1
Gyenesis 26:3
New Revised Asante Twi Bible
Tena asase yi so sɛ ɔhɔhoɔ, na mɛdi w’akyi na mahyira wo, ɛfiri sɛ wo ne w’asefoɔ na mede nsase yi nyinaa bɛma mo, na mɛma ntam a mekaa w’agya Abraham no agyina.
比較
Gyenesis 26:3で検索
2
Gyenesis 26:4-5
Na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsase yi nyinaa bɛma w’asefoɔ, na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa, ɛfiri sɛ Abraham tiee me nne, na ɔdii me nsiesieeɛ, me mmara nsɛm, m’ahyɛdeɛ ne me mmara so.
Gyenesis 26:4-5で検索
3
Gyenesis 26:22
Na wɔfirii hɔ kɔtuu abura foforɔ, na ɛno deɛ, wɔampere, enti ɔtoo no din Rehobot, na ɔkaa sɛ: Afei deɛ AWURADE ama yɛn mu atrɛ, na yɛadɔre wɔ asase yi so.
Gyenesis 26:22で検索
4
Gyenesis 26:2
Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no sɛ: Nsiane nkɔ Misraim, tena asase a mɛkyerɛ woɔ yi so.
Gyenesis 26:2で検索
5
Gyenesis 26:25
Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE, na ɔsii ne ntomadan wɔ hɔ. Na Isak nkoa tuu asubura wɔ hɔ.
Gyenesis 26:25で検索
ホーム
聖書
読書プラン
ビデオ