1
Gyenesis 25:23
New Revised Asante Twi Bible
Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Aman mmienu na ɛwɔ wo yam, na nkurɔfoɔ ahodoɔ mmienu na ɛbɛtete wɔn ho mu afiri wo yafunu mu. Na ɔman no baako bɛdi baako so, na ɔpanin no bɛsom akumaa no.
比較
Gyenesis 25:23で検索
2
Gyenesis 25:30
Na Esau ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Ma me adeɛ kɔkɔɔ yi bi menni ɛ, na mabrɛ. (Enti wɔde too no din Edom)
Gyenesis 25:30で検索
3
Gyenesis 25:21
Na Isak srɛɛ AWURADE maa ne yere, ɛfiri sɛ na ɔyɛ obonini. Na AWURADE tiee n’adesrɛ no, na ne yere Rebeka nyinsɛnee.
Gyenesis 25:21で検索
4
Gyenesis 25:32-33
Na Esau kaa sɛ: Hwɛ, wuo na merebɛwuo yi, na ɔpanin yi bɛyɛ me deɛn? Na Yakob kaa sɛ: Ka ntam kyerɛ me nnɛ. Na ɔkaa ntam kyerɛɛ no tɔn ne panin maa Yakob.
Gyenesis 25:32-33で検索
5
Gyenesis 25:26
Na ɛno akyiri no, ne nua no firi bae, na ne nsa kura Esau nantin, enti wɔtoo no din Yakob. Na wɔwoo wɔn no, na Isak adi mfeɛ aduosia.
Gyenesis 25:26で検索
6
Gyenesis 25:28
Na Isak dɔ Esau, ɛfiri sɛ na ne hanam yɛ no dɛ; na Rebeka deɛ, ɔdɔ Yakob.
Gyenesis 25:28で検索
ホーム
聖書
読書プラン
ビデオ