1
Gyenesis 27:28-29
New Revised Asante Twi Bible
Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosuo ne asase mu sradeɛ bi, ne aburoo ne nsa pii. Aman nsom wo, na nkurɔfoɔ nkoto wo. Yɛ wo nuanom so wura, na wo na mma nkoto wo. Wɔadome wɔn a wɔdome woɔ, na wɔahyira wɔn a wɔhyira woɔ.
比較
Gyenesis 27:28-29で検索
2
Gyenesis 27:36
Na ɔse: Ne din nne Yakob anaa? Mprenu ni na watwintwane m’anan mu. Wafa me panin, na hwɛ, afei nso wagye me nhyira. Na ɔse: Woamfa nhyira bi ansie me?
Gyenesis 27:36で検索
3
Gyenesis 27:39-40
Na n’agya Isak bua see no sɛ: Hwɛ, asase a sradeɛ nni mu ne deɛ ɔsoro bosuo ngu soɔ so na wobɛtena. Wo nkrantɛ so na wonam bɛtena aseɛ, na wobɛsom wo nua. Nanso ɛbɛba sɛ wobɔ mmɔden kentene wo ho a, wobɛyi ne kɔnnua afiri wo kɔn so.
Gyenesis 27:39-40で検索
4
Gyenesis 27:38
Na Esau ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya, nhyira baako pɛ na wowɔ? Hyira me nso, m’agya. Na Esau maa ne nne so sui.
Gyenesis 27:38で検索
ホーム
聖書
読書プラン
ビデオ