɔm renne no da.
Mampitaha
Mikaroka Yohane 6:35
2
Yohane 6:63
Onyankopɔn honhom na ɛma nkwa. Onipa ntumi mma nkwa. Nsɛm a maka akyerɛ mo yi yɛ honhom na nkwa wɔ mu
Mikaroka Yohane 6:63
3
Yohane 6:27
Monnsɛe mo bere nyinaa mpere nhwehwɛ aduan a etumi sɛe no akyi kwan, na mmom mompere nhwehwɛ aduan a ɛtena hɔ daa a ɛma nkwa a enni awiei a Onipa Ba no de bɛma mo no akyi kwan. Efisɛ eyi nti na mʼAgya somaa me.”
Mikaroka Yohane 6:27
4
Yohane 6:40
MʼAgya apɛde ne sɛ obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no benya nkwa a enni awiei, na da a edi akyiri no manyan no ama no nkwa foforo.”
Mikaroka Yohane 6:40
5
Yohane 6:29
Yesu buaa wɔn se, “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ, munnye nea wasoma no no nni.”
Mikaroka Yohane 6:29
6
Yohane 6:37
Obiara a mʼAgya de no ama me no bɛba me nkyɛn, na obiara a ɔbɛba me nkyɛn nso no, merempam no.
Mikaroka Yohane 6:37
7
Yohane 6:68
Simon Petro buaa no se, “Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ nsɛm a ɛwɔ nkwa a enni awiei.
Mikaroka Yohane 6:68
8
Yohane 6:51
Mene brodo a efi ɔsoro no; sɛ obi di saa brodo yi a ɔbɛtena ase daa. Brodo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no ne me honam a mede ma, sɛnea ɛbɛyɛ na wiase benya nkwa.”
Mikaroka Yohane 6:51
9
Yohane 6:44
Mommma ɛnyɛ mo nwonwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a obetumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a edi akyiri no, menyan no.
Mikaroka Yohane 6:44
10
Yohane 6:33
Saa aduan a efi Onyankopɔn nkyɛn no ne onipa a ofi ɔsoro ba asase so na ɔde nkwa brɛ wiase no.”
Mikaroka Yohane 6:33
11
Yohane 6:48
Mene brodo a ɛma nkwa no.
Mikaroka Yohane 6:48
12
Yohane 6:11-12
Yesu faa brodo no bɔɔ mpae na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa kwan koro no ara so kyɛɛ kyenam no nso maa wɔn. Wodidi mee akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mommoaboa aduan a aka no ano na bi ansɛe.”
Mikaroka Yohane 6:11-12
13
Yohane 6:19-20
Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansin abiɛsa anaa anan no, wohuu sɛ obi nam po no so reba; eyi maa ehu kaa wɔn kosii sɛ, Yesu kae se, “Ɛyɛ me, Munnsuro!”
Mikaroka Yohane 6:19-20
Fidirana
Baiboly
Planina
Horonan-tsary