1
Yohane 15:5
KYERƐW KRONKRON
Mene bobe no, mone abaa no. Nea ɔtena me mu na me nso metena no mu no, ɔno ara na ɔsow aba pii; na mokwati me a, muntumi nyɛ hwee.
Bandingkan
Telusuri Yohane 15:5
2
Yohane 15:4
Montena me mu, na me nso mentena mo mu. Sɛnea baa ntumi mfi n’ankasa mu nsow aba gye sɛ ɛtena obobe no mu no, saa ara nso na muntumi, gye sɛ motena me mu.
Telusuri Yohane 15:4
3
Yohane 15:7
Sɛ motena me mu na me nsɛm tena mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ ama mo.
Telusuri Yohane 15:7
4
Yohane 15:16
Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ na monkɔsow aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo.
Telusuri Yohane 15:16
5
Yohane 15:13
Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: Sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.
Telusuri Yohane 15:13
6
Yohane 15:2
Me ho baa biara a ɛnsow aba no, oyi; na ebiara a ɛsow aba no, oyiyi ho, na asow aba bebree.
Telusuri Yohane 15:2
7
Yohane 15:12
Eyi ne m’ahyɛde, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no.
Telusuri Yohane 15:12
8
Yohane 15:8
Eyi mu na wɔahyɛ m’Agya anuonyam, sɛ mosow aba pii; ɛno na mobɛyɛ me asuafo.
Telusuri Yohane 15:8
9
Yohane 15:1
Mene nokware bobe no, na m’Agya ne okuafo no.
Telusuri Yohane 15:1
10
Yohane 15:6
Sɛ obi antena me mu a, wɔtow no kyene sɛ baa, na ewu; na wɔboaboa ano de kogu gya mu, na ɛhyew.
Telusuri Yohane 15:6
11
Yohane 15:11
Maka eyinom nyinaa makyerɛ mo, na m’anigye atena mo mu, na mo anigye awie pɛyɛ.
Telusuri Yohane 15:11
12
Yohane 15:10
Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛnea madi m’Agya ahyɛde so na mete ne dɔ mu no.
Telusuri Yohane 15:10
13
Yohane 15:17
Eyi na mehyɛ mo, sɛ monnodɔ mo ho.
Telusuri Yohane 15:17
14
Yohane 15:19
Sɛ mufi wiase a, anka wiase bɛdɔ n’ankasa ne de; na sɛ mumfi wiase na mayi mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo.
Telusuri Yohane 15:19
Beranda
Alkitab
Rencana
Video