Gyenesis 6

6
Nnipa nnebɔne
1 # Hiob 1.6; 2.1 Na nnipa fii ase redɔɔso wɔ asase so na wɔwoo mmabea maa wɔn no, 2#Mat 24.28 Onyankopɔn mma huu nnipa mmabea sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ. 3#1 Pe 3.20 Na AWURADE kae sɛ: Me honhom rentena onipa mu nkosi daa, efisɛ wɔyɛ ɔhonam, enti wɔn nna nyɛ mfe ɔha aduonu. 4#Num 13.33 Nna no mu na abran akɛse wɔ asase so, na akyiri yi nso a Onyankopɔn mma kɔɔ nnipa mmabea ho na wɔwoo mma maa wɔn no, eyinom ne abirempɔn a wɔwɔ din fi tete. 5#Gye 8.21 Na AWURADE hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa. 6#Yer 18.10; Deut 23.19; Nnw 18.26 Na AWURADE nuu ne ho sɛ, ɔyɛɛ onipa wɔ asase so, na ɛyɛɛ no yaw ne komam. 7Na AWURADE kae sɛ: Mɛpopa nnipa a mabɔ wɔn no mafi asase ani, efi onipa so kosi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne wim nnomaa so, efisɛ manu me ho sɛ meyɛɛ wɔn. 8Na Noa de, onyaa ɔdom wɔ AWURADE anim.
Noa adaka no
9 # Heb 11.7; Gye 5.22, 24 Eyi ne Noa ho asɛm: Noa yɛ onipa trenee a ɔyɛ pɛ, wɔ ne bere so nnipa mu. Noa ne Onyankopɔn na ɛnantewee. 10Na Noa woo mmabanin baasa, Sem, Ham ne Yafet. 11Na asase asɛe wɔ Onyankopɔn anim, na awurukasɛm ahyɛ asase so ma. 12#Nnw 14.2-3 Na Onyankopɔn huu asase, na hwɛ, asɛe, efisɛ nnipa nyinaa asɛe wɔn akwan wɔ asase so. 13#Amos 8.2 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: Abɔde nyinaa awiei aba wɔ m'anim, efisɛ wɔn awurukasɛm ahyɛ asase so ma, na hwɛ, mɛsɛe wɔn ne asase.
14Fa ɔwawa yɛ adaka, na yɛ mpia wɔ adaka no mu, na fa ama tare emu ne ɛho. 15Na sɛnea yɛ no ni: Ne ntwemu basafa ɔha aduonum, ne trɛw basafa aduonum anum, ne korɔn basafa dunum. 16Yɛ adaka no ho mfɛnsere, enkosi sɛ aka basafa biako na adu soro, na si adaka no ano pon ne nkyɛn mu, na yɛ nsɛmso abiɛsa, nea edi ase, nea edi ntam ne nea edi soro. 17Na hwɛ, mede nsuyiri mɛba asase so mabɛsɛe abɔde a nkwa home wɔ mu nyinaa ɔsoro ase; asase so ade nyinaa rebewuwu. 18Na me ne wo bɛpam ato hɔ, na woakɔ adaka no mu, wo, ne wo mma, ne wo yere, ne wo mma yerenom. 19Na fa ade a ɛte ase nyinaa, ɔhonam nyinaa mu abien abien, onini ne ɔbere, kɔ adaka no mu, na wonnya nkwa nka wo ho. 20Nnomaa, sɛnea wɔn su te, ne ntɔteboa, sɛnea wɔn su te, ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa, sɛnea wɔn su te, wɔn nyinaa mu abien abien mmra wo nkyɛn, na wɔanya nkwa. 21Na wo de, boaboa aduan a wodi nyinaa bi ano kɔ mu, na ayɛ wo ne wɔn aduan. 22Na Noa yɛɛ sa; sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no no nyinaa pɛpɛɛpɛ, saa ara na ɔyɛe.

선택된 구절:

Gyenesis 6: ATWDB

하이라이트

공유

복사

None

모든 기기에 하이라이트를 저장하고 싶으신가요? 회원가입 혹은 로그인하세요